AK/Prabhupada 0007 - Krishna bɛhwɛ wo so



Lecture on SB 1.5.22 -- Vrndavana, August 3, 1974

Brahmānanda: Brāhmaṇa nni ho kwan sɛ ɔyɛ adwuma biara.

Prabhupāda: Daabi. ɔkɔm bekum no mpo a. ɔnnye adwuma biara. ɛno ne brāhmaṇa. Kṣatriya ɛne vaiśya nso saa ara. śūdra pɛ. vaiśya bɛhwehwɛ adwuma bi aye. ɔbɛhweheɛ adwuma bi. Meka wo nokware asem bi. Tete no owura bi tenaa ase wɔ kurow Calcutta mu, ɔkɔ srɛɛ ne yɔnko bi sɛ "ma me sika na menfa nhyɛ m'adwuma ase". Enti obisaa no se, " Woyɛ vaiśya? Oguadini? "Yiw". "Oh, ɛna wobebisa me sika yi? Sika nnyɛ na wo lɔɔre kwan so. Kɔ na kɔ hwe hwɛ". Enti obuaa no se " Minhu". "Wunhu? Aden?" "Hwe, akura na w'awu da hɔ no." "Wo sika no nen". Hwɛ.

Saa bere yi na mmoa yare asi wɔ Calcutta man mu. Enti, aban no hyɛɛ mmara ketee se akura funu abien biara a wɔde bɛba aban asoɛe no, wotua ho ka annas abien. Enti, ɔsesaw nkura a awuwu yi bi dekɔɔ aban asoɛe. Wotuaa no anna abien. Enti ɔde sika yi tɔɔ betel nkate a aporɔw, ɛna ɔhohoroo ho kɔtɔn no annas anan anaa anum. Saara, nkakra nkakra owura yi benyaa sika bebree. N'abusuafo no mu biako yɛ yɛn asoreba. Nandi abusua no. Saa Nandi abusua yi, ɛde besi nnɛ dayi wɔhwɛ nipa dɔm ahanan kɔ aha anum a wɔma wɔn aduan di dabiara. Abusua kɛse a asikafo ne nimdefo ahyɛ mu ma. Abusua yi mu mmara ne sɛ wɔwo abɔfra biara to abusua no mu a, wɔde rupee mpem anum to sika korabea wɔ ne din mu. Sɛ abɔfra yi nyin na ɔso aware a, saa rupee mpem anum yi ɛne ne ɛho nsiho no nyinaa yɛ no de. Annyɛ saa de a, onni kyɛfa biara wɔ abusua no dwetɛ no mu. Ebio, obiara a ɔdom abusua yi didi babiara san wɔ baabi da. dabiara Eyi ne wɔn....Nanso nea mepɛ m'akyerɛ ne sɛ abusua no ti, Nandi, ɔde akura ana okisi funu na efii n'adwuma ase.

Nokware turodoo, sɛ obi pɛ sɛ onya ne fawohodi edi ne ho so a... M'ahu bi wɔ Culcutta. Vaiśya ahiafo po, anopa wɔfa ḍāl kakra, ḍāl, kotoku baako dekɔ akyin kɔtɔn. ḍāl nso tɔ koraa.Wodi wɔ baabiara. Enti anopa ɔkɔtɔn ḍāl, na anwumere nso watɔn kerosene. Anwumere nso de ɛnso tɔ. Obiara hia bi. Bɛpem nnɛ da yi , wɔ India man mu, wɔ... Obiara nhwehwɛ adwuma. Kakra biara a ɔbɛtɔn ne nkate bi anya no. ɔye biribi. Kṛṣṇa na ɔhwye obiara so. ɛyɛ mfomso sɛ yɛdwene sɛ "Osimasi yi na ɔhwe me so." Daabi. Kyerew Kronkron Śāstra kyerɛ yɛn sɛ, eko yo bahūnāṁ vidadhāti kāmān. Yɛwɔ awerɛhyɛmu wɔ Kṛṣṇa mu sɛ, Kṛṣṇa ama me nkwa, Kṛṣṇa na ɔde me aba ha. Enti ɔbɛ hwɛ me. Enti ma mennyɛ meso ne me de, ma mennyɛ biribi, Sɛ meyɛ saa a Kṛṣṇa bɛhwɛ me so.