AK/Prabhupada 0010 - Nnyɛ w'adwene sɛ wo resuasua Krishna



Lecture on SB 7.9.9 -- Mayapur, February 16, 1976

Kṛṣṇa...saa yerenom mpem dunsia yi, ɔkwan bɛn so na wɔfae bɛyɛɛ yerenom? Mo nim saa asɛm yi, sɛ mmabaa mpem dunnsia a wɔn ho yɛ fɛ yiye, mekyerɛ sɛ, ahenfo mma mmea na ɔbonsam asura bi kyekyeree wɔn de wɔ sie. Saa bonsam yi wɔfrɛ no dɛn mpo? Bhaumāsura, daabi? Yiw. Enti wɔbɔɔ mpae srɛɛ Kṛṣṇa se "yɛre ho amane, obonsam daadaafo yi akyere yɛn, yɛsrɛ wo, begye yɛn." Enti Kṛṣṇa ba begyee wɔn, ɛna wokum Bhaumāsura ma mmabaa yi nyinaa nyaa wɔn fawohodi. Nanso, fawohodi yi akyi, na wɔdaso gyina hɔ. Enti Kṛṣṇa bisaa wo se, "mprenpren yi de mobetumi akɔ moagya fi." Wo buae se "W'abɔyɛn ko, enti yɛrentumi nware". Besi saa bere yi wo India man mu, saa mmara yi wɔ hɔ. Sɛ, ababaa anda nefi da koro ana nnanu a, obiara rennware no. Obiara renfa no se ɔyere Wɔfa no sɛ w'asɛe ɛda so te saa wo India amamere mu. Enti wɔkyere wɔn nna ana mfe bebree, Enti wosu frɛɛ Kṛṣṇa se "yɛn agyanom rennye yɛn, saara obiara nni hɔ a ɔbɛware yɛn." ɛna Kṛṣṇa tee wɔn ase se " wɔn ho akyere wɔn. W'agyaa wɔn de nanso wɔrentumi nkɔ babiara". ɛna Kṛṣṇa...ɔye ahummɔbɔ, bhakta-vatsala. Obisaa won, " den na mopɛ?" Sɛ... Wɔbuaa se" Ware me. Annye sa a yenni baabi te. ɛhɔ ara na Kṛṣṇa penee so maa won: "Yiw, mommra". Kṛṣṇa ni. ɛnnyɛ sɛ yerenom mpem dunsia yi nyinaa ɔboaa wɔano wɔ fakoro. ɛho ara osii ahenfie mpem dunsia. Esane sɛ w'aware nti ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne yere no, sɛ ne yere, ɛnyɛ sɛ " wonni baabi te ana biribi di enti na w'aba sɛ mennye wɔn. Sɛ ɛte biara no metumi ahwɛ wɔn ɔkwan biara so".Daabi. Obu kwan so, sɛ Kṛṣṇa yere. Bio, Osusuwii sɛ "Saa yerenom mpem dunsia yi... Sɛ menko sɛ megyina ha yi obaakofo yi, meyerenom entumi ne me nhyia. ɛse sɛ wɔn mu biara twɛn nnafua mpem dunsia akyi ansa w'ahyia ne kunu. Daabi". ɔkyɛɛ ne mu Kṛṣṇa mpem dunsia. Kṛṣṇa ni. Ndadaafo no, wo susuw sɛ Kṛṣṇa yɛ aguaman. ɔnte sɛ wo. ɔyere biako po ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ no, nanso ɔwaree yerenom mpem dunsia hwɛɛ wɔn nyinaa so wɔ ahenfie mpem dunsia mu Ebio, ɔkyɛɛ ne mu mpem dunsia. Obiara ani gyee. Kṛṣṇa ni. ɛsɛ sɛ yɛ te Kṛṣṇa ase. ɛnnyɛ w'adwene sɛ wobe suesua Kṛṣṇa. Nea edi kan bɔ mmɔden te Kṛṣṇa ase.