AK/Prabhupada 0023 - Som Krishna ansa na owu aba



Sri Isopanisad Invocation Lecture -- Los Angeles, April 28, 1970

W'aka wɔ ha se ewiase wɔ ne mmere, na Awurade tumi na ɔde ahyehyɛ saa bere yi. Ewiase so paa. ɛnte hɔ afebɔɔ. Ɛte sɛ honam dua yi. Biribiara gyina honam dua yi so. Ɛys ewiase mmara. Atom, yɛ ade ketewa, ɔtatea ketekete, ɔno nso wɔ nkwa a egyina ne honam dua so. Wo nso wo nkwa gyina wo honam dua so. Saa ara na ewiase kokroo yi, ebia ebedi mfe ɔpepepem ne akyi, nanso, ɛrentena afebɔɔ. Asɛm yi yɛ nokware. Esiane ne kɛse nti, ebedi mfe opepepem ne akyi, nanso ɛwɔ awiei. Eyi ne ewiase mmara no. Na sɛ bere no so a, ewiase yi bɛsɛe. Eyi yɛ Awurade, agya a odi mu no ne nhyehyɛe. Sɛ wo bere so a, wonnya bere no bi nka ho. Daabi. Obiara ntumi nsesa saa nhyehyɛe yi. Nhyehyɛe yi di mu pepepe. Worentumi nka sɛ "ma me ntena ha." Esi daa. Bere a mewɔ Allahabad wɔ India man mu no yɛn yɔnko biako me yɔnko sikani bi. Na ɔbewu. Enti obisaa odunsifo (Dokita) no se, " So worentumi mfa mfe anan bi nka me ho? Mewɔ dwuma bi a menwiei." W'ahu. Āśā-pāśa-śatair baddhāḥ. Eyi yɛ abusu sɛm. Obiara dwene sa "Oh, ɛsɛ sɛ me yɛ ade yi. Ɛsɛ sɛ meyɛ eyi." Daabi. Doktafo anaa doktafo no agyanom ana n'agya, obiara entumi nsesa nhyehyɛe yi. "Oh, daabi. Mfe anan, daabi. Sima anan mpo daabi. Ɛsɛsɛ wokɔ mprenpren yi ara. Eyi ne mmara no. Enti ɛsɛ sɛ nnipa ka wɔn ho hwehwɛ Kṛṣṇa akyi kwan ansa na bere no aso. Tūrṇam yateta. Tūrṇam ase kyerɛ sɛ ntɛntɛm, ntɛm p ara hwehwɛ Kṛṣṇa akyi kwan. Anu...Ebio, ansana owu bɛba, owu bɛba no, ɛsɛ s wowie w'adwuma. Eyi ne nimdeɛ. Anyɛ saa de a nkuguo. Me da mo ase.