AK/Prabhupada 0026 - Wodi kan de wo kɔ Krishna atenae



Morning Walk -- October 5, 1975, Mauritius

Indian ni: Swamijī, W'aka se nea wo yɛ biara no .....yɛn awo egyina nea y'ayɛ so. Enti sɛ y'ayɛ bɔne bi a Awurade mmara no kyerɛ sɛ wɔbe gyina yɛn bɔne a y'ayɛ no so awo yɛn.

Prabhupāda: Ɛsɛ sɛ wɔwo wo. Eyi yɛ nokwae. Wo ntumi nkwati. Nanso wo karma (nnwuma) na ɛbɛkyerɛ w'wo.

Indian ni: Nanso....Eyi kyerɛ sɛ nea wodua no ɛno na wo betwa. Yiw ana? Ento wosusuw sɛ...

Prabhupāda: Fa no sɛ w'ataade yi atetew a, ɛsɛsɛ wotɔ ataade foforo. Ataade a ɛsɛsɛ wotɔ no ebegyina ɛbo a wobetwa no so. Se wonya ɛbo pa a, wobenya ataade pa. Sɛ wonni sika a, wonnya ataade pa. Ɛno ara nen.

Indian ni: Nea mepɛ m'akyerɛ ne sɛ, Swamijī, sa bonsam gya no nso ɛwo wiase anaa? Hefa na wosusuw sɛ yebetua yɛn ka? Yɛn bone, bɔne a yɛayɛ no ho ka no. Hefa na wo susuw sɛ yebetua no? Wɔ ɔbonsam gya mu, a enni...

Prabhupāda: Ɔbonsam gyam hɔ ne beae a wobɔne no so akatua.

Indian ni: Enti ɛwɔ asase yi so.

Prabhupāda: Adɛn nti na asase yi so?

Indian ni: Wɔ asase yi mu, daabi?

Prabhupāda: Daabi. Ebe tumi aba no sɛ...

India ni: Ewiase foforo bi so?

Prabhupāda: akwansin ɔpepepem ne akyi koraa.

Indian ni: Na enni...Ɔbonsam gya no nko na ɛwo ewiase biako bi so? enni baabi foforo bi? Wo dwene ho dɛn Swamijī?

Prabhupāda: Yiw. Yiw. Ewiase ahorow wɔ hɔ

Indian ni: Nipa dɔm no ara na wo hu amane wɔ wiase yi mu.

Prabhupāda:Enti nea edi kan wɔsua saa amanehunu asase no so asetena ansa na w'aba ha abehu amane saara.

Indian ni: Sɛ ɔkra no fi honam dua yi mu a, ɔkɔ bonsam gya mu anaa?

Prabhupāda: Amanehunu ewiase.

Indian ni:...ewiase ana wɔwo no prɛkopɛ owu akyi?

Prabhupāda: Yiw. Abɔnefo de, wɔnwo wɔn prɛkopɛ. Wodi kan kyerɛ wɔn wɔ amanehunu ewiase no mu, sɛnea wɔ bɛ brɛ, ewiase yi mu sɛnea wobehu amanehunu asetena yi ansa na w'awo wɔn, na wɔabɛbrɛ. Ɛte sɛ nea w'atwa I.A.S. Na w'abɛyɛ ɔtenbuafo abadiakyiri no. Wo sua ade. Na afei w'abɛyɛ ɔtenbuafo. Sɛ mpo wo fata sɛ wokɔ ɔsoro ahenman mu po a, edu kan no wo kɔ.... ewiase baabi a Kṛṣṇa wɔmprenpren yi, na asetena no akokwa wo. Na afei, wokɔ ahenman ankasa Vṛndāvana hɔ.

Indian ni: Enti yɛn wu akyi...

Prabhupāda: Nea Awurade ahyhyɛ biara no edi mu. Pūrṇam. Pūrṇam adaḥ pūrṇam idaṁ pūrṇāt pūrṇam.. (Īśopaniṣad, mfitiase asɛm). Nea Awurade abɔ no, edi mu.