AK/Prabhupada 0031 - Monfa me nsɛm ne me ntetewee mmɔ mo bra



Room Conversation 1 -- November 10, 1977, Vrndavana

Prabhupāda: Nneɛma abien: nkwa ana owu. Enti sɛ me wu a, mfonso bɛen na ɛwɔ hɔ? Ɛna sɛ swu mpo a, ɛdahɔ ma obiara.

Jayapatāka: Wo Śrīla Prabhupāda de, sɛ wote ase ana w'awu mpo ɛnsonsonoe biara ennim efisɛ w'atrae enni asase yi so Nanso yɛn de, sɛ wo wu a, y'ahwere ade kɛse. Enti yɛn fa mu de, ɛyɛ ɔhaw kɛse.

Prabhupāda: Mo de, mo nfa me nsɛm ne me ntetewee a mede ama mo no mmɔ mo bra. Mm.