AK/Prabhupada 0039 - Mprenpren akandifo te sɛ ade a mmɔfra de di agoru



Lecture on SB 1.10.3-4 -- Tehran, March 13, 1975

Enti Ɔhene bi te sɛ Yudhiṣṭhira, obetumi adi asase so, po so ɛne ewiase nyinaa so. Eyi yɛ papa. (kenkan) "abaefo Enyresi mmara a ɛfa abakan adedi ho no, bere a na Mahārāja Yudhiṣṭhira edi ade ewiase nyinaa no na mmara yi wɔ hɔ. Eyi kyerɛ sɛ, ewiase nyinaa a ɛpo ka ho. (kenkan) "Saa bere no na Hastināpura fo hene (mprenpren Hastināpura ka New Delhi ho). edi hene wɔ ewiase nyinaa, a ɛpo nyinaa ka ho. eyi toaa so kɔpem Mahārāja Parīkṣit, Mahārāja Yudhiṣṭhira ne nana bere so. Na ne nuanom nkumaafo yɛ asoafo ɛne atitiriw fo wɔ ɔman no mu. nkabom a na ɛwɔ ohene yi nua mmarima yi ntam no yɛ soronko. Na Mahārāja Yudhiṣṭhira yɛ ɔhene ana Awurade Śrī Kṛṣṇa...ne nsiananmu. Ɛsɛsɛ ɔhene yɛ Kṛṣṇa nsianan mu. "...sɛ ɛbɛyɛ a obe di ne man so asase yi so sɛnea ɔhene Indra edi hene wɔ ɔsoro no. Anyame te sɛ Indra, Candra, Varuṇa, Vāyu, ne wɔn a ɛkeka ho no yɛ ahemfo wɔ ɔsoro nkuro ahorow no bi so. Saa ara na Mahārāja Yudhiṣṭhira nso na ɔyɛ wɔn mu baako, a odi hene wɔ asase yi so. Mahārāja Yudhiṣṭhira yɛ onimdefo mapa Mahārāja Yudhiṣṭhira nyaa nkyerɛkyerɛ fii Awurade Bhīṣmadeva nso hɔ. Enti na ɔwɔ nimdeɛ wɔ biribiara mu. Nnɛmafo aman mpanyin te sɛ abaduaba no efisɛ wonni tumi. mpo se ɔwɔ nimdeɛ test Mahārāja Yudhiṣṭhira a ɔno nko entumi mfa ne pɛ nnyɛ hwee. Enti, ntɔkwaw asisi wo wiase ama bebree so. esiane amanyɔ ahorow ɛne pɛsɛmenkominya suban enti. Nanso Mahārāja Yudhiṣṭhira de na onni ɔnoara ne nsusuwi ɛfa amanyɔ ho. Odii Awurade ɛne ne nsiananmu anamɔn so. ɛne onuonyamfo Bhīṣmadeva hɔ. W'aka wɔ kyerɛw kronkron śāstra mu se ɛsɛ sɛ onipa hwɛ onuonyamfo bi abrobɔ so de bɔ no de. ɛne Awurade a nfomso enni ne ho na ɔnnyɛ pɛsɛmenko menya Eyi nti Mahārāja Yudhiṣṭhiradii ewiase ne ɛpo nyinaa so. esiane sɛ n'amanyɔ no nfomso enni ho, na baabiara wɔde bu man ma ɔɛɔ yie Sɛ yɛbedi anyonyamfo a nfomso enni wɔn ho so a ewiase nyinaa betumi anya omanpanyin baako pɛ. Onipa a nfomso wɔ ne ho no entumi ɛnnyɛ amanyɔ sɛm ho mmara ɛmma obiara. Gye sɛ nea ɔyɛ treene ni. Ɔno na obetumi ayɛ mmara a wobedi so ewiase nyinaa Ɛyɛ onipa no na obu man no, ennyɛe aban no. Sɛ onipa no ye trenee ni a, aban no bedi muu Sɛ onipa yɛ kwasea a , aban no nso beye sa ara. Ewi yɛ anoode ho mmara. Y'ate aman mpanyinfo ne ahemfo ho nsɛm bebree Enti, ɛsɛsɛ ɔmanpanyin no wɔtetew no tesɛ Mahārāja Yudhiṣṭhira, ɛsɛ sɛ onya tumi a ɔde bebu man no. Sɛ ewiase aman nyinaa bɛbom anya oman panyin baako a ehia sɛ wɔbenya ohene kukudam bi te sɛ Mahārāja Yudhiṣṭhira. Saa bere na anigye wɔ wiase efisɛ na ahenfo bi te sɛ Mahārāja Yudhiṣṭhira na ebu ɔman no." Momma yenni Mahārāja Yudhiṣṭhira anamɔn so mfa nnyɛ nhwɛso mma afoforo. sɛnea nkan ahenni a wosi odiadefo hene no betumi ayɛ akyekye aman. W'ahyɛ mmara wɔ śāstra no mo, na odi so de a ɔbetumi ayɛ. Ɔwɔ tumi no. Esiane sɛ ɔyɛ ɔhene pa no nti, ɔyɛ Kṛṣṇa nsiananmu. enti, kāmaṁ vavarṣa parjanyaḥ (SB 1.10.4). Parjanyaḥ ase kyerɛ se osu retɔ enti nsu na ɛma ade nyinaa nkwa, nsu a ɛtɔ fi soro Eyi nti Kṛṣṇa aka wɔ Bhagavad-gītā mu se, annād bhavanti bhūtāni parjanyād anna-sambhavaḥ (BG 3.14). Sɛ wopɛ sɛ woma nipa ne mmoa nyinaa ani gye a... Mmoa nso wɔ hɔ. Wɔyɛ... Ɛnnɛ bere aman mpanyimfo asisifo yi, bere bi wɔ hɔ a wɔyɛ nhyehyɛe a ɛboa nipa nanso ɛmmoa mmoa. Adɛn? Adɛn nti na saa nyiyimu yi? Wɔn nso w'awo wɔn aba asase yi so. Wɔn nso wɔyɛ akra. Wɔyɛ mmoa de. Wonni nimdeɛ. Wɔwɔ nimdeɛ, nanso ɛntesɛ nipa nimdeɛ. So eyi ma ho kwan sɛ wobe kunkum wɔn anaa? Eye sɛ wɔyɛ saa? Ɛnyɛ ɛno nko, obi biara a ɔba ɔman no mu no ɛyɛ ɔhene no asodi sɛ ɔkora no. Adɛn na nyiyimu? Obiara hia asoɔe, "Owura, mepɛ baabi wɔ wo man yi mu asoɛ, "enti ɛsɛ sɛ wɔma no nea ehia nyinara. Adɛn? Daabi, daabi, wo ntumi mma. Wo yɛ Amerika ni. Yoyɛ India ni. Wo yɛ eyi"? Daabi. Ade bebree. Sɛ wodi nhehyɛe no so a, Vedic nhyehyɛe no a, ɔhene no bɛyɛ ɔman panyin papa. Na abɔde nso bedi aboa no. Enti w'aka se Mahārāja Yudhiṣṭhira bere so no, kāmaṁ vavarṣa parjanyaḥ sarva-kāma-dughā mahī (SB 1.10.4). Mahī, asase yi. Wobenya nea ehia wo nyinara afi asase yi mu. Enfi ewim na abɛtɔ asase yi so. Yiw, efi ewim na ɛtɔ se nsu. Nanso wonni saa nimdeɛ yi, sɛnea w'ahyehyɛ sɛ yebenya biribiara afi asase yi mu. Nneɛma bi sisi a ɛma nsu tɔ Na ama nnɔbae, ɛgude ne sika. Wonni ɔkwan a saa nneɛma yi fa so ba Enti sɛ ɔhene no yɛ Nyame suro ni a, abɔde nso boa no. Na sɛ ɔhene no nso Nyame nso a mmoa remma