AK/Prabhupada 0011 - Wo betumi asom Krishna wɔ w'adwene mu

Revision as of 15:39, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Lecture on BG 4.28 -- Bombay, April 17, 1974

Asem bi wo Bhakti-rasāmṛta-sindhu mu. ɛnnyɛ anansesɛm. Nokwasem. W'akyerɛw wo mu se, brāhmaṇa bi tenaa ase - na oye osuani turodoo -ɔpɛe sɛ ɔbɛ som Awurade yiye ɔkwan a wosom wɔ asore fie. Nanso, na onni sika. Da koro a na ɔte hɔ retie Bhāgavata no na ɔtee se wo betumi asom Kṛṣṇa w'adwene mu. Enti ɔtee saa asɛmyi no, ɔde ose yɛɛ ɔyɔ esiane sɛ w'adwene ho akyɛ. nea ɛbɛyɛ a wobesom Krisnha bere a wonni sika. Enti, ɔtee saa asem yi, sɛ wobetumi asom Kṛṣṇa wo adwene mu no, dabi ɔkoguaree wɔ asu Godāvarī mu, na owiei no ɔkɔtraa dua bi ase ɛna wɔ n'adwene mu no ofii ase sii siṁhāsana ahengua fefe bi a wode agude asiesie no, de Awurade asi ahengua yi so, na oreguare Awurade na ɔde Ganges, Yamunā, Godāvarī, Narmadā, Kāverī nsu na ɛreguare no. Na afei ɔresiesie Awurade ahyɛ no ataade fɛfɛ bi na ɔde nhwiren papa bi resom no. Afei, ɔde aduan a wɔfrɛ no paramānna, sweet rice sii gya so. Enti ɔpɛe sɛ ɔbɛsɔ aduan no hyew ahwɛ sɛ adɔ dodo anaa. Esiane se paramānna, edwo a na ɛyɛdɛ. Paramānna, wonni no ɔhyew. Enti ɔde ne nsatea kaa paramānna no na ɛhyew ne nsa. ɛho na ɔkae se ɛyɛ n'adwene mu na ɔsom esiane sɛ biribiara nni hɔ. n'adwen mu ara na na ode reye ne nyinaa. Enti, Nanso ohuu sɛ ampa ne nsa ahyehyew. Enti ne ho dwiriw no yiye. Saa bere yi, na Nārāyaṇa te n'ahenman Vaikuṇṭha mu a ɔweserew weserew wiserew n'ano. Lakṣmījī bisaa no sɛ, "adɛn nti na woreserew? M'akyidifo no mu biako resom me saa ɔkwan yi so. Enti, soma m'asomafo no bi na wɔnkoɔ fa no mmra Vaikuṇṭha mprenmpren yi ara. Eyi nti bhakti-yoga yɛ ade papa paa sɛ wonni sika a wodebɛsom mpo a, wobetumi asom wɔ w'adwene mu. ɛno nso ye adwuna.