AK/Prabhupada 0072 - Akoa asɛde ne sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase

Revision as of 15:48, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Lecture on CC Madhya-lila 20.108-109 -- New York, July 15, 1976

Enti obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ayɛ owura. Eyi nnyɛ adwuma. Wo behu wɔ saa nkyerɛkyerɛ yi mu sɛ, ekale īśvara kṛṣṇa āra saba bhṛtya (CC Adi 5.142). Kṛṣṇa nkutoo ne owura, obiara yɛ akoa. Eyi ne yɛn gyinabew. Nanso yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ owura. Yɛre pere ɔbra ho. Yɛre pere sɛ yɛbenya nea ɛnnyɛ yɛn de. Yenim saa asɛm yi, "pere nkwa, " "nea ɔwɔ ahoɔden no bɛtena." Enti eyi yɛ apereapere. Yɛnnyɛ owura, nanso yɛpɛ sɛ yɛyɛ owura. Wɔ māyāvāda akyerɛkyerɛ mu no, wɔnso woku wɔnho som dɛn nti? sɛ "Me ne Awurade bɛyɛ biako." Mfomso biako yi ara. Ɔnnyɛ Awurade, nanso ɔrepere sɛ ɔbɛyɛ Awurade. W'aku neho ayɛ nneɛma den de nanso, vairāgya,w'agyaa biribiara... Berebi wɔ hɔ a wogyae wiase akɔnɔde akyi di, kɔ kwae mu kɔ som. Adɛn nti? "Sɛ me me Awurade bɛyɛ biako." Mfomso biako no ara. Enti māyā ho yɛ den yiye, sɛ nipa atu mpɔn wɔ honhom mu nanso wɔ da so yɛ saa mfomso yi. Daabi. Enti Caitanya Mahāprabhu akyerɛ saa asɛm yi mu. Caitanya Mahāprabhu nkyerɛkyerɛ no ni. Kṛṣṇa se asɛm a etwa to, sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja.. (BG 18.66). Osi saa asɛm yi so; Ɔne Kṛṣṇa, abɔde nyinaa so tumfo no. Ɔsrɛ sɛ, "Wo ɔsesafo, gyaa biribiara. Gyaa wo ho ma Me. Na w'ani nnye." Eyi ne adekyerɛ a etwa to wɔ Bhagavad-gītā mu. Caitanya Mahāprabhu, ɔno ara ne Kṛṣṇa nanso, Ɔyɛ n'ade sɛ Kṛṣṇa osuani. Enti Ɔreka asɛm koro no ara. Kṛṣṇa se, "gyaa wo ho ma Me," ɛna Caitanya Mahāprabhu kae se, Abɔde biara yɛ Kṛṣṇa akoa." Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ogyaa ne ho ma no. Akoa asɛde ne sɛ ɔnegyaa ne ho ama ne wura, ɔne ne wura nnye akyinnye na, ɔnka nso se "Me ne wo yɛ pɛ." Eyi nyinaa yɛ adammɔ.

piśācī pāile yena mati-cchanna haya
māyā-grasta jīvera se dāsa upajaya

Akoa rentumi nnyɛ owura. Ɛnnyɛ yie. Nanso bere a yegye saa abrabɔ ho yem a ɛnteɛ yi gyina mu no, sɛ "mennyɛ owura; meyɛ akoa," er, "Mennyɛ akoa; meyɛ owura, "ɔbehu amane. māyā bɛma w'abrɛ. Daivī hy eṣā. Ɛte sɛ wɔn a wonni mmara so, ndabrabafo ne akorɔnfo, wonni aban mmara so. "Aban asɛm nfa me ho." Nanso eyi kyerɛ sɛ ɔde ne pɛ regye amanehunu ama ne ho. Ɛsɛ sɛ odi aba mmara so. Sɛ onni mmara no so a, wɔde no bɛto afiase wɔbɛhyɛ no wɔbɛ boro no, wɔbɛ twe n'aso, ɛsɛ sɛ ogye to mu: Yiw, yiw, megye to mu."

Enti eyi yɛ māyā. Daivī hy eṣā guṇamayi mama māyā duratyayā (BG 7.14). Yɛhyɛ māyā tumi ase. Prakṛteḥ kriyamāṇāni guṇaiḥ karmāṇi sarvaśaḥ (BG 3.27). Adɛn? Efisɛ y'agye ato yɛn ho so sɛ yɛyɛ owura. Akoa se ɔyɛ owura; enti ɛbehu amane. Na yegye to mu sɛ "Me nnyɛ owura; meyɛ akoa a," Na ɔbrɛ to atwa. Nkyerɛkyerɛmu yi nnyɛ den. Eyi yɛ mukti. Mukti kyerɛ sɛ gyinabea pa. Eyi yɛ mukti. Śrīmad-Bhāgavatam akyerɛ mukti ase, muktir hitvā anyathā rūpaṁ svarūpeṇa vyavasthitiḥ (SB 2.10.6). Mukti kyerɛ sɛ yebe gyae ntetekwaa sɛm di, anyathā. Ɔyɛ akoa, nanso osusuw sɛ ɔyɛ owura. Eyi yɛ anyatha, ɛbɔ anim. Enti ogyae saa adwenedwene a ɛbɔ anim yi, sɛ ɔyɛ owura no a, na ɔyɛ mukti; w'anya fawohodi amonom hɔ ara. Mukti nnye bere, ɛho nhia sɛ wobɛkɔ kwae tesɛ Himalaya mu akɔdwendwen amiamia wo hwene ne ade bebree. Nneɛma bebree nhia. Nea ehia ne sɛ wobɛte asɛm yi ase, sɛ, "Me yɛ Kṛṣṇa akoa" - w'anya fawohodi amonom hɔ ara. Eyi ne mukti nkyerɛkyerɛ a Śrīmad-Bhāgavatam de ama. Muktir hitvā anyathā rūpaṁ svarūpeṇa avasthitiḥ. Ɛte sɛ owudifo a ɔda afiase, Sɛ ɔbrɛ ne ho ase a "efi nnɛ rekɔ, medi mmara sɛm so. Medi aban mmara sɛm so," aban betumi agyaa no wɔ nsakrae yi nti. Enti yebetumi anya yɛn fawohodi afi ewiase afiase yi mu sɛ yegye Caitanya Mahāprabhu nkyerɛkyerɛ yi to mu a, jīvera svarūpa haya nitya kṛṣṇera dāsa (CC Madhya 20.108-109).