AK/Prabhupada 1057 - Bhagavad-gītā ne din biako ne Gitopanisad, eyi ne Vedic nkyerɛkyerɛ nyinaa ti

Revision as of 16:32, 20 October 2018 by Vanibot (talk | contribs) (Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


660219-20 - Lecture BG Introduction - New York

Prabhupāda: Me de obu ma me kyerɛkyerɛfo kunini a, ɔde nimdeɛ abue m'ani ayi me afi ndadaa ne esum mu Bere bɛn Śrīla Rūpa Gosvāmī Prabhupāda, a w'asi bea wɔ ewiase a ne botae ne sɛ wɔbɛ yɛ Awurade Canitanya n'apɛde? Daabɛn na ɔbɛma me atenae wɔ ne nan ase? Mede kotowsrɛ ne obu na mede ba m'ɔkyerɛkyerɛfo ne atuhuakyɛ som mu akunini nyinaa anan ase Mede obu de ma Vaiṣṇavafo nyinaa na me san de obu ma Gosvāmīfo baasia no. eyinom ne Śrīla Rūpa Gosvāmī, Śrīla Sanātana Gosvāmī, Raghunātha dāsa Gosvāmī, Jīva Gosvāmī ne wɔn a wɔkeka ho. Mede obu ne ahobrɛase kotow Śrī Advaita Ācārya Prabhu, Śrī Nityānanda Prabhu, Śrī Caitanya Mahāprabhu, ne N'asuafo a Śrīvāsa Ṭhākura na otua wɔn ano. Afei, mede ahobrɛase kotow Awurade Kṛṣṇa nan ase Śrīmatī Rādhārāṇī ne gopīfo nyinaa a Lalitā ne Viśākhā na wotua wɔn ano. Me wura Kṛṣṇa, ahummɔborɔ wura, Wone nnyanka nyinaa adamfo na wobɔɔ ade nyinaa Wo ne anantwi ahwɛfo no nyinaa wura and wone gopīfo no nyinaa dɔfo ne titiriw Rādhārāṇī Mede obu ma Rādhārāṇī, a ne honam te sɛ sika kɔkɔɔ a anan na ɔyɛ ɔhemmea wɔ Vṛndāvana Ɔhene Vṛṣabhānu babea, Wo na Kṛṣṇa wɔ ɔdɔ mapa de m wo. Mede obu ma Vaiṣṇava asomfo nyinaa Wɔn na wɔtumi yɛ obiara apɛde ma no na wɔwɔ ahummɔbɔ ma akra a w'ahwe ase nyinaa Mede obu ma Śrī Kṛṣṇa Caitanya, ne Prabhu Nityānanda, Śrī Advaita, Gadādhara, Śrīvāsa ne Lord Caitanya asuafo nyinaa Awurade, Awurade tumi, me srɛ sɛ wode me bɛyɛ w'adwuma. ɛyɛ me fɛre sɛ meyɛ ewiase adwuma nkutoo. Mesrɛ sɛ fa me yɛ W'adwuma Gītopaniṣad nnidanim a A.C. Bhaktivedanta Swami na w'akyerɛw, Śrīmad-Bhāgavatam, ne Easy Journey to Other Planets kyerɛwfo, Nea otua Back to Godhead ano, ne nea ɛkekaho. Bhagavad-gītā din biako nso ne Gītopaniṣad, eyi ne Veda nimdeɛ nyinaa ti na eyi ne Upaniṣad ahorow a ɛwɔ Veda nhoma no mu nyinaa kunini Bhagavad-gītā yi, ne nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ brɔfo kasa mu dɔɔso yiye. Eyi nti mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛde brɔfo kasa nkyerɛkyerɛ bɛsan aba?Ɔkwan a mefaso kyerɛ Bhagavad-gītā mu ni. Nea edi kan... Amerika ni awuraa a ne din de Owurayere Charlotte Le Blanc kanfo maa me sɛ menkyerɛw Bhagavad-gītā wɔ brɔfo kasa mu sɛnea obetumi akenkan. Nokware, wɔ Amerika mana mu no, nipa dodow no ara na w'akyerw Bhagavad-gītā wɔ brɔfo kasa mu nea m'ahu wɔ Amerika ne India aman mu no, emu biara enni hɔ a edi mu, Efisɛ, ne nyinaa mu no, akyerɛwfo no ama wɔn ara wɔn nkyerɛase. ɛwɔ Bhagavad-gītā ho a wɔn anka Bhagavad-gītā ne kra, sɛnea esi te no ho hwee. Bhagavad-gītā ne kra no w'ada no adi wɔ Bhagavad-gītā no ankasa mu. Sɛnea w'akyerɛ ase ni Sɛ yɛpɛ sɛ yɛnom aduru pɔtee bi a, ɛsɛ sɛ yedi akwankyerɛ a w'ada no adi wɔ aduru no ho no so pɛpɛɛpɛ Yentumi mfa yɛn ara yɛn akwankyerɛ ɛmfa aduru no sɛnea yɛpɛ biara ana sɛnea yɛn adamfo bi akyerɛ Na mmom ɛsɛ sɛ yedi asɛm a w'atintim wɔ aduru no tumpan no ho sɛnea odunsifo no akyerɛ no pɛpɛɛpɛ. Saa ara na Bhagavad-gītā yi nso ɛsɛsɛ yɛ yeso mu sɛnea nea ɔdaa no adi no akyerɛ no pɛpɛɛpɛ.