AK/Prabhupada 0001 - Bɔ asɛm no dawuro ma nipa mpemdu



Lecture on CC Adi-lila 1.13 -- Mayapur, April 6, 1975

Prabhupada: Caitanya Mahāprabhu ka kyerɛɛ ācārya fo no nyinaa se... Nityānanda Prabhu, Advaita Prabhu ɛne Śrīvāsādi-gaura-bhakta-vṛnda, won nyinaa redi Śrī Caitanya Mahāprabhu asɛm so Eyi nti mommɔ moho mmɔden na munni ācārya nhyehyɛe yi so.. Na mo bra asi mo yiye. Ebio, ɛnyɛ den koraa sɛ monso mo bɛyɛ ācārya. fo Nea edi kan ne sɛ, mobɛyɛ asomfo mapa ama mo ācārya, di n"asɛm so pɛpɛɛpɛ. bɔ bra a ɛbɛsɔ n'ani na afei bɔ Kṛṣṇa som no ho dawuru na da nkyerɛkyerɛ yi ho adanse. ɛno ara nen. ɛnnyɛ den koraa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ osetie ama i wo Sɔfo pɔn "Guru Mahārāja" na w'abɔ Kṛṣṇa som no ho dawuru ada no adi ama amansan nyinaa. Eyi yɛ Awurade Caitanya n'anum asɛm...

āmāra ajñāya guru hañā tāra' ei deśa
yāre dekha tāre kaha 'kṛṣṇa'-upadeśa
(CC Madhya 7.128)

"Sɛ wodi Me mmra sɛm so a, wo nso wo bɛyɛ guru anaa ɔsɔfo pɔn". Ebio, sɛ yedi ācārya nhyehyɛe yi so pɛpɛɛpɛ a, na sɛ yɛ bɔ yɛnho mmɔden sɛ yɛbɛbɔ Kṛṣṇa n'asɛm no ho dawuru a. Yāre dekha tāre kaha 'kṛṣṇa'-upadeśa (CC Madhya 7.128). Yɛwɔ kṛṣṇa-upadeśa mu ahorow abien. Upadeśa ase kyerɛ ne sɛ "ahyɛde ana n'anum asɛm". Ahyɛde a Kṛṣṇa ankasa de ama anaa asɛm a Kṛṣṇa ankasa aka , eyi nso yɛ 'kṛṣṇa'-upadeśa, ebio, ahyɛde anaa asɛm a yate afa Kṛṣṇa ne ho, ɛno nso yɛ 'kṛṣṇa'-upadeśa, Kṛṣṇasya upadeśa iti kṛṣṇa upadeśa. Samāsa, śāsti-tat-puruṣa-samāsa. Ebio, Kṛṣṇa viṣayā upadeśa, ɛno nso yɛ Kṛṣṇa upadeśa. Bāhu-vrīhi-samāsa. Sɛnea wokyerɛkyerɛ Sanskrit kasa ase ni Enti, Bhagavad-gītā. yɛ Kṛṣṇa ne upadeśa ɔno ankasa rekyerɛ akwan. Eyi nti obiara a ɔrebɔ kṛṣṇa-upadeśa ho dawuru no onsi asɛm a Kṛṣṇa aka no so na ɔnonso mmɛyɛ ācārya. Eyi nnyɛ den koraa. W'akyerɛ biribiara ase wɔ ha. ɛsɛ yɛn sɛ yesi asɛm biribiara so tesɛ akoo. Mpo, ɛntesɛ akoo pɛpɛɛpɛ. Akoo nni ntease biara; nea ɔyɛ ne sɛ obesi nea w'ate noso. Nanso, ɛsɛ wo sɛ wote nkyerɛkyerɛ no nso ase.yiye Annyɛ saa a ɛbɛyɛ dɛn na w'akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo? Enti, yɛn botae ne sɛ yɛbɛ da Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ yi adi akyerɛ amansan nyinaa Ne tiawa ne sɛ wobɛyɛ krado ahwehwɛ akwan a wobɛfa so ada Kṛṣṇa n'asɛm yi adi abɔ ho dawuru korakora a wonsesa biribiara. Eyi, fa no sɛ daakye bi na w'anya mpem du. Yɛbɛ terɛw mu de akɔ mpem ɔha. Eyi ho hia. Na afei, y'afi mpem ɔha de akɔ ɔpepem. Na afei y'afi ɔpepem akɔ ɔpepem du.

Asuafo nkoara: Haribol! Jaya!

Prabhupada: Enti ācārya bɛdɔɔso abu so. ācārya ho rennyɛ na koraa. Na amansan nyinaa benya ntease de ama Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ korakora Enti monnyɛ saa ahoboaboa ne nhyehyɛe yi Monhwɛ yie na moannyi ahantan suban adi. Munni ācārya n'asɛm no so na mommɔ ɔbra kronkron a edi mu Saa na yebetumi adi ɔbonsam so nkunim. Yiw. Ācārya ko tia ɔbonsam nnwuma.