AK/Prabhupada 0021 - Nea enti a awaregyae dɔɔso wɔ mo kurow yi mu



Lecture on SB 6.1.26 -- Honolulu, May 26, 1976

Enti sɛ nnipa fa kɛse no ara bɔ wɔn bra ni Obiara redi wiase afɛfɛde akyi, Ewiase afɛfɛde yi ne nnyinaso ne aware ne abusuasɛm. Sɛnea Vedic nhehyɛe kyerɛ no, abusuasɛm, ɛyɛ w'asɛde sɛ wobɛhwɛ wo yere ne wo mma. Obiara redi saa dwuma yi. Wosusuw sɛ eyi nko na ehia. "Sɛ mehwɛ m'abusua, eyi yɛ m'adwuma." Mɛyɛ ama meho atɔ me. ɛyɛ m'asɛde." Onipabiara ɛnna ɛnnwene ho sɛ mmoa mpo nso di saa dwuma yi. Mmoa nso wɔ mma a wɔhwɛ wɔn. Nea ɛwɔ he na ɛsono? Enti, asemfua a wɔde susuw ne mūḍha. Mūḍha ase kyerɛe sɛ afurupɔnkɔ. Nea odi saa dwuma yi, bhuñjānaḥ prapiban khādan. Prapiban. Prapiban ase kyerɛ sɛ wonom, ena bhuñjānaḥ ase kyerɛsɛ wodidi . Sɛ wo redidi, na wonom, khādan, na wo rewesaw, carva casya raja preya (?). Aduan wɔ mu ahorow anan. Nea wɔ wesaw, nea wɔtaferew (Sanskrit), nea wɔ mene ɛna nea wɔ nom. Enti aduan ahorow anan no ni. Enti, yɛto nnwom se catuḥ vidhā śrī-bhagavat-prasādāt. Catuḥ vidhā ase kyerɛ sɛ ahorow anan. Enti sɛ yɛde nnuan ahorow anan yi bɔ afɔre de ma Awurade a, ɛyɛ nea wɔ wesaw, nea wɔtaferew,nea wɔmene a . Saara.

Enti, bhuñjānaḥ prapiban khādan bālakaṁ sneha-yantritaḥ. Agya ɛne ɛna hwɛ wɔmma, sɛnea wɔbɛb ma wɔn nnuan. Y'ahu sɛ Mama Yaśodā ma Kṛṣṇa aduan di. Ade koro. Eyi na ɛyɛ ɛsono. Yɛma abɔfra aduan di, ade a nnyinamoa ne akraman nso yɛ Nanso Mama Yaśodā rema Kṛṣṇa aduan. Ade koro no ara. ɔkwan a wɔfa so yɛ no de adekoro, na mmom baako reyɛ ama Kṛṣṇa ɛna ɔbaako nso reyɛ afa. Eyi ne sorowonko a ɛwɔ mu. Se Kṛṣṇa ne botae no a , ɛyɛ sunsum afa, na sɛ yɛn so na edgyina de a na ɛyɛ ewiase afa. ɛnsono ewiase afa ne...Sorowoko a ɛwɔ mu ni. ....ɛte sɛ, akɔnɔ bɔne ɛne ɔdɔ, ɔdɔ pa. Nsonsonoe bɛn na ɛda akɔnɔ bɔne ɛne ɔdɔ pa ntam? ɛha yi, yɛde afra, ɔbea ne ɔbarima, akɔnnɔ bɔne ahyɛ yɛn ma, Kṛṣṇa nso ɔne gopī fo no di agoru. ɛbɛyɛ wo sɛ ade koro. Nanso dɛn na ɛsono wɔ ho? Caitanya-caritāmṛta kyerɛwfo no, w'akyerɛ mu, Nsononsonoe a ɛda akɔnɔo bɔne ɛne ɔdɔ ntam? W'akyerɛ ase. ɔkae se, ātmendriya-prīti-vāñchā-tāre bali 'kāma' (CC Adi 4.165), Sɛ mepɛ sɛ megye m'ani a eyi yɛ kāma." Nanso, kṛṣṇendriya-prīti-icchā dhare 'prema' nāma, "Na yɛpɛsɛ yegye Kṛṣṇa n'ani de a, eyi yɛ prema." Eyi ne nsononsonoe a ɛda mu. Ewiase ha, ɔdɔ enni ha efise, ɔbarima ne ɔbea no , wonnim sɛ " me ne ɔbarima bedi agoru a" ɔbarima no na ɔde me gye n'ani." Daabi. "Megye m'ani" eyi ne asem no ase. ɔbarima no redwene sɛ" me ne ɔbea yi di agoru, de no agye m'ani." ɔbea no nso n'adwene ne sɛ " Mede ɔbarima yi regoru agye m'ani." Enti, eyi rekɔso ne titiriw wɔ Aborokyiri nkurow so, sɛ wonnya wɔnho anigye bio pɛ na awaregyae aba. Eyi enti na awaregyae adɔɔso wɔ mo kurow yi mu yi. Asɛm no farebae ara ne sɛ" m'annya m'anigye bio a, ɛno de mempɛ bio." W'akyerɛmu wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu: dāṁ-patyaṁ ratim eva hi. Saa bere a yɛwɔ mu yi, okunu ne ɔyere ase kyerɛ ara ne sɛbe mpa so agoru, honam akɔnɔ ara kwa. akyinnye biara nni ho sɛ"Yɛbɛtena abomu; Yɛbɛma Kṛṣṇa ani agye. Yɛbesua ɔwan a yɛbɛhyɛ Kṛṣṇa anigye." Eyi ne Kṛṣṇa som no.