AK/Prabhupada 0056 - Akunini a w'abɔ wɔn din wɔ Sastra mu no dodow yɛ du



Lecture on SB 7.6.1 -- Madras, January 2, 1976

śrī-prahrāda uvāca
kaumāra ācaret prājño
dharmān bhāgavatān iha
durlabhaṁ mānuṣaṁ janma
tad apy adhruvam arthadam
(SB 7.6.1)

Prahlāda Mahārāja ni. Ɔka Kṛṣṇa som no mu akudkudam fo no ho. śāstras akyerɛ mu sɛ sunsum mu akukudamfo no wɔyɛ du abien.

svayambhūr nāradaḥ śambhuḥ
kumāraḥ kapilo manuḥ
prahlādo janako bhīṣmo
balir vaiyāsakir vayam
(SB 6.3.20)

Eyi ne asɛm a Yamarāja aka afa Nyame som mu akukudam fo no ho Dharma ase kyerɛ sɛ bhāgavata-dharma. Ɛyɛ me sɛ nnɛra anadwo mekyerɛɛ mu sɛ dharma ase kyerɛ sɛ bhāgavata. Dharmaṁ tu sākṣād bhagavat-praṇītaṁ (SB 6.3.19). Ɛte sɛ, atembuafo nyinaa payin bua mmara sɛm no, enti onipa biara enni hɔ a ɔbɛbɔ ne tirim ahyɛ oman no mmara . Aban nkutoo na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyehyɛ mmara Obiara enni ho kwan sɛ ɔyɛ mmara. Sɛ wobua asɛm a obi srɛ sɛ " Owura ɔtɛnbuafo me mmara ni a, "Owura ɔtɛnbuafo rempene so." Saa ara, obi ntumi nhyehyɛ Nyamesɛm ho mmara. ɛnfa ho sɛ woyɛ nipa titiriw... Ɔtɛnbuafo panyin mpo rentumi ɛnhyehyɛ ne mmara. Mmara no aban na ɔhyehyɛ. Saa ara, dharma kyerɛ sɛ bhāgavata-dharma enti dharma bi a nipa bi abɔ wɔn tirim ahyehyɛ no yennye nto mu. Saa ara na ɛte,mmara a woyɛ wɔ wofie no, aba nnye nto mu. Enti, dharmaṁ tu sākṣād bhagavat-praṇītaṁ (SB 6.3.19).

Dɛn ne bhagavat-praṇītaṁ dharma? W'akyerɛ ase wɔ Bhagavad-gītā mu, yenim, obiara nim. Ɔbae, Kṛṣṇa bae. Ne botae a ɔde bae ne dharma-saṁsthāpanārthāya, sɛ ɔde bɛ hyehyɛ Nyamesom ho mmara, Dharmasya glānir bhavati bhārata. Yadā yadā hi dharmasya glānir bhavati bhārata (BG 4.7). Enti, berebi wɔ hɔ a glāni wɔ hɔ, sɛ akyingye gye bɛba wɔ Nyamesom mmara ho. Saa bere no, Kṛṣṇa ba. Paritrāṇāya sādhūnāṁ vināśāya ca duṣkṛtām (BG 4.8). Yuge yuge sambhavāmi. Enti, saa dharma yi, Kṛṣṇa amba sɛ ɔbɛ hyehyɛ mmara bi a obi abɔ ne tirim ahyehyɛ. Hindufo dharma, Nkramofo dharma, Kristofo dharma, Buddhafo dharma. Daabi. W'kyerɛ mu wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu se, dharmaḥ projjhita-kaitavo (SB 1.1.2). dharma a wɔde bɔ apoo, saa dharma no yɛ projjhita. Prakṛṣṭa-rūpeṇa ujjhita, ase kyerɛ sɛ w'atow agu. Enti dharma ankasa ne bhāgavata-dharma. Enti, Prahlāda Mahārāja se,kaumāra ācaret prājño dharmān bhāgavatān iha (SB 7.6.1). Dharma ase kyerɛ sɛ Awurade, yɛn ne Awurade ntɛm nkitahodi, sɛ yɛde nkitahodi yi bɛbɔ yɛn bra sɛnea yɛbɛ nya Nyamedɔ. Eyi ne dharma.