AK/Prabhupada 0081 - Abɔde a ɛwɔ awia mu no nyinaa honam dua yɛ ogya



Lecture on BG 2.13 -- New York, March 11, 1966

Ent nea yeka no aha ne dhīra, dhīra.

dehino 'smin yathā dehe
kaumāraṁ yauvanaṁ jarā
tathā dehāntara-prāptir
dhīras tatra na muhyati
(BG 2.13)

Dehinaḥ. Dehinaḥ ase kyerɛ sɛ" obi a w'afa ewiase honam dua." Asmin. Asmin ase kyerɛ sɛ " ewiase ha" anaa "ɔbra yi mu." Yathā, "tesɛ." Dehe. Dehe ase kyerɛ sɛ "honam dua yi mu." Esiane sɛ dehinaḥ ase kyerɛ sɛ "nea w'afa honam dua," na dehe, "honam dua yi mu." Enti, sesei m'agye agua wɔ honam dua yi mu. Enti, mennyɛ honam dua yi. Etesɛ mehyɛ hyɛɛte ne kootu yi, saa ara, me te honam dua yi mu. Ɔhonam dua a yehu yi ɛne biako nso a yennhu. Saa ɔhonam dua yi a yehu yi, ɛyɛ dɔte, nsu, ɛne ogya, mframa ne ewim saa honam dua yi Ewiase yi mu, dɔte na ɛdɔɔso paa. Baabiara, ɔhonam dua yi, ɛyɛ nneɛma mmako mmako anum yi na ɛka bom yɛ: dɔte, nsu, ogya, mframa ne ewim. Saa nneɛma anum yi. Ɛtesɛ saa ɔdan yi. Ɔdan mu yi nyinaa ɛyɛ dɔte, nsu ne ogya na wɔde asi W'afa dɔte kakra, na w'anwene ntayaa na w'abɔ no gya Ɛna wɔde dɔte ne nsu fra wie a, wo nwene ntayaa no, na afei wode ahyɛ gya mu, sɛ ɛyɛ den a na afei wɔde asi ɔdan. Enti, nea wɔde asi ɔdan no ara ne dɔte, nsu ne ogya no ara. Ɛno ara nen. Saa ara na honam dua yi nso te.Ɛyɛ: dɔte, nsu, ogya, mframa ne ewim na wɔde anwene. Mframa. Yɛhome mframa. Mo nim. Mframa wɔ hɔ daa. Honam yi, ɛyɛ dɔte ɛna ɔhyew nso wɔ yafunu no mu. Ɔhyew no nni hɔ a aduan a yedi no rennyam wɔ yafunu no mu. Sɛ moahu? Sɛ ɔhyew so tew pɛ, wo yafunu ntumi nnyam aduan. Nneaɛma bebree. Eyi yɛ nyehyɛe. Ewiase yi mu, yɛwɔ honam dua a, dɔde na ɛdɔɔso wɔ mu. Saa ara, ewiase afoforo so no, baabi wɔ hɔ a nsu na ɛdɔɔso, Baabi wɔ hɔ a ogya. Sɛ wokɔ awia so a, honam dua a ɛwɔ hɔ no... Ɛhɔ nso nipa dua wɔ hɔ, nanso wɔn nipa dua no ogya na ɛdɔɔsoo wɔ mu. Wobetumi atena ogya mu. Wobetumi atena ogya mu. Saa ara, Varuṇaloka, wɔ Venus mu no, honam dua ahorow bebree wɔ hɔ. Ɛtesɛ ha yi, wobenya saa atenka no wɔ nsu mu. nsu mu mmoa, wɔwɔ honam dua soronko Mfe dodow a atwa mu, nsu mu mmoa, wɔte nsu mu, wɔn ani ka hɔ. Enti, sɛ woyi no pue ba asase so a, obewu. Saa ara, wo ho tɔ wo wɔ asase yi so, sɛ wɔde wo hyɛ nsu mu a wobewu. Esiane sɛ wo honam dua no yɛ soronko, ɛsono anoma honam dua... Anomaa betumi atu afa ewim, saa na Onyankopɔn bɔɔ no. Nanso ewim hyɛn a nipa ayɛ no ɛhwe ase. W'ahu? Efisɛ ɛyɛ nipa abɔde.

Enti saa na nhyehyɛe no te. Abɔde biara wɔ honam dua titiriw bi. Dehino 'smin yathā dehe (BG 2.13). Na saa honam dua no ɛdɛn ne ne su? Aha, w'akyerɛ honam dua ase, sɛnea honam dua yi sesa. Ɔkwan bɛn so? Nanso, nanso, nanso esiane sɛ yɛte honam dua yi mu no nti asɔm yi tra yɛn ntease so. yesusuw sɛ ɔhonam dua yi ne ɔkra no yɛ ade koro. Afei, susum mu adesua mfitiase a ɛyɛ A-B-D no ne sɛ wobɛte ase sɛ "mennyɛ honam dua yi." Obiara a w'annya saa nte ase yi sɛ "mennyɛ honam dua yi no, ɔrenntu mpɔn wɔ susum mu." Enti, adesua a edi kan wɔ Bhagavad-gītā mu no ni. Enti asɛm no nkyerɛase ne sɛ dehino 'smin. Afei, dehī, ɔkra no. Ɔkra, dehī ase kyerɛ sɛ ɔkra. Obiara a w'afa honam dua yi, wɔfrɛ no dehī . Enti, asmin, ɔwɔ hɔ. Ɔwɔ hɔ nanso ne honam dua no resesa.