AK/Prabhupada 0114 - A Gentleman Whose Name is Krishna, He is Controlling Everyone



Lecture -- Laguna Beach, September 30, 1972

Bhagavad-gītā akyerɛ sɛ

dehino 'smin yathā dehe
kaumāraṁ yauvanaṁ jarā
tathā dehāntaraṁ-prāptir
dhīras tatra na muhyati
(BG 2.13)

Wo, me- yɛn nyinaa - w'ka yɛn ayhɛ honamdua yi mu. Me yɛ honhom; wo yɛ honhom. Eyi ne Vedic nkyrɛkyerɛ no, ahaṁ brahmāsmi: "meyɛ Brahman." Eyi kyerɛ honhom. Ɛnnyɛ honhom kunini, nnyɛ nfomso. Honhom kunini no ne Awurade. Yɛyɛ honhom, Awurade ne fa ketewa bi. Ɛnnyɛ Awurade, kunini yɛ ade foforo. Ɛtesɛ neɛ wo yɛ Amerika ni nanso Amerika ni kunini no ne wo man panyin Nanso worentumi nka sɛ " Esiane sɛ meyɛ Amerika ni nti, me ne Owura Niɔon." Wontimi nka saa. Saara, wo, me, yɛn mu biara a ɔwɔ ha yɛ Brahman, eyi nkyerɛ sɛ yɛyɛ Brahman kunini Brahman kunini no ne Kṛṣṇa. Īśvaraḥ paramaḥ kṛṣṇaḥ (Bs. 5.1). Īśvaraḥ paramaḥ kṛṣṇaḥ. Kṛṣṇa. Īśvaraḥase kyerɛ nea ade nyinaa hyɛ ne nsa. Enti wohyɛ a ne fa bi no, obiara di obi so . Obi hwɛ n'abusua so, anaa n'ádwuma, anaa n'asuafo. Nea etwa to no, odi ɔkraman so. Sɛ onnya obiara so nni a, ɔpɛ ɔkraman bi ana agyinamoa bi so di. Enti obiara pɛ sɛ odi obi so. Eyi yɛ nokware. Nanso nea odi ade nyinaa so ne Kṛṣṇa. Hanom de, nea odi obi so no obi foforo nso di no so Me di m'asuafo so nanso, me nso obi di me so, me kyerɛkyerɛfo kunini. Enti obi biara entumi nka sɛ "Me na medi ade nyinaa so." Daabi Ɛha wobehu obi a odi ebinom so nansp, ɔno nso obi di no so. Nanso wohu obi a ɔno nko na odi ade nyinaa so a, ɔno ne Kṛṣṇa Ɛnnyɛ den sɛ wobɛte Kṛṣṇa ase. Nya nte ase no sɛ obi biara di obi so nanso bere koro no ara no obi foforo nso redi no so Nanso yɛkamfo owura bi a ne din di Kṛṣṇa ama wo. Ɔno na odi ade nyinaa so, na ɔno de obi biara enndi no so.

īśvaraḥ paramaḥ kṛṣṇaḥ
sac-cid-ānanda-vigrahaḥ
anādir ādir govindaḥ
sarva-kāraṇa-kāraṇam
(Bs. 5.1)

Enti Kṛṣṇa kuw yi edi mu na ɔbadwema biara te ase. Enti wo dɔm Kṛṣṇa kuw yi a ɛbɛ boa wo. Wo bra besi wo yiye. Wo botae a wowɔ ewiase yi mu bɛba mu. Eyi yɛ nokwaresɛm Enti yɛwɔ nhoma bebree. kenkan bi. Bra bɛhwɛ sɛnea asuafo yi re bɔ wɔn bra wɔ Kṛṣṇa kuw yi mu. Fa wɔn yɔnko na sua ade wɔ wɔn nkyɛn Sɛ obi pɛ asua nnade ho adwuma a ɔkɔ bea a wɔyɛ nnade ho adwuma na n'ayɔnko fo yɛ wɔn a wɔyɛ nnade ho adwuma, saa nkakra nkakra ɔno nso bɛynya nimdeɛ wɔ nnade dwuma ho Saa ara, y'a bue asɔre yi nkorabata bebree, sɛnea nnipa betumi abesua ade. Na wɔbɛsua ɔkwan a wɔfa so kɔ Awurade nkyɛn Eyi ne yɛn botae. Edi mu yiye. Nkyerɛkyerɛ yi yenya firi Awurade, ade nyinaa so tumfo no nkyɛn Eyi ne Bhagavad-gītā.. Yɛre kyerɛkyerɛ Bhagavad-gītā sɛnea ɛte Kṛṣṇa aka wɔ Bhagavad Gita mu se ɔno ne Ade nyinaa agya.h Yɛresi asɛm yi so dua sɛ, Ade nyinaa so tumfo no ne Kṛṣṇa. Yɛre nsesa no. Kṛṣṇa aka wɔ Bhagavad-gītā mu se,Bra bɛyɛ masuani Dwene me ho berebiara. Som me. Kotow me." Nkyerɛkyerɛ yi na yɛde ma obiara sɛ " Dwene Krsna ho dabiara. Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa, Kṛṣṇa Kṛṣṇa, Hare Hare/ Hare Rāma, Hare Rāma, Rāma Rāma, Hare Hare." Wobɔ saa Hare Kṛṣṇa mpae yi a, wobɛdwene Kṛṣṇa ho berebiara.