AK/Prabhupada 0122 - These Rascals Think, 'I am this body.'



Morning Walk At Cheviot Hills Golf Course -- May 17, 1973, Los Angeles

Prabhupāda: Kṛṣṇa se, brɛ wo ho ase. Mɛbɔ wo ho ban." Ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo mokṣayiṣyāmi (BG 18.66). Ɔbɛma wo nimdeɛ. Sɛ nipa a wɔyɛ abɔde nyansapɛ mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu begye ato mu a. Ma wonnye nto mu kɛkɛ. Na yɛn Kṛṣṇa kuw yi bedi nkunim Wo de gye to mu, "Yiw, Awurade te ase saa ara na tumi nwowaso bi nso wɔ hɔ. Yɛn kuw yi bedi nkunim. Eyi yɛ nokware. Sɛ wobɛkasa tesɛ sɛbe ɔkwasea a ɔne nkwaseafo bɔ fekuw de, ɛremmoa. Andhā yathāndhair upanīyamānāḥ (SB 7.5.31). Onifurae ni biako rekyerɛ onifurae ni foforo kwan. Mfaso bɛn na ɛwɔ so? Wɔn nyinaa ani afura. Ɔsesaafo ɛne nea w'ahyɛ da akata n'ani wɔ Anyamesɛm ho no, ɔrennye Awurade nto mu da. Eyi ne nsɔhwɛ no Sɛ yehu sɛ obi ennye Awurade nto mu a, onyaa no ani afura, ɔyɛ ɔsesaafo, ɔkwasea, edin biara a wowɔ no fa frɛ no. Fa no sɛ nea ɔte biara. Ɔyɛ ɔsesaafo. Yegyina saa fapem yi so na yɛne nimdeɛfo akukudam biara a yɛbehyia no no gye akyinnye Ye se, "Wo yɛ ɔbonsam." India ni aduru wura bi a wode no bae no?

Svarūpa Dāmodara: Hm. Chouri.(?)

Prabhupāda: Meka kyerɛɛ no se "Wo yɛ ɔbonsam." Nanso ne bo anfuw. Ogyee too mu. Na nsɛm a ɔkae no nyinara yɛbɔ gui. Ebia wokae.

Svarūpa Dāmodara: Yiw, nokware, ɔkae se "Ɛnnyɛ Kṛṣṇa na ɔkyerɛɛ me kwan a mɛfa so ayɛ me nhwehwɛmu yi." Asɛm a ɔkae ni.

Prabhupāda: Yiw. Dɛn nti na mede bɛma wo? Woyɛ ɔsesaafo, wo ko tia Kṛṣṇa, adɛn nti na Kṛṣṇa bɛma wo ade a ɛte saa? Sɛ wo ko tia Kṛṣṇa, na wo pɛ sɛ wɔde ayeyi no ma wo a Kṛṣṇa nka ho a ɛrennyɛ yie. Nea edi kan no ɛsɛ sɛ wonya ahobrɛase. Afei Kṛṣṇa, de nea ehia nyinaa bɛma wo. Seese yensuro sɛ yɛbɛhyia abɔde nyansapɛ ho animdefo biara. Adɛn? Yegyina Kṛṣṇa tumi so, na yegyedi sɛ "Kṛṣṇa wɔ hɔ. Sɛ me ne no kasa a Kṛṣṇa bɛma me nimdeɛ." Eyi ne fapem no. Annyɛ saa de a, ɛfa no sɛ nimdeɛ kwan so de, wɔn adi kan. Sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn ho a yɛnsɛ hwee. Nanso adɛn na yetumi wɔn? Efisɛ yenim. Abɔfra betumi ne ɔpanyin asi ani efise onim sɛ, "M'agya wɔ hɔ." Okita n'agya nsa mu, na onim sɛ"Obiara ntumi nnyɛ me hwee."

Svarūpa Dāmodara: Śrīla Prabhupāda, mepɛ sɛ wokyerɛ me Tad apy aphalatāṁ jātaṁ ase.

Prabhupāda: Tad apy aphalatāṁ jātaṁ.

Svarūpa Dāmodara: Teṣām ātmābhimāninām, bālakānām anāśritya Teṣām ātmābhimān..., bālakānām anāśritya govinda-caraṇa-dvayam.

Svarūpa Dāmodara: Nipa asetena bɛsɛe a egyina...

Prabhupāda: Yiw. "Hena na ɔmpɛ sɛ ɔbɛte Kṛṣṇa som yi ase? Obewu te sɛ aboa. Ɛno ara nen. Ɛte sɛ nnyinamoa ne nkraman, wɔn nso wɔwo wɔn, wɔdidi, da, wo mma, na wo wu. Saa na nipa asetena te.

Svarūpa Dāmodara: Jāta ase kyerɛ sɛ mmoa su bi ana? Jāta?

Prabhupāda: Jāta. Jāta ase kyerɛ sɛ awo. Aphalatāṁ jātam. Jāta asse kyerɛ sɛ mfaso biara enni so. Ɔkwa. Nea w'annye govinda-caraṇa anto mu no, ne bra yɛ ɔkwa. Govindam ādi-puruṣaṁ tam ahaṁ bhajāmi. Sɛ onnye nto mu sɛ "Me som Abɔde nyinaa wura Govinda a," Na ne bra ayɛ ɔkwa. Ɛno ara nen. Ne bra ayɛ ɔkwa.

Svarūpa Dāmodara: Ātmābhimāninām ase kyerɛ sɛ...

Prabhupāda: Ātmā, dehātmā-māninām.

Svarūpa Dāmodara: Enti wɔn ahantan...

Prabhupāda: "Meyɛ ɔhonam dua." Ɔkra? Wonni ɔkra no ho nimdeɛ biara. Asesaa fo yi, wɔdwene sɛ, "Meyɛ honam dua yi." Ātmā ase kyerɛ sɛ honam dua, ātmā ase kyerɛ sɛ ɔkra, ātmā ase kyerɛ ne sɛ adwene Enti ātmābhimānī yi ase kyerɛ sɛ honam mu abrabɔ. Bālaka. Bālaka ase kyerɛ sɛ ɔkwasea, abɔfra, bālaka. Ātmābhimānināṁ bālakānām. Wɔn a wɔn abrabɔ nyinaa gyina honam dua yi so no, wɔte sɛ mmɔfra, nkwaseafo, anaa mmoa.

Svarūpa Dāmodara: Enti me nsusuwii ne sɛ mede saa asɛm bɛyɛ susuwdua na mede akyerɛ sɛ ɔkra fi honam dua biako mu kɔ biako mu.

Prabhupāda: Yiw.ɔkra fi honam dua biako mu kɔ honam dua foforo mu. Bhramadbhiḥ. Bhramadbhiḥ ase kyerɛ sɛ ɔkra fi honam dua biako mu kɔ honam dua foforo mu. Me te ha yi, me wɔ me honam dua, ataade, a ɛkata me ho. Sɛ mekɔ India a, eyi ho nhia. Enti wɔreka no saa ara sɛ honam dua yi firi honam dua bi mu Nanso, daabi. Ɛwɔ nea enti a m'afa honam dua yi Beae foforo bi, mɛfa honam dua foforo. Enti me na me ho ehia, ɛnnyɛ m'ataade no. Nanso asesaafo yi, wosua ade afa ataade yi nkutoo ho. Wɔfrɛ eyi se ātmābhimānām, wore dwene ataade yi, honam dua yi ho. Bālakānām.