AK/Prabhupada 0124 - We Should Take Up the Words from the Spiritual Master as Our Life and Soul



His Divine Grace Srila Bhaktisiddhanta Sarasvati Gosvami Prabhupada's Disappearance Day, Lecture -- Los Angeles, December 9, 1968

Enti ɛwɔ abrabɔ mu no na ɔyɛ akhaṇḍa brahmacārī. Bhaktivinoda Ṭhākura woo mma mmarima bebree na ɔno na ɔtɔ so anum na ne nuanom mmarima no nso ebi anware Na me kyerɛkyerɛfo kunini, ɔno nso anware. Efi ne mmɔfra bere ɔhyɛ ne ho so, Bhaktisiddhānta Sarasvatī Gosvāmī Mahārāja. Na ɔde adwuma den ne ahopakyi fii saa som yi a ɛwɔ ewiase aman nyinaa so Eyi ne ne botae. Bhaktivinoda Ṭhākura pɛe sɛ ɔbɛyɛ saa ade yi. wɔ afe 1896 mu no, Bhaktivinoda Ṭhākura pɛe sɛ ɔbɛfi saa Kṛṣṇa som yi ase enti ɔdaa saa nhoma yi adi, "Chaitanya Mahāprabhu, N'abrabɔ ne nnwuma Nyame nkyɛ ade, saa afe no mu ara na wɔwoo me enti ɛyɛ Kṛṣṇa nhyehyɛe sɛ yɛbehyia. Wɔwoo me too abusua kuw bi mu, saa ara na me kyerɛkyerɛfo kunini nso wɔwoo no too abusua foforo bi mu. Hena na onim sɛ menya saa banbɔ yi? Hena na osusuwii sɛ berebi bɛba a mɛba Amerika man mu? Hena naɔdwenee ho sɛ mo Amerika mmrantewaa mobɛbɛ me nkyɛn? Eyi nyinara yɛ Kṛṣṇa nhyehyɛe. Yɛrentumi nte ase ɔkwan a nneɛma bebree fa so esi.

Wɔ afe 1936...mu. Ɛnnɛ ya buronya bosome ɔpɛnemaa, da a ɛtɔso akron wɔ afe 1938(68) mu Eyi kyerɛ sɛ mfe ɛduasa abien atwa mu. Saa bere no wɔ Bombay man mu na meyɛ m'adwuma. Mpofirimu ara, ɛreka me ayɛ sɛ buronya bosome no mu da a ɛtɔ so akron anaa du. Saa bere no na, Ɔkyerɛkyerɛfo kunini nte apɔw enti na w'abɛsoɛ wɔ Jagannātha Purī mpo ano. Enti mekyerɛw no nhoma, "Mewura pa, w'asuafo, adesuafo, asɔfo, wɔn nyinaa resom wo. Nanso me de meyɛ ɔwareni. Mentumi ne wo ntena, mentumi nsom wo papa. Eyi nti mennim. Ɔkwan bɛn so na mɛfa asom wo?" Tirimupɔw kumaa bi, na meredwene ɔkwan a mɛfa so asom no, "Ɔkwan bɛn na mɛfa so m'asom no nokware mu?" Enti obuaa m'asɛm no wɔ krataa a ɔkyerɛw no buronya bosome da a ɛtɔ so du abiɛsa wɔ afe 1936 mu. Wɔ saa nhoma yi mu no ɔkyerɛw se, "Medɔfo pa osimɛsi, ɛyɛ me anigye yiye sɛ me nsa kaa wo nhome no. Mesusuw sɛ ɛsɛ sɛ wo di yɛn kuw yi ho adanse bɔ ho dawuro wɔ borɔfo kasa mu. Eyi ne asɛm a ɔkyerɛwee wɔ ne krataa no mu. "Eyi bɛboa wo na mpo wɔn a wɔbɛyɛ wo mmoa no nso ɛbɛ boa wɔn." "Ma me hyira......."Eyi ne asɛm a ɔkakyerɛɛ me.

Na buronya bosome da a ɛtɔso aduasa biako wɔ afe 1936 mu no, ɛkyerɛ sɛ ɔkyerɛw krataa yi anni nnawɔtwe abien na ofii mu. Nanso, medii me kyerɛkyerɛfo asɛm yi so pɛpɛɛpɛ, Manso mannwene da sɛ mɛyɛ saa ade yi. Saa bere no na meyɛ ɔware ni. Nanso eyi yɛ Kṛṣṇa ne nhyehyɛe. Sɛ yedi yɛn kyerɛkyerɛfo nsɛm so som no a, Kṛṣṇa bɛma yɛn nea ehia nyinaa. Eyi ne ɛsumasɛm no. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den de, nanso m'annwene, na mmom mefaa ne nsɛm no anibereso Mesuaa Viśvanātha Cakravartī Ṭhākura nkyerɛkywerɛ a w'ayɛ afa Bhagavad-gītā ho no. Wɔ Bhagavad-gītā mu no saa nkyekyɛmu yi vyavasāyātmikā-buddhir ekeha kuru-nandana (BG 2.41), Viśvanātha Cakravartī Ṭhākura akyerɛ saa nkyekyɛmu yi mu Sɛ yɛnfa yɛn akyerɛkyerɛfo asɛm sɛ yɛn nkwa ne yɛn kra. Yɛmmɔ yɛn ho mmɔden na yenni yɛn akyerɛkyerɛfo nsɛm so pɛpɛɛpɛ. pɛpɛɛpɛ a yɛnnwene ɔhaw a ɛse bɛbrɛ yɛn no ho Enti mebɔɔ meho mmɔden kakra wɔ saa kwan yi so Enti w'ama me nea ehia biara sɛnea mɛsom no. Aba no saa sɛ nea m'anyin adu yi m'aba mo kurow mu ha, na mo nso mode ahosɛpɛ aso kuw no mu na mobɔ moho mmɔden sɛ mo bɛ te ase Mprenpren yɛwɔ nhoma kakra. Enti yɛn kuw yi wɔ nnyinaso kakra Enti saa afoofi da a ɛyɛ me kyerɛkyerɛfo newu nkae yi, Merebɔ me ho mmɔden ayɛ ne pɛ, saara, Mɛsrɛ sɛ mo nso mobedi saa asɛm yi ara so esiane sɛ ɛyɛ me pɛ. M'abɔ akokrowa, metumi afi mu berebiara. Eyi ne abɔde nhyehyɛe. Obiara enni hɔ a ɔbetumi asakra no. Enti eyi nnyɛ nwonwa koraa, nanso saa dapɔnda yi, me kyerɛkyerɛfo ne wu nkae yi, mɛsrɛ mo sɛ, mo bɛte saa Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ yi ase Monni ho adanse. Nnipa hia saa nkyerɛkyerɛ yi.