AK/Prabhupada 0145 - We Must Accept Some Sort of Tapasya



Lecture on SB 3.12.19 -- Dallas, March 3, 1975

Fawohodi ɛmma kwa. Ɛte sɛ nea woyare no wohyɛ atridi ana yare bɔne bi tumi ase Enti ɛsɛ sɛ wokɔ yaw bi mu Ɛte sɛ nea w'anya pɔmpɔ no. Ɛyɛ yaw yiye. Enti sɛ wopɛ sɛ woho tɔ wo a, ɛsɛ sɛ wokɔ ayaresabea Enti, tapasā. Eyi yɛ tapasā. Tapa ase kyerɛ sɛ nea ɛyɛ yaw, tapa ɛte sɛ ɔhyew. Sɛ wɔde wo hyɛ dan a emu yɛ hyew tesɛ digrii ɔha ne du (110) a Wo ntumi. Ɛyɛ yɛw yiye. Yɛn India fo mpo. Yɛn a w'awo yɛn ato ha mpo, sɛ ewim yɛ hyew a bere bi wɔ hɔ a yentumi Na mo? A wɔawo mo baabi a ɛhɔ nnyɛ hyew? Saa ara, yɛn nso yentumi awɔw Sɛ awɔw wo mu a yentumi Enti ewim nsakrae ya ahorow ahorow Baabi tesɛ Kanada no awɔw wɔ hɔ yiye Eti egyina tebea a wowɔ mu so Nanso wɔde ahyɛ yɛn: Ɔhyew, mfinimfini de, onwini tuu Nanso tebea biara wɔtetew yɛn ma yetumi gyina ano. Saa ahoɔden yi de yɛwɔ bi. Bengali fo bu bɛ bi se, śarīre na mahāśaya ya sahabe taya saya, asekyerɛ ne sɛ " saa hona dua yi," asekyerɛ ne sɛ " tebea biara a wowɔ mu no wotena mu kyɛ a ɛkokwaw wo." ɛnte sɛ wowɔ tebea bi mu na ɛbɛsesa na wontumi ntena. Dabi. Wo tena mu a ɛbɛ kokwaw wo...Ɛtesɛ mprenpren obiara nkɔ Kan no na wɔkɔ Himalaya bepɔw no so, awɔw wɔhɔ yiye. Ebio, ahokyere wɔ hɔ awia wɔ mu mpo a asomfo yi sɔ ogya twa wɔh ho hyia Ɔhyew wɔ hɔ dedaw na wɔasan asɔ ogya na wogu mpaebɔ so. Eyi yɛ ahoyeraw. Ɛyɛ ahoyeraw. Wim yɛ hyew nanso wɔbɛyɛ. Awɔw nso wɔ hɔ nanso wɔdɔ asukɔ wɔ nsu mu awɔw bere kɔbɔ mpae. Nneɛma yi nyinaa my ahoyerɛw. Ahoyeraw Enti bere a atwam no esiane Nyamesom nti nipa hyɛn ahoyeraw tebea ahorow mu nanso bere a yɛwɔ mu yi, y'ahwe ase koraa enti yentumi nnyina saa yawdi yi ano. So ɛyɛ den ma yɛn paa? Yɛhyɛ sɛ nipa nhyɛ wɔn ho so kakra. "Nnyɛ saa nneɛma yi. gyae aguaman, asanom, namdi ne kyakya tow." Eyi yɛ nneɛma a yeyi fi yɛn abrabɔ mu a yɛn Nyamesom betu mpɔn. So ɛyɛ den a? Dabi, ɛnnyɛ den. Sɛ obi tumo dɔ asukɔ wɔ awɔw bere mu a, so ɛyɛ den sɛ obi begyae aguaman, nam di ne asanom? Y'anka sa gyae mpa so agorudi. Ye se yɛ no mmara kwan so. So eyi yɛ den? Nanso eisane sɛ y'ahwe ase nti yentumi nhyɛ yɛn ho so wɔ saa nneɛma nkumaa yi mu. Eyi ne yɛn haw Nanso wopɛ sɛ wo hu Awurade nokwaremu de a ɛsɛ sɛ wohyɛ wo ho so. Ɛnam ahohyɛso mu na yebehu Awurade. Annyɛsa de a yentumi. Annyɛ sa a yentumi. Nti asɛm no ne "ahohyɛso" Tapasā eva: "Ahohyɛso nkutoo." Ɔkwan biara enni hɔ bio. Tapasā eva param. Param ase kyerɛ sɛ okokroko. Sɛ wopɛ sɛ wohu Awurade de a hyɛ woho so. Annyɛ saa de a wontumi. Ahohyɛso kakraa bi. Ɛte sɛ ekādaśī. Ɛno nso yɛ ahohyɛso. wɔ ekādaśī da ni yennidi na yɛnnom nsu mpo. Nanso mprenpren yɛn kuw yi mu yenni mmara yi so ferenkyemm Nea yɛka ne sɛ, Ekādaśī da no nni bafua. Di nnuaba na nom nufusu kakra." Eyi yɛ ahohyɛso. So yentumi nni eyi so? Sɛ yentumi nhyɛ yɛn ho so kakraa mpo a, ɛbɛyɛ dɛn nɛ y'atumi akɔ ɔsoro ahenman mu? Dabi, yentumi ENti, nea w'aka wɔ ha ne sɛ, tapasaiva, tapasā eva. Eva ase kyerɛ sɛ. Ɛsɛ wi sɛ wo di so. Sɛ wohyɛ wo ho so a so w'adi nkogu? Wonhwere hwee. Obiara a ofi baabi ba no behu sɛ yɛn kuw yi mu no, ekuw mma mmerante ne nkatasia yi Wɔn anim tew. Meboa? Wohu nsonsonoe. Osofo bi a na ɔnhyɛ asɔfo taade. Saa bere yi na mefi Los Angeles rekɔ Hawaii Ɔsɔfo yi twiw bɛn me wɔ wim hyɛn no mu. Na ɔsrɛɛ me sɛ, "So metumi ne wo adi nkɔmmɔ? "Yiw, adɛn?" N'asɛm a dei kan no ne sɛ "Mehu w'akyidifo yi sɛ berebiara wɔn anim tew. So ɔkwan bɛn so na monam yɛ sa?" Ɔyɛ ɔnokware difo. Enti dɛn na wo hwere? Sɛ yegyae saa nneyɛe bɔne yi a, yenni nkugu. Yɛmmrɛ yɛn ho ase. Yebetumi atena fam ada fam. nkongua akɛse ho nhia, ntaade akɛse nso ho nhia. Nea ehia ne ahohyɛso. Sɛ yɛpɛ sɛ yetu mpɔn wɔ sunsum mu de a ahohyɛso ho hia. Wɔ kali-yuga bere yi mu no yentumi nhyɛ yɛn so sɛnea abi dɔ asukɔ awɔw bere mu no, ebinom dɔ asukɔ, bɔ mpae ana wɔto Hare Kṛṣṇa. Yentumi. Kakraa bi. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so kakra. Nea ɛsɛ sɛ yɛte ase ne sɛ, ɛsɛ obiara a n'ani abere Nyamesom ho sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so kakra. Eyi ho hia.