AK/Prabhupada 0146 - In My Absence, If the Record is Played, it Will Exactly Vibrate the Same Sound



Lecture on BG 7.4 -- Nairobi, October 31, 1975

Kṛṣṇa se wo dwene ewiase ade ho Ewiase abɔde mu nyansapɛfo sua dɔte ho nsɛm. Wɔfrɛ wɔn dɛn? dɔte mu ɔbenfo Wo sua ade fa dɔte ho: "Tokuru wɔ he? Sika kɔkɔɔ wɔ he? Biriw wɔ he? Eyi wɔ he?" Wosua ade fa nneɛma bebree ho. Nanso wonnim baabi a saa nneɛma yi fi bae. Kṛṣṇa akyerɛ mu se bhinnā me prakṛti: "Eyi yɛ M'ahoɔden, M'ahoɔden." Ɛyɛ dɛn na saa kɛmikal ne ewiase ade yi nyinaa ba? ɔbadwema biara bisa saa asɛm yi. Mmuae no ni. Mmuae no ne sɛ,

bhūmir āpo 'nalo vāyuḥ
khaṁ mano buddhir eva ca
ahaṅkāra itīyaṁ me
bhinnā prakṛtir aṣṭadhā
(BG 7.4)

hinnā prakṛtir aṣṭadhā. Ɛte sɛ merekasa yi na wɔretwe kasa no. Nanso sɛ dabi minni hɔ mpo a, sɛ wɔbɔ apaawa yi a, wɔbɛte me nne. Enti eyi yɛ m'ahoɔden ana obiara ahoɔden, nanso ɛsono bhinnā,na ɛsono me. Te asɛm yi ase. Enti biribiara yɛ Awurade, Kṛṣṇa, ahoɔden. Nanso ewiase asekyerɛ ne sɛ y'ahwere Kṛṣṇa. Saa ahoɔden yi firi he bae? Saa asɛm yi yɛnte ase. Bhinnā. Nea onim no....Ɛte sɛ mfantoho a m'adi kan ama no. Apaawa no rebɔ nanso, nea onnim nea ne nne wɔ apaawa no so no, ɔrentumi nhwehwɛ. Nanso nea onim ɛnne no, ɔbɛte ase se, "Ɛyɛ Prabhupāda, ana Swamiji." Sa ara, ahoɔden no wɔhɔ, nanso yɛn were afi ahoɔden no wura ana, esiane sɛ yennin ahoɔden no farebae enti yɛfa no sɛ ewiase nneɛma a yehu no biribiara enni akyi bio.

Eyi yɛ yɛn haw Saa su (prakṛti) yi, nea ɛte ni: bhūmir āpo 'nalo vāyuḥ khaṁ mano buddhir eva ca (BG 7.4). Enti ahoɔden yi firi he? Eyi na Kṛṣṇa akyerɛ yi "Ɛyɛ M'ahoɔden." Efisɛ ɛsɛ yɛn sɛ yehu, enti.. Sɛ yɛbɛte Kṛṣṇa ase a ɛsɛ sɛ yehu nea dɔte ne nsu yɛ nea ogya, mframa, ewim, nyansa yɛ. Saa nneɛma kuw yi ɛsɛ sɛ wohu baabia efi bae. Wɔbɔ won tirim ka se nsu ye haedrogyin ne oksegyen a w'aka abom. Nanso, babi a haedrogyen ne oksigyen yi firi de, wonnim Enti, wɔfrɛ eyi se acintya-śakti. Acintya-śakti. Sɛ, w'ante acintya-śakti ase a, Sɛ woyi acintya-śakti ntease a enni ɛwiei, si nkyɛn a, na Awurade enni hɔ. Acintya-śakti-sampannaḥ.

Afei de mo bɛte Acintya-śakti ase Mo nso mowɔ acintya-śakti, obiara, esiane sɛ yefi Awurae mu na yɛbae asase yi so. Enti yɛwo kakraa bi. Nanso yɛn de....Ahe na yɛwɔ? Nea yɛwɔ no w'aka wɔ śāstra mu...Ɛyɛ ahe? Keśāgra-śata-bhāgasya śatadhā kalpitasya ca jīva-bhāgaḥ sa vijñeyaḥ sa cānantyāya kalpate (CC Madhya 19.140). Keśāgra-śata-bhāgasya. Ti ho kakra kyerɛ yɛn. Ɛyɛ ahe? Etiri nnwi sin bi ana osiwiei a wakya mu ɔha. Na w'asan akyɛ mu ɔha bio. Eyi kyerɛ sɛ etiri nnwi tiawa a w'akyɛ mu ɔpepe du. Eyi ne yɛn sunsum no ne kɛse, ketewaa bi. So keśāgra-śata-bhāgasya śatadhā kalpitasya ca jīva-bhāgaḥ sa vijñeyaḥ sa cānantyāya kalpate (CC Madhya 19.140).

Enti esua, nanso esiane sɛ yentumi mfa yɛn ani enhu sunsum mu ade nti sunsum mu ade no yenhu Nanso, yenya ntease firi śāstra ne śruti mu. Saa na yɛbɛ te ase. W'abɔ asɛm yi so wɔ Bhagavad-gītā mu. indriyāṇi parāṇy āhur indriyebhyaḥ paraṁ manaḥ manasas tu parā buddhiḥ (BG 3.42). Neɛ w'aka wɔ ha ne sɛ mano buddhiḥ. Manasas ca parā buddhiḥ. Nimdeɛ sen nyansa Baabi foforo nso w'akyerɛ mu Indriyāṇi parāṇy āhuḥ. Eyi na yɛn ani behu. Mehu nipa dua a ɛkyerɛ sɛ nipa ani, n'aso, ne sa, ne nan ne nea ɛkekaho Eyi nea y'an ani yi betumi ahu Nanso biribi wɔhɔ a y'ani enhu, ebi ne nyansa a ɛno na ɛma yɛn atenka akwan kyerɛ. Ɛno de w'ani yi rentumi nhu. Indriyāṇi parāṇy āhur indriyebhyaḥ paraṁ manaḥ (BG 3.42). nimdeɛ na ɛma nyansa akwankyerɛ. Manasas ca parā buddhiḥ. Enti saa adesua yi ho hia wo. Sɛ woka se " Awurade enni hɔ, ɔkra enni hɔ a," eyi yɛ asesaasɛm. NNyɛ ɔsesaafo. Bhagavad-gītā ni. Sua biribiara a ɛwɔ mu. Ɛwɔhɔ ma obiara.