AK/Prabhupada 0149 - Krishna Consciousness Movement Means to Find Out the Supreme Father



Tenth Anniversary Address -- Washington, D.C., July 6, 1976

Kṛṣṇa som yi botae ne sɛ wobɛhwehwɛ Agya no akyi kwan. Agya no. Eyi ne kuw yo boatae. Nanso sɛ yennim yɛn agya yi de a na, ɛnnyɛ asɛm papa. Wɔ India man mu no, obiara a onnim n'agya di no, wommu no. Enti sɛ wokɛ asɛnni bea a ɛsɛ sɛ wokyerɛw w'agya din de ka wo din ho. Eyi yɛ India Vedic amammerɛ n'agya din, ne din ɛne adin foforo bi nso a wɔde to no. Wɔka abiɛsa yi bɔ mu. Mennim amammerɛ a ɛwɔ nkurow afofor mo nanso India mana mu ha amammerɛ no saa na ɛte. Ne din na edi kan, nea ɛtɔ so no yɛ n'agya din. edin a ɛtɔ so no yɛ edin a ɛkyerɛ kurow a wofi so. Enti saa na nhyehyɛe no te. Enti ɛsɛ sɛ yehu yɛn agya. Eyi ne Kṛṣṇa som no. Sɛ yɛn werɛ fi yɛn agya a ɛnnyɛ ade pa. Agya bɛn?brahma paraṁ dhāma (BG 10.12). Asikafo nyinaa osikani. Ɛnnyɛ agya hiani a ontumi nhwɛ ne mma. Ɛnnyɛ saa agya no. Eko yo bahūnāṁ vidadhāti kāmān. Saa agya yi esiane ne sika dodow nti ne nkutoo rehwɛ ateasefo mpem mpem. Afrika abibiman mu asono mpem mpem no nyinaa, Ɔno na ɔhwɛ wɔn. Adan mu ntokuro yi mu ntatea mpem mpem yi nyinaa ɔhwɛ wɔn so. Eko yo bahūnāṁ vidadhāti kāmān. Nityo nityānāṁ cetanaś cetanānām (Kaṭha Upaniṣad 2.2.13). Eyi yɛ asɛm a yenya fi Vedic kyerɛw mu.

Nti ɔbra botae ne sɛ wobenya ntease nea ɔyɛ w'agya nea ne mmara te, Nea ɔyɛ Awurde, ayɔnkofa a ɛda yɛn ne no ntam. Eyi ne Vedānta no. Vedānta nkyerɛ sɛ wokeka nkwaseasɛm na wone w'agya enni ayɔnkofa biara. Śrama eva hi kevalam. Sɛ wonnim w'agya a,

dharmaḥ svanuṣṭhitaḥ puṁsāṁ
viṣvaksena-kathāsu yaḥ
notpādayed yadi ratiṁ
śrama eva hi kevalam
(SB 1.2.8)

Ɛnnyɛ eyi na yɛhwehwɛ. Kṛṣṇa se, vedaiś ca sarvair aham eva vedyaḥ (BG 15.15). Bra bɛyɛ Vedanta gyedi ni. Eyi na eye. Vedanta mfitiase no wɔkyerɛ se ade nyinaa fi Nokware turodoo no mu na ɛbae. Athāto brahma jijñāsā. Mfitiase no ni. Afei, nipa botae ne sɛ ɔbɛte saa nokware turodoo yi ase jijñāsā. Ɛsɛ sɛ obiara hwehyɛ Nokware yi akyi kwan. Eyi ne nipa abrabɔ mu botae. Nkyekyemu a edi so no kyerɛ sɛ Nokware Turodoo yi ne nea ade nyinaa farebae. Dɛn ne saa ade nyinaa yi?Yehu nneɛma abien wɔ ha. Nea ɛte ase ne nea awu. Mfanto ho bi ni. Ebi te ase na ebi nso awu. Nneɛma abien. Afei yebetumi akyerɛkyerɛ mu. Eyi yɛ ade foforo. Nanso nneɛma abien na ɛwɔ ha. Enti saa nneɛma abien yi, ye hu sɛ obi wɔhɔ a ɔhwɛ ne nyinaa so...nea ɛte ase ne nea awu. Enti ɛsɛ sɛ yebisa sɛ nneɛma a ɛte ase ne nea ɛwu yi ne nyinaa fi he? W'akyerɛ saa ade yi mu wɔ Śrīmad-Bhāgavatam mu, janmādy asya yato 'nvayād itarataś cārtheṣv abhijñaḥ (SB 1.1.1). Eyi ne nkyerɛase no. Ade nyinaa farebae ne abhijñaḥ. Adɛn nti? Anvayād itarataś cārtheṣu. Sɛ me na mebɔɔ ade nyinaa a, menim biribiara, asumasɛm nyinaa. Anvayād, Me nim ne nyinaa. Sɛ m'ayɛ ade bi a.... Fa no sɛ menim aduan bi noa, menim nea ɛfa ho nyinaa. Eyi ne ne farebae. Enti saa farebae yi yɛ Kṛṣṇa. Kṛṣṇa se, vedāhaṁ samatītāni: (BG 7.26) " Menim ade nyinaa nea atwam, mprenpren ne daakye." Mattaḥ sarvaṁ pravartate. Aham ādir hi devānām (BG 10.2). Mmara a ɛfa abɔde ho no kyerɛ sɛ...Brahmā viṣṇu maheśvara. Enti ne nkyerɛase ne devatās. Enti Viṣṇu ne ɔkandifo. Aham ādir hi devānām. Abɔde no nea odi kan ne Mahā-Viṣṇu; na afei efi Mahā-Viṣṇu so a Garbhodakaśāyī Viṣṇu na odi so. Efi Garbhodakaśāyī Viṣṇu so a Kṣīrodakaśāyī Viṣṇu, Viṣṇu ne fa na odi hɔ na efi ne so no na Brahmā aba Wɔwoo Brahmā fii Garbhodakaśāyī Viṣṇu mu wɔ lotus nhwiren no so na ɔno nso woo Rudra. Eyi ne abɔde nkyerɛkyerɛmu. Enti Kṛṣṇa se aham ādir hi devānām. Ɔno nso na Viṣṇu firi ne mu bae efisɛ, śāstra akyerɛ yɛn sɛ, kṛṣṇas tu bhagavān svayam (SB 1.3.28). Awurade anskasa ne Kṛṣṇa. Kṛṣṇa ne fa a edi kan no ne Baladeva. Na efi ne so na na saa Catur-vyūha, Vāsudeva, Saṅkarṣaṇa, Aniruddha yi, edidi so. Na afei Nārāyaṇa. Efi Nārāyaṇa so a Catur-vyūha a ɔtɔ so abien, na efi ne so a, Saṅkarṣaṇa, Mahā-Viṣṇu. Saa na ɛsɛ sɛ mosua śāstras. Mobehu sɛ w'aka wɔ śāstra mu sɛ, kṛṣṇas tu bhagavān svayam. Kṛṣṇa se, aham ādir hi devānām (BG 10.2). Ahaṁ sarvasya prabhavo mattaḥ sarvaṁ pravartate (BG 10.8). Na Arjuna agye ato mu, paraṁ brahma paraṁ dhāma pavitraṁ paramaṁ bhavān (BG 10.12). Enti ɛsɛ sɛ yegye śāstra to mu. Śāstra-cakṣuṣāt: ɛsɛ sɛ wode śāstra yɛ wo susuwdua. Na wosua śāstra a, wobehu sɛ kṛṣṇas tu bhagavān svayam. Enti Kṛṣṇa som yi botae ne sɛ yɛbɛ da Awurade adi akyerɛ amansan nyinaa. Yefii Kṛṣṇa kuw yi ase afe 1966 mu Rūpānuga Prabhu akyerɛ mu dedaw. Enti momfa kuw yi asɛm nnyɛ mo ahiasɛm. Saa Kṛṣṇa yi ara na abakɔsɛm adi ne ho adanse mfe apem anum a atwa mu no. Na ɔde Ne suani Arjuna a efii kuw yi ase. Ɛna mfe bɛyɛ aha anum ntam ni Caitanya Mahāprabhu maa kuw yi so bio. Ɔyɛ Kṛṣṇa ankasa. Enti eyi na ɛrekɔso. Monnwene sɛ eyi yɛ kuw bi obi abɔ ne tirim atew. Ɛyɛ kuw a ɛwɔ nnyinaso pa na adikanfo akukudam adi ho adanse Mahājano yena gataḥ sa panthāḥ (CC Madhya 17.186). w'aka mahājana fo yi ho asɛm wɔ śāstra mu. Enti monni Kṛṣṇasomm yi mu akoten na monte Kṛṣṇa ase. Yɛwɔ nhoma bebree, nhoma a ɛwɔ nyinaso pa. Momma bo abrabɔ nnya nkunimdi.

Meda mo ase papaa pa.