AK/Prabhupada 0156 - I Am Trying to Teach What You Have Forgotten



Arrival Address -- London, September 11, 1969

Ɔsɛnkani: Owura, dɛn nɛ wore kyerɛ?

Prabhupāda: Mere kyerɛ mo nea mo werɛ afi.

Asuafo: Haribol! Hare Kṛṣṇa! (serew)

Ɔsɛnkani: Ɛno ne dɛn?

Prabhupāda: Ɛno me Awurade. Mo mu bi sɛ Awurade, ebinom nso se Awurade awu, momu bi nso se Awurade enni honam dua anaa sɛ won hu no. Eyi nyinaa yɛ nsɛm hunu. Mepɛ sɛ mekyerɛ mo sɛ, Awurade te ase. Eyi ne me botae. Akyinnyegyefo betumi aba me nkyɛn, mɛkyerɛ wɔn sɛ Awurade wɔ hɔ. Eyi ne me Kṛṣṇa kuw yi. Eyi yɛ dadwene ma wɔn a wonye Awurade ndi. Awurade te ase. Sɛ yɛte ha mpu ne mpu yi, wo betumi ahu Awurade anim ne anim. Sɛ woyɛ nokwaredifo na w'ani abere a, wobe hu. Nanso, yɛn werɛ afi Awurade; enti yɛwɔ ɔhaw bebree asetena yi mu. Enti nea merekyerɛ ara ne sɛ, monsom Kṛṣṇa na moani nnye. Momma ho kwan ma māyā mframa nhuw mo. Eyi ne m'abisade.

Asuafo: Haribol!