AK/Prabhupada 0157 - Unless Your Heart is Cleansed You Cannot Understand What is Hari



Lecture on SB 6.2.11 -- Vrndavana, September 13, 1975

Ssɛ wonnye śāstra mu nsɛm a Kṛṣṇa, ade nyinaa agya nam Bhagavad-gītā so de ato gua no a... Eyi ne śāstra botae. Monfa nnyɛ adwuma. Na moani begye. Anyɛ sa a moani rennye. Asɛm a w'aka wɔ ha no ne aghavān, ɔbɔnefo de wosakra no a ɛnnyɛ yie sɛ wode nyankumade, bɔneka ana bɔhyɛ, vrataḥ. Enti yɛbɛyɛ no dɛn? Esiane sɛ obiara......Yathā harer nāma. Enti, nea w'akamfo ne, harer nāma harer nāma harer nāmaiva kevalam, kalau nāsty eva nāsty eva nāsty eva (CC Adi 17.21). Ade koro no ara. Wonhu ade biara wɔ śāstra mu a ɛne saa asɛm yi bɔ ɛbra. Agni Purāṇa ne Śrīmad-Bhāgavata nso asi asɛm yi so dua. Agni Purāṇa se, harer nāma harer nāma harer nāmaiva kevalam, na Śrīmad Bhāgavatam nso aka se, yathā harer nāma-padair udāhṛtaiḥ tad uttamaśloka-guṇopalambhakam. Harer nāma ase kyerɛ sɛ to Awurade din kronkron no. Ɛnnyɛ den. Sɛ woto harer nāma a, nkakra nkakra wobɛ te ase, nea ɛyɛ Hari, sɛnea nedua, ne su, ne ne tebea ɛte. Na woate ase. Efisɛ, sɛ harer nāma amma a, efi daso wɔ wo koma mu- ceto-darpaṇa-mārjanam (CC Antya 20.12). Ssɛ wo koma mu ntew a, worente Awurade ase. Ne din, Ne su, Ne nnwuma. Woren nte ase.

Ataḥ śrī-kṛṣṇa-nāmādi na bhaved grāhyam indriyaiḥ (CC Madhya 17.136). Wo nyansa remma wonte Kṛṣṇa ase. Enti nipa nte Kṛṣṇa ase saa ara wɔnte hari-nāma ase na wonnim ho mfaso. Esiane sɛ wɔn nyansa mu ndɔ na māya afa wɔ nnomum nti, wontumi nte ase. Nanso eyi ara ne ɔkwan no - ceto-darpaṇa-mārjanaṁ bhava-mahā-dāvāgni-nirvāpaṇam (CC Antya 20.12). Sɛ wopɛ sɛ wo ho tew a eyi nkutoo ne ɔkwan no. To Hare Kṛṣṇa. Wo ho bɛtew. Puṇya-śravaṇa-kīrtanaḥ. Puṇya-śravaṇa-kīrtanaḥ. Śṛṇvatāṁ sva-kathāḥ kṛṣṇaḥ puṇya-śravaṇa-kīrtanaḥ (SB 1.2.17). Sɛ wo tie, sɛ wo to Kṛṣṇa nnwom Uttamaśloka a, sɛnea w'aka no, tad uttamaśloka-guṇopalambhakam, mfaso bebree bɛba w'akwan mu. Enti, Hare Kṛṣṇa kuw yi ho hia yiye a ɛsɛ sɛ obiara fa no anibere so. Kīrtanīyaḥ sadā hariḥ.

tṛṇād api sunīcena
taror api sahiṣṇunā
amāninā mānadena
kīrtanīyaḥ sadā hariḥ
(CC Adi 17.31)

Eyi ne Caitanya Mahāprabhu afutu sɛm a Ɔde ama yɛn. Ɛyɛ den...Ɛyɛ padaṁ padaṁ yad vipadam (SB 10.14.58). Ewiase mu ha vipada nkutoo. Sampada enni ha. Nanso ɛyɛ yɛn adwene sɛ " Me ho atɔ me." Ahotɔ bɛn? Bere tiawa bi wobe wu. Dɛn na ɛyɛ ahotɔ? Nanso saa nkwaseafo yi se, "Yiw, me ho atɔ me." Sɛ wobisa obiara se, "Woho te dɛn a?" "Yiw, me ho ye papaa pa." Dɛn na eye? Wobewu ɔkyena. Eye. Ɛno ara nen. Eyi na ɛrekɔ so. Enti eyi yɛ padaṁ yad vi... Abɔdemu nyansapɛ asuafo rehwehwɛ akan a yɛn ani begye nanso, saa asesaafo yi, wonnim ɔkwan a wɔfa so siw owu kwan. Enti dɛn na eye? Nanso wonni nyansa a wɔde bɛte asɛm yi ase. Nanso Kṛṣṇa se, "Mewuranom, eyi yɛ asɛm kɛse a ɛda hɔ. Abɔde nyansapamu asuafo, moreyɛ nhwehwɛmu bebree." Janma-mṛtyu-jarā-vyādhi-duḥkha-doṣānudarśanam (BG 13.9). Monni kan nhwehwɛ nea ɛyɛ mo haw kɛse. Janma-mṛtyu-jarā-vyādhi. Ɛsɛ sɛ wɔwo wo, ɛsɛ sɛ wo wu, ɛsɛ sɛ woyare, ɛsɛ sɛ wonyin. Gyae na ka mpuntu ho asɛm. Annyɛ sa a ɛyɛ ɔkwa. Meda mo ase paa.