AK/Prabhupada 0070 - Nyame mma akwasampafo



Room Conversation -- April 22, 1977, Bombay

Momma yen nyinasosɛm yi nnyɛ mo ahiasɛm na monhwɛ sɛ GBC yi bɛyɛ adwuma. Sɛ minni ha koraa a biribiara bɛkɔ so. Monnyɛ eyi. Eyi ne m'abisade. Kakra a m'akyerɛ mo no, munni so. Obiara werɛ nhow. māyā renfa ne nsa nka mo. Afei, Kṛṣṇa adom yɛn. sika ho renhia mo Montintim nhoma no na montɔn Enti biribiara wɔ hɔ. Yɛwɔ nnabea wɔ ewiase nyinaa. Yɛwɔ sika. Nea ehia ara ne sɛ mobɛdi yɛn nyinasosɛm no so. Munni...... Sɛ mpo mewu mpofirim a, mobɛtoa so. Ɛno ara nen. Eyi na mehwehwɛ. Monhwɛ biribiara so fɛfɛ na som no nkɔ n'anim. Monhyehyɛ biribiara. Mo nsan moakyi dabiara da. Monhwɛ mo ho yiye. Āpani ācari prabhu jīveri śikṣāya.