AK/Prabhupada 0078 - Nya gidi na tie: Difference between revisions

(Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Turkish Pages with Videos Category:Prabhupada 0078 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1973 Category:AK-Quotes - L...")
 
(Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
 
Line 1: Line 1:
<!-- BEGIN CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN CATEGORY LIST -->
[[Category:1080 Turkish Pages with Videos]]
[[Category:1080 Akan Pages with Videos]]
[[Category:Prabhupada 0078 - in all Languages]]
[[Category:Prabhupada 0078 - in all Languages]]
[[Category:AK-Quotes - 1973]]
[[Category:AK-Quotes - 1973]]
Line 7: Line 7:
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN NAVIGATION BAR -- DO NOT EDIT OR REMOVE -->
{{1080 videos navigation - All Languages|Akan|AK/Prabhupada 0077 - Wo betumi anya adesua afi mpɛnsɛnpɛnsɛn mu,nkyerɛkyerɛ ne adesua mu|0077|AK/Prabhupada 0079 - Me nni akatua biara|0079}}
<!-- END NAVIGATION BAR -->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<div class="center">
<div class="center">
Line 15: Line 18:


<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
{{youtube_right|cwu44xFVDZY|Simply, with Faith, You Try to Hear - Prabhupāda 0078}}
{{youtube_right|ry_2o3mX56I|Simply, with Faith, You Try to Hear - Prabhupāda 0078}}
<!-- END VIDEO LINK -->
<!-- END VIDEO LINK -->


<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<mp3player>http://vaniquotes.org/w/images/720819SB.LA_clip.mp3</mp3player>
<mp3player>https://s3.amazonaws.com/vanipedia/clip/720819SB.LA_clip.mp3</mp3player>
<!-- END AUDIO LINK -->
<!-- END AUDIO LINK -->



Latest revision as of 15:51, 20 October 2018



Lecture on SB 1.2.16 -- Los Angeles, August 19, 1972

Enti śuśrūṣoḥ śraddadhānasya vāsudeva-kathā-ruciḥ. y'adi kan akyerɛkyerɛ yad anudhyāsinā yuktāḥ (SB 1.2.15) ase. Ɛsɛ sɛ berebiara onipa dwene. Eyi ne akofena no. Ɛsɛ sɛ mo fa Kṛṣṇa som mu akofena yi. Na mo ho atɔ mo. Monfa akofena yi ntew pɔw no. Enti....Afei ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa aka saa akofena yi? Y'akyerɛ kwan a wɔfa so, ɛne sɛ wobenya gyidi na w'atie. Wonsa bɛka saa akofena yi. Ɛno ara nen. Nokware no ne sɛ yɛn Kṛṣṇa som yi renyin. eisane sɛ yetie no nti y'anya akofena yi dodow no ara. Mefii kuw yi ase wɔ New York. Monyinaa mo nim. Saa bere no na menni akofena biara. Ɛte sɛ nsɔre nkyerɛkyerɛ ahorow bebree, a wɔde kyerɛw kronkron ahyɛ wɔnsa biako mu. na wɔde akofena nso ahyɛ nsa biako mu: "Monnye kyerɛw kronkron yi nto mu aannyɛ saa a mɛtew mo ti." Eyi nso yɛ ɔkwan bi a wɔfa so ka asɛmpa no. Nanso, menso mewɔ akofena na ɛsono m'akɔfena no. M'akɔfena yi - ma amasan kwan na wontie. Ɛno ara nen.

Vāsudeva-kathā-ruciḥ. Enti sɛ onya ruci pɛ..... Ruci. Ruci ase kyerɛ sɛ dɛw "Ah, aha Kṛṣṇa se, eye. Ma me ntie." amonom hɔ ara wonsa bɛka akofena no Akofena yi wɔ wonsa mu. Vāsudeva-kathā-ruciḥ. Nanso ruci yi ɛba hena nkyɛn? Saa ɔdɛ yi? M'adi kan akyerɛ mu mpɛn pii sɛ, saa ɔdɛw yi, ɛte sɛ asikre tɔfe. Obiara nim sɛ ɛyɛ dɛ paa. Nanso wode ma obi a w'anya abunu bɔne a, ɛbɛyɛ nwene wɔ n'anum Obiara nim sɛ asikre tɔfe yɛdɛ, nanso obi a ɔyare abunu bɔne de, sɛ ɔka tɔfe hwɛ a ɛbɛyɛ nwene paa ama no. Obiara nim. Ɛyɛ nokware.

Enti ruci, ɔdɛ a yenya bere a yetie vāsudeva-kathā, kṛṣṇa-kathā, onipa a ɔyare no ɔrentumi nnya saa ɔdɛ yi Enti ruci, ɔdɛ. Sɛ wobenya saa ɔdɛ yi a nneɛma bi ho hia. Ɛne nea ɛwɔhe? Nea edi kan ne ayeyi: "Oh, eye paa." Ādau śraddhā, śraddadhāna. Enti, śraddhā, ayeyi, eyi ne mfitiase. Afei, sādhu-saṅga (CC Madhya 22.83). Na afei sɛ ebedi afra: "Eye, nnipa yi wɔre bɔ Kṛṣṇa din na wodi ne ho nkɔmɔ. Ma menkɔ tena ase ntie bi." Eyi ne sādhu-saṅga no. Sɛ wobɛfa Nyamesomfo yɔnko. Eyi na ɛtɔso abien. Nea ɛtɔso abiesa yɛ bhajana-kriyā. Sɛ obi ne asuafo no fa yɔnko a, afei ɛbɛyɛ no sɛ, "Dɛn nti na me nso me mmɛyɛ osuani?" Enti yenya nkrataa bebree, "Prabhupāda, gye me sɛ w'osuani." Eyi ne bhajana-kriyā mfiti ase. Bhajana-kriyā ase kyerɛ sɛ, wode woho bɛhyɛ Nyamesom mu. Eyi na ɛtɔ so abiesa.