AK/Prabhupada 0079 - Me nni akatua biara

Revision as of 08:52, 23 April 2015 by Rishab (talk | contribs) (Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Akan Pages with Videos Category:Prabhupada 0079 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1976 Category:AK-Quotes - Lect...")
(diff) ← Older revision | Latest revision (diff) | Newer revision → (diff)


Invalid source, must be from amazon or causelessmery.com

Lecture on SB 1.7.6 -- Hyderabad, August 18, 1976

Saa ahɔho yi, wɔnnyɛ Hindufo anaa India fo anaa brāhmaṇa fo. Sɛnea wosi kasa no? Wɔnnyɛ sɛbe nkwaseafo ne asesafo. Wofi abusua pa mu, w'atetew wɔn yiye. Enti yɛwɔ asɔre nkorabata wɔ Iran ahenkuro mu. Mefi Tehran bae nkyɛe. Mewɔ asuafo a wɔyɛ nkramofo. Afrika abibiman ne Australia man nyinaa w'agye som yi ato mu. Ewiase nyinaa. Enti, eyi ne Caitanya Mahāprabhu botae no.

pṛthivīte āche yata nagarādi grāma
sarvatra pracāra haibe mora nāma

Eyi ne nkɔm a Awurade Caitanya Mahāprabhu ahyɛ. Sɛ ewiase ha nkurow nketewa ne akɛse ɛne nkuraa nyinaa, saa Kṛṣṇa som yi bɛtrɛw akɔ hɔ nyinaa. Enti menka mfa nhoahoa me ho. Kakraa bi a mabɔ mmɔden ayɛ ni. Enti sɛ onipa biako betumi ayɛ eyi nyinaa a, dɛn ntii na yɛn nyinaa entumi nnyɛ? Caitanya Mahāprabhu de tumi ne ne nhyira ama Indiafo nyinaa. Bhārata-bhūmite haila manuṣya-janma yāra (CC Adi 9.41). Ɔrekasa akyerɛ manuṣya, ɛnnyɛ nnyamoa ne akraman. Enti, manuṣya-janma yāra janma sārthaka kari'. Nea edi kan, mommɔ mmɔden na monte abrabɔ yi botae ase. Eyi ne janma sārthaka. Janma sārthaka kari' kara para-upakāra. Na afei, monkɔ aman nyinaa so. Kṛṣṇa som ho hia wɔ baabiara.