AK/Prabhupada 0002 - Abɔdamfo Anibuei



Lecture on SB 6.1.49 -- New Orleans Farm, August 1, 1975

Harikeśa: nkyerɛase...."Sɛnea onipa da na ɔso dae a ne ndeyɛe ɛne nipadua a ɛwɔ ne daeso no mu no ndeyɛe yɛ pɛ no anasɛ ogye ne honamdua a ɛwɔ dae mu no ɛto mu sɛ ɔno ankasa no, saa ara, ohu ne honam dua a ɔwɔ no sesei no sɛ ɔno ara, nanso, saa honam dua yi, ɔsom pa a yasom bere a atwa mu so na egyina ama yanya na onni nimdeɛ biara a ɛkyerɛ no abrabɔ a ɔbɔe bere a atwa mu ne nea ɛda n'anim no".

Prabhupāda:

yathājñas tamasā (yukta)
upāste vyaktam eva hi
na veda pūrvam aparaṁ
naṣṭa-janma-smṛtis tathā
(SB 6.1.49)

Eyi ne yɛn gyinabea. Eyi ne yɛn adesua ne nyansapɛ mu akankɔ Yennim tebea a na yɛwɔ mu ansana y'anya mprenpren honam dua yi ɛna mpo tebea a mɛkɔ mu honam dua yi newu akyi? Nkwa toaso daa. Eyi yɛ sunsum mu nimdeɛ Nanso wonnim mpo sɛ nkwa toaso afebɔɔ. ɛyɛ wɔn adwene sɛ "m'anya me nkwa yi mpofiri mu, na owu akyi no na biribiara asa." "Twam, mprenpren anaasɛ daakye biara nni hɔ. Momma yennye yɛn ani". Eyi, wofrɛ no enfin, tamasā, abrabo hunu. Enti, ajñaḥ. Ajñaḥ asekyerɛ ɛne sɛ, obi a onni nimdeɛ. Na onipa bɛn na onni nimdeɛ? Mprenpren yi, tamasā. Wɔn a wɔte enfin tebea mu Abɔde mu nkyekɛyemu gu ahorow abiɛsa: sattva, raja, tamas Sattva-guṇa ase kyerɛ ne sɛ biribiara ani ada hɔ, prakāśa. ɛtesɛ mprenpren yi, omununkum akata ewim kusuu; wunhu ɛwia no papa. Nanso omununkum yi akyi, awia no wɔ hɔ kann. Nanso omununkum yi mu de, ayɛ kusuu. Saa ara, wɔn a wɔte sattva-guṇa tebea mu no biribiara anim da hɔ kann, ɛna wɔn a wɔte tamo-guṇa tebea mu no nso de, biribiara ye enfin, kusuu. Ebio wɔn a w'adi afra, a wonni rajo-guna(Sattva-guṇa) afa, na nso wonni tamo-guṇa afa no, wɔfrɛ wɔn rajo-guṇa. guṇa ɛbiɛsa Tamasā. Enti won anigye nyinaa gyina mprenpren honam dua yi mu, Wɔnfa ho koraa, nea ebesi biara, Na wonni nimdeɛ biara ɛfa tebea a wɔwɔ mu bere a atwa mu no. Wakyerekyere mu babi foforo: nūnaṁ pramattaḥ kurute vikarma (SB 5.5.4) Pramattaḥ, tesɛ nea n'adwene mu ka no ana, nea w'abɔ dam. Onnim nea enti a w'abɔ dam. Ne werɛ afi. ɛna ne ndeyɛe nso kyerɛ sɛ, onnim nea ebesi daakye. ɔbodamfo. Enti saa anibue yi, abaefo anibuei yi, ɛte se ɔbodamfo anibuei. Wonni nimdee biara wɔ bra a atwam mu, mpo abrabo a eda wɔn anim no nso de ɛnnyɛ wɔn ahia sɛm koraa. Nūnaṁ pramattaḥ kurute vikarma (SB 5.5.4) Na wɔyɛ bɔne bebree efisɛ wonni nimdee wo ɔbra a atwa mu kɔ no mu. ɛte se ɔkraman pɛpɛɛpɛ. Onnim nea enti a w'awo no ɔkraman Ebio, onnim honam dua a eyi akyi obenya? enti ɔkraman bi, ebia bere bi a atwa mu no na ɔyɛ ɔmanpanyin nanso sɛ onya ɔkraman nipadua a, na ne werɛ afi. Eyi nso yɛ māyā akwan no bi Prakṣepātmikā-śakti, āvaraṇātmikā-śakti. Māyā wɔ tumi abien a ɔfaso ye n'adwuma Sɛ obi afa ɔkraman nipadua esiane ne bɔne bi a w'ayɛ bere bi a atwa mu a, na sɛ ɔkae sɛ "na meyɛ omanpanyin; mprenpren yi de w'awo me ɔkraman a, ɔrentumi ntena ewiase yi mu Eyi nti māyā akata ne nimdeɛ so korakora Mṛtyu. Mṛtyu ase kyerɛ ne sɛ wowerɛ befi biribiara. Wofrɛ eyi se mṛtyu. Enti yenya osuahu adekyee ne adesae biara Sɛ ade asa na yɛda so dae wɔ tebea foforo, abrabo foforo bi mu a yɛn werɛ fi yɛn honam yi, sɛ me na me da hɔ no. Me nipadua yi ada wɔ ofi fɛfɛ bi mu, mpadua fɛfɛ bi so". Dabi. Yɛnfa nyɛ nfantoho sɛ ɔnam lɔɔre kwan bi so anase, ɔwɔ bepɔw bi so. Enti ɔrekasa, wɔ dae mu, ɔrekasa... Obiara, yenya anigye bi wɔ saa nipadua no mu. Yɛn werɛ fi honam dua a ɛtwam no. Enti eyi yɛ enfin. Enti enfin, yɛre twe yɛn ho afi enfin tebea mu akɔ nimdeɛ mu no, na y'abrabɔ aye nkunim. Na sɛ yɛtra enfin tebea mu de a eyi nnyɛ nkumin di. Na yɛre sɛe yɛn bra. Enti yɛn Kṛṣṇa som yi botae ne sɛ yɛbɛ twe nipa afi enfii tebea mu akɔ nimdeɛ mu. Eyi ne Vedic kyerew kronkron no botae: Sɛ yebegye nipa nkwa. Kṛṣṇa akasa wɔ Bhagavad-gītā kyerew Kronkron no mu fa n'asuafo ho - ɛnyɛ obiara - teṣāṁ ahaṁ samuddhartā mṛtyu-saṁsāra-sāgarāt (BG 12.7) Ebio:

teṣāṁ evānukampārtham
aham ajñāna-jaṁ tamaḥ
nāśayāmy ātma-bhāva-stho
jñāna-dīpena bhāsvatā
(BG 10.11)

Ne titiriw, ɛfa n'asuafo ho.. Ose, ɔte obiara koma mu, nanso osuafo a ɔrebɔ ne ho mmɔden ate Kṛṣṇa n'asɛm ase no ɔboa onyaa no. ɔboa no. Wɔn a wonnyɛ asuafo no nso de..... wɔte sɛ sɛbe mmoa - wodidi, wɔda, wɔfa wɔn ho, na wɔbɔ wɔnho ban. ɛnfa wɔn ho sɛ wɔbenya Nyankopɔn asɛm no mu ntease anaa sɛ wɔne Nyankopɔn bedi nkita ho. Wɔn de w'adwene ara ne sɛ Nyankopon bi nni baabi, ɛna Kṛṣṇa nso akyerɛ wɔn sɛ, "Yiw, Nyankopon bi nni baabi. Enti wode da" Eyi nti sat-saṅga ho hia. Saa sat-saṅga, satāṁ prasaṅgāt yi. Sɛ yɛne asuafo nya yɔnkofa a yɛn kɔn bɛdɔ sɛ yɛbɛ hwehwɛ Nyankopon akyi kwan. Enti asore nkorabata ho hia ɛho nhia sɛ yɛbebue nkorobata bebree Daabi. ɛwɔ hɔ sɛ ɛbɛboa nnipa nyinaa.