AK/Prabhupada 0004 - Nnye nkwaseasɛm biara kɛkɛ nni



Lecture on BG 10.2-3 -- New York, January 1, 1967

ɔkwan no yɛ...Eyi nso w'akyerɛ mu wɔ Bhagavad-gītā no mu. Tad viddhi praṇipātena paripraśnena sevayā (BG 4.34). Se wo pe sɛ wote saa nkyerɛkyerɛ mapa yi ase yiye a, ɛsɛ wo sɛ wo fa saa ɔkwankyere yi so. ɔkwankyerɛ no ne nea ɛwɔ he? Tad viddhi praṇipātena. ɛsɛ sɛ wo gyae wo ho. Ade koro no ara: ɛte se namanta eva. Sɛ w'annyɛ osetie a, worentumi nnyɛ ɔkra ahobrɛase ni. Na ɛwɔ he? Praṇipāta. ɛhe na wo behu onipa a "ɔno ni...Onipa a metumi agyae me ho mama no no oni"? Eyi kyerɛ yɛn sɛ yɛbɛsɔ akra ahwɛ kakra na yenhu bea a yebegyaa yɛn ho. Nimdeɛ a ɛte sɛɛ de ɛsɛ sɛ wonya. Nnyae wo ho mma obi hunu biara kɛkɛ. ɛsɛ wo sɛ...Na mmom, ɔkwan bɛn so na yɛbe hu saa nimdefo ana onipa hunu yi? Eyi nso śāstra no akyerɛ mu. W'akyerɛ mu wɔ Kaṭha Upaniṣad mu. Tad viddhi praṇipātena pari... [Bg. 4.34]. Kaṭha Upaniṣad akyerɛ mu se tad-vijñānārthaṁ sa gurum evābhigacchet śrotriyaṁ brahma-niṣṭham [MU 1.2.12]. Saa śrotriyam yi ase kyerɛ sɛ nea w'ate afi ne kyerɛkyerɛfo ano na ɔkyerɛ mu saa ara kyerɛ n'asuafo. Na den na ebedi adanse sɛ w'ate afi ne kyerɛkyerɛfo ano na ɔkyerɛ no sa ara kyerɛ n'asuafo.? Brahma-niṣṭham. Brahma-niṣṭham ase kyerɛ ne sɛ ɔwɔ gyedi mapa wɔ Otumfo Nokwarefo no mu. Enti ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wogyae wo ho. Praṇipāta. Praṇipāta ase kyerɛ sɛ prakṛṣṭa-rūpeṇa nipātam, akyinnye biara nni ho. Sɛ wo hyia onipa a ɔte sa a, brɛ wo ho ase fama no.Praṇipāta. Bɔ woho mmɔden som no, bɔ woho mmɔden sɔ n’ani, na bisa no nsɛm ahobrɛase mu. Biribiara bɛda adi pefee. ɛse sɛ wohwehwe nyamesuro ni nimdefo a ɔtesɛ na wobre woho ase kotow no. Sɛ wobrɛ woho ase ma saa onipa no a, na w'abrɛ woho ase ama Awurade efisɛ ɔye Awurade nsiananmu. Wo wɔ ho kwan sɛ wo bisa no nsɛm, ɛnyɛ bere sɛe, na mmom sɛ wobɛte ase. Eyi ne paripraśna no. Akwan kyerɛ no ni. Eyi nti biribiara wɔ hɔ. Nea ehia ne sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Na sɛ yɛamfa saa akwankyerɛ yi annyɛ adwuma na yɛbɛ sɛe yɛn bere wɔ asanom ho ɛne nsɛm hunu ne nneɛma a ɛmfata a, oh, ɛrennyɛ yie da. Wonte Nyankopɔn ase da. Efisɛ Nyame asomfo akukudam ɛne atumfo mpo ntumi nte Nyankopɔn ase. Yɛn ahoɔden yɛ ahe? Enti eyi ne akwan kyerɛ no. Na sɛ wo di saa asammūḍhaḥ, asammūḍhaḥ, sɛ wo di saa nhehyɛe yi so a, na nkakrankakra, asammūḍhaḥ, akyinnye biara nni mu. Sɛ wo yɛ.....Pratyakṣāvagamaṁ dharmyam. Sɛ wo di akwan kyere yi so a, woara wobɛte ase sɛ, "yiw, mere nya biribi." ɛnte sɛ nea woreyɛ ade a wonte ase no. Sɛ woredi akwan kyerɛ yi so no, na worenya mu ntease. ɛte sɛ nea wodi aduan a ahoɔden wɔ mu a, wo nya atenka bi sɛ w'anya ahoɔden, na w'amee no. ɛho nhia sɛ wo bebisa obi. woara wonya atenka no. Saara, sɛ wo di ɔkwan trenee ɛne nkyerɛkyerɛ no so a, wo bɛ te ase sɛ "Yiw, mere tu mpon". Pratyakṣa... Ti akron no Ose, pratyakṣāvagamaṁ dharmyaṁ susukham. ɛnnye den koraa. na, wobɛyɛ no anigye so. Na dɛn ne akwankyerɛ yi? Yɛbɔ Awurade din kronkron Hare Kṛṣṇa na y'adi aduan a w'ahyira so, kṛṣṇa-prasāda na y'asua Bhagavad-gītā nkyerɛkyerɛ, atie nnwom dɛdɛ. Eyi yɛ den anaa? Eyi yɛ den anaa? Daabi, koraa. Enti sɛ wo di akwan kyerɛ yi akyi a wobɛ yɛ asammūḍhaḥ. Obiara entumi emmu wo kwasea Na mmom sɛ wopɛ obi abu wo kwasea de a, asisifo nnyɛ na. Enti mommɔ fekuw a asisifo ahye mu ma. ɛno ara ne sɛ wobedi paramparā nhyehyɛe yi so sɛnea Kṛṣṇa akyere ase wɔ Vedic nkyerɛkyerɛ no mu no. Bɔ mmɔden nya saa ntease yi fi nimdefo nkyɛn na fa bɔ wo bra. Na afei asammūḍhaḥ sa martyeṣu. Martyeṣu kyerɛ sɛ....Martya kyerɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn owu. w'asiesie woh ho ama owu Wɔn ne hefo? Akra yi, efi Brahmā so de kosi ɔtatea so. Wɔn nyinaa yɛ martya. Martya ase kyerɛ sɛ, bere bi reba a wɔ bewu Enti martyeṣu. Teaseawu fo nyinaa mu no, ɔno ne nimdeɛfo kɛse. Asammūḍhaḥ sa martyeṣu. Aden? Sarva-pāpaiḥ pramucyate. W'anya fawohodi afi bɔne mu Ewiase yi mu de, me kyerɛ sɛ, yenim o, yennim o, yɛnyinaa yɛ bɔne dabiara. Enti ɛsɛ sɛ yefi saa tebea yi mu. Na, yɛbɛyɛdɛn atwe yɛn ho? Eyi nso wakyerɛw no Bhagavad-gītā mu. Yajñārthāt karmaṇo 'nyatra loko 'yaṁ karma-bandhanaḥ (BG 3.9). Nea woyɛ no, yɛ ma Kṛṣṇa nkutoo. Yajña asekyerɛ ne sɛ Viṣṇu anasɛ Kṛṣṇa. Sɛ wo yɛ ade nyinaa ma Kṛṣṇa nkutoo a, wo nne ka biara. Śubhāśubha-phalaiḥ. Yɛyɛ nea ɛho tew anasɛ ɛho ntew. Nanaso, nea ɔsom Krishna de ne bra ato hɔ ama no no, ɔne nea ɛhotew anaa ɛho ntew nni twaka biara Efisɛ ɔde ne ho ato ahotewfo nyinaa agya Kṛṣṇa so. Enti sarva-pāpaiḥ pramucyate. Onya fawohodi fi bɔne nsunsuanso nyinaa ho. ɔkwankyerɛ no ni. ebio, se yedi saa kwankyere yi so a, yene Kṛṣṇa behyia adi nkitaaho Na yɛn bra besi yɛn yiye. Akwankyerɛ no nnyɛ den koraa, na obiara betumi de abɔ ne bra. Meda mo ase.