AK/Prabhupada 0009 - Owifo a ɔsakrae bɛyɛɛ Nyame somfo



Lecture on SB 1.2.12 -- Los Angeles, August 15, 1972

Kṛṣṇa aka wo Bhagavad-gītā: se (BG 7.25) nāhaṁ prakāśaḥ sarvasya yoga-māyā-samāvṛtaḥ ɛnnyɛ obiara na me yi me ho adi makyerɛ no. Yogamāyā, yogamāyā tesɛ nkataso. Entii ɔkwan bɛn so na wobɛfa ahu Nyame? Nanso saa nsɛmhunu yi rekɔ so, sɛ "Wo betumi akyerɛ me Nyame? Wahu Nyame?" Yɛde Nyame ayɛ agoru de bi a yɛ de bɔ yɛn nkuro. "Nyame ni. ɔye Nyame ne nsiananmu." (BG 7.15) Na māṁ duṣkṛtino mūḍhāḥ prapadyante narādhamāḥ Wɔyɛ abonefo, ndadaafo, nkwseafo, nkoaa. Wɔbisa saa:"Wo betumi akyerɛ me Nyame?" Dɛn nyinaso na wɔanya a wobetumi de ahu Nyame? Enyinaso no ni. ɛno ne nea ɛwɔ he? Tac chraddadhānā munayaḥ. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ ɔwɔ gyedi. Gyedifo. Śraddadhānāḥ. ɛse sɛ n'ani bere sɛ obehu Nyame. ɛnnye se nnaadaa sɛm bi, "Wobetumi akyerɛ me Nyame?" Nkonyaa bi, ɛtesɛɛ nea Nyame yɛ nkonyaa bi. Daabi. ɛse sɛ n'ani bere: "Yiw. Sɛ Onyame wɔ hɔ a..... Y'ahu, yɛate Nyame ho nsɛm. Enti ɛsɛ sɛ me hu." Mɛka mo asɛm bi de akyerɛ mu. ɛho hia. montie. Obi a n'adwuma ara ne sɛ ɔkenkan Bhāgavata, edidi ho, na dabi ɔresusuw Kṛṣṇa ne tebea de akyerɛ atiefo bi, sɛ wɔde agude bebree na asiesie no, na wɔsoma no ma ɔde anantwi kɔ adidi wɔ pɔw mu. Owifo bi bae saa nhyiam yi ase bi. Enti ɔyɛɛ n'adwene sɛ "Den nti na menko Vṛndāvana na menkɔ bɔ abɔfra yi apoo ngye n'agude yi? ɔwo pɔw mu na w'ahyehyɛ agude bebree. Metumi akɔ hɔ m'akɔ kyere abofra yi agye n'agude no nyinaa." Adwene a ɔfae ni. Enti na n'ani abere sɛ "mɛhwehwɛ abofra yi. eyi dakoro anadwo bi pɛ mɛdan osikani. Agude bebree. Daabi". Enti ɔkɔe hɔ nanso ne nyinaso ara ne sɛ "ɛsɛsɛ sɛ mihu Kṛṣṇa ɛsɛsɛ mihu Kṛṣṇa. "Saa nsiyɛ ne atenka yi ma ohuu Kṛṣṇa wɔ Vṛndāvana. Ohuu Kṛṣṇa sɛnea wɔakyerɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti ohuu no no, "Oh, oh, Kṛṣṇa sɛ wo ho yɛfɛ sa". Enti ofiti ase dadaa no. Osusuwii sɛ " mede nnadaa begye n'agude no nyinaa". Enti bere a ɔde n'anantese too n'anim no, "Mensesaw w'agude yi bi anaa? Wo yɛ osikani mapa." "Dabi, dabi, dabi, Wo...Me maame bo befuw. Merentumi..." Sɛ Kṛṣṇa yɛ abɔfra. Enti n'ani gyei Kṛṣṇa ho sɛ ɔbɛfa no yɔnko. Afei de...esiane ɔne Kṛṣṇa ayɔnkofa yi nti, ne ho tewee korakora. Afei, awiei no Kṛṣṇa kae se, "Eye, wobetumi asesaw." ɛhɔara na ɔsakrae bɛyɛɛ okyidifo. Esiane Kṛṣṇa ayɔnko fa no nti...

Enti ɔkwan biara so no ɛsɛsɛ yɛne Kṛṣṇa di nkitaho. ɔkwan biara so. ɛno na yɛn ho bɛtew.