AK/Prabhupada 0027 - Wonnim sɛ ewiase foforo bi wɔ hɔ



Lecture on CC Adi-lila 7.1 -- Atlanta, March 1, 1975

Enti (ɔkenkan) "Onipa a ɔwɔ honam dua yi mu asase yi so de, tebea a ɔwɔ mu no, ogye ne ho a ennye. Na ɔkra a w'abɔ no atrae wɔ ewiase yi mu, a ɔhyɛ ndadaa tumi ana māyā ase no osusuw sɛ ne man, abusua, nnamfo ɛne ɔdɔ abɔ ne ho ban. onnim sɛ sɛ owu bere so a eyi nom mu biara entumi ennye no nkwa." Eyi na wɔfrɛ no māyā no. Nanso onnye nni. Sɛ ɔhyɛ māyā nnadaa ase no nti, ɔnte ogye ase Ogye. Ogye kyerɛ sɛ wobegye woho afi saa awo ne owu ntoatoaso yi mu. Eyi na ɛkyerɛ ogye ase. Nanso wonnim (ɔkenkan) "Ewiase abɔde ho mmara no no yɛ fenenkyemm enti wiase agyapade mo biara enni hɔ a ebegye yɛn afi owu titm ɔden fo nsam." Obiara nim saa asɛm yi. Eyi ne yɛn atiben kɛse. Hena na onsuro owu? Obiara suro owu. Adɛn nti? Efisɛ ɔkra teasefo biara, ɛnsɛsɛ owu. Ɔkra no onwu; Enti awo, owu, nkokorabɔ ne ɔyare saa nneɛma yi yɛ ɔhaw ma no Esiane sɛ onwu no nti, awo nso enni hɔ ma no, na jāyate, na nea w'anwo no no, owu nso enni hɔ ma no, na mriyate kadācit. Eyi ne yɛn tebea ankasa. Entii yesuro owu. Saa na wɔbɔ yɛn.

Enti sɛ yebegye yɛn ho afi owu nsam no... Eyi asɛnhia kɛse ma nipa nyinaa. Eyi nti na yɛrekyere amansan nyinaa saa Kṛṣṇa so yi. Ɛsesɛ obiara de yɛ ne botae. Eyi na kyerɛw sɛm ka. Wɔn a wɔyɛ abanbɔfo... Aban, agya, ɔkyerɛkyerɛfo, wɔyɛ mmɔfra abanfɔfo Ɛsɛ wɔn sɛ wohu, ɔkwan a wɔde banbɔ bɛma wiase....... Na mocayed yaḥ samupeta mṛtyum. Enti saa nkyerɛkyerɛ yi wɔ he wo wiase yi mu? Nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ sa. Kṛṣṇa som yi nkutoo na ɛde saa nkyerɛkyerɛ yi reto gua ɛnnyɛ sɛ tirimbɔ na mmom efi kyerɛwsɛm mapa śāstra ana Vedic kyerɛw kronkron mu. Enti eyi ne yɛn abisade. Adasa mma enti yɛrebue bue asɔre yi nkorabata wɔ wiase aman nyinaa so esiane sɛ wonnim abrabɔ ne botae, ebio, wonnim sɛ owu akyi abrabɔ bi wɔ hɔ bio. Saa ade yi wonnim. Akyinnye biara enni hɔ sɛ abrabɔ bi twɛn yɛn owu akyi na wobetumi de wo mprenpren bra a worebɔ no asiesie wo ho ama saa owu akyi bra no. Wobetumi akɔ ɔsoro akɔbɔ bra ama woho atɔ wo. Wobetumi nso atena asase yi so any banbɔ papa". Banbɔ kyerɛ sɛ saa wiase abrabɛ yi. Sɛnea w'adi kan aka no,

yānti deva-vratā devān
pitṟn yānti pitṛ-vratāḥ
bhūtāni yānti bhūtejyā
mad-yājino 'pi yānti mām
(BG 9.25)

Wobetumi asiesie woho ama abrabɔ pa wɔ ɔsoro ahenman mu anasɛ atrae papa bi wɔ ewiase ha ana sɛ wobɛkɔ asaman atrae wɔ asase a awudifo na edi so no. Ana, wobɛkɔ atrae, baabi a Kṛṣṇa wɔ no. Ne nyinaa hyɛ wonsa Yānti bhūtejyā bhūtāni mad-yājino 'pi yānti mām. Sie sie wo ho Te se nea woyɛ abɔfra a wosua ade se wobɛyɛ nipa titiriw daakye nti obi bɛyɛ odunsini (Dɔkita), obi bɛyɛ ɔtenbuafo, ebi bɛyɛ nipa atitiriw eyi nyinaa wɔna adesua so siesie wɔn ho. Saa ara na wonso wobetumi asiesie woho ama daaky asetena owu akyi. Asɛm yi ne nte ase nnyɛ den koraa. Nanso wonnye nni sɛ owu akyi nkwa bi wɔ hɔ. Nanso eyi yɛ nyansasɛm. Nokware, nkwa bi wɔ owu akyi esiane sɛ Kṛṣṇa aka Sɛ yɛde yɛn nyansa kakra to ho nso a yɛbɛte saa asɛm yi ase, sɛ ɔbra bi wɔ hɔ owu akyi Enti, nea yɛreka ato gua ara ne sɛ "Se wopɛ sɛ wo siesie woho ma wo wu akyi abrabɔ a, ɛne dɛn nti na wonsiesie wo ho prɛko sɛ wobɛkɔ ɔsoro ahenman mu?" Eyi ne yɛn abisade.