AK/Prabhupada 0038 - Yɛnya nimdeɛ fi Vedas mu



Lecture on BG 7.1 -- Hong Kong, January 25, 1975

Kṛṣṇa wɔ hɔ. Yɛwɔ Kṛṣṇa mfoni, Kṛṣṇa mfoni, Kṛṣṇa asɔre dan, Kṛṣṇa bebree. Wɔyɛ papa. Ɛnnyɛ ade aobi abɔ ne tirim ayɛ. Māyāvādī fo susuw sɛ "Wobetumi abɔ wo tirim" Daabi. Awurade nnyɛ Obi a wɔbɔ wɔn tirim ehu no. Eyi yɛ sɛbe nkwasea adwene. Ɛye dɛn na wobɔ wo tirim hu Nyame? Na Awurade ayɛ ade a wɔbɔ wɔn tirim ehu. Biribi hunu. Eyi nnyɛ Awurade. Nea wɔbɔ wɔn tirim ehu, eyi nnyɛ Nyame. Awurade ayi ne ho adi akyerɛ wo, Kṛṣṇa. Ɔba yɛn wiase yi mu ha. Tadātmānaṁ sṛjāmy aham, sambhavāmi yuge yuge. Enti wɔn a w'ahu Awurade no, monnye ɔkwankyerɛ wɔ wɔn nkyɛn.

tad viddhi praṇipātena
paripraśnena sevayā
upadekṣyanti te jñānaṁ
jñāninas tattva-darśinaḥ
(BG 4.34)

Tattva-darśinaḥ. Sɛ w'anhu a ɛyɛ dɛn na wodi nokware no ho adanse kyerɛ afoforofo? Enti wobetumi ahu Awurade, ɛnnyɛ abakɔsɛm mu nko. Abakɔsɛm mu no,bere a Kṛṣṇa baa ewiase ha no, ɔko a esii Kurukṣetra no, baabi a wɔkaa Bhagavad-gītā no, eyi yɛ abakɔsɛm mu nokware. Enti, yehu Bhagavān Śrī Kṛṣṇa ɛwɔ abakɔsɛm mo na yesan hu no wɔ śāstra (kyerɛwkronkron) mu nso. Śāstra-cakṣusā. Sesei de Kṛṣṇa enni ha ɔhonam mu Nanso yɛkenkan śāstra ehu Kṛṣṇa ne su ɛne ne ban.. Enti, śāstra-cakṣusā. Śāstra... Egyina wo so, sɛ wobɛhu no mpu ne mpu anasɛ wobe hu no śāstra...mu Wpbehu no yiye wɔ śāstra mu asen sɛ wobehu no mpu ne mpu. Enti yɛn nimdeɛ, wɔn a wodi Vedic nhyhyɛe so no, wɔn nimdeɛ efi Veda no mu. Wɔn mmɔ wɔn tirim enhwehwɛ nimdeɛ. Se wote biribi ase ɛwɔ Veda no mu a, ɛyɛ nokware. Enti yɛnam Veda no so ɛte Kṛṣṇa ase. Vedaiś ca sarvair aham eva vedyaḥ (BG 15.15). W'aka asɛm yi wɔ Bhagavad-gītā mu. Wo entumi mmɔ wo tirim enhu Kṛṣṇa. Asisifo be se, "Mebɔ me tirim," eyi yɛ asisisɛm. Ɛse sɛ wofa Vedas no so ehu Kṛṣṇa. Vedaiś ca sarvair aham eva vedyaḥ (BG 15.15). Eyi ne botae a ent yesua Vedas no. Enti wɔfrɛ no Vedānta. Kṛṣṇa ho nimdeɛ no yɛ Vedānta.