AK/Prabhupada 0062 - Hu Krishna dɔnhwerew aduonu anan



Lecture on SB 1.8.18 -- Chicago, July 4, 1974

Prabhupāda: Ārādhito yadi haris tapasā tataḥ kiṁ. Sɛ mo som Kṛṣṇa a, ɛho nhia sɛ mo bɛku mo ho.... Efi sɛ ɔkwan a wɔfa so som Awurade dɔɔso, ɔbrɛ, amanehunu. Berebi wɔ hɔ a yɛkɔ kwae mu, sɛ yɛkɔ hwehwɛ Awurade. Akwan no dɔɔso, nanso kyerɛw kronkron śāstra kyerɛ yɛn sɛ sɛ woresom Kṛṣṇa a, ārādhito yadi haris tapasā tataḥ kiṁ, enhia sɛ wobɛku wo ho. narādhito, narādhito yadi haris tapasā tataḥ kim, sɛ wokɔ ɔhaw ne ɔbrɛ mu, na w'anhu Kṛṣṇa a na mfaso bɛn na ɛwɔ so? Narādhito yadi haris tapasā tataḥ kim, antar bahir yadi haris tapasā tataḥ kiṁ. Saa ara, sɛ wo ne Kṛṣṇa bedi nkitaho dabiara, eyi ne ɔhaw nyinaa awiei. Enti Kṛṣṇa aka bio, Kuntī se Kṛṣṇa te yɛn mu de, nanso, esiane sɛ yenni ani a wɔde hu No nti, "alakṣyam, yenhu no." Nhwɛso ne sɛ, Kṛṣṇa baa bea a Kurukṣetra ɔko no sii no, anuanom baanum Pāṇḍavafo ɛne wɔn maame, mama Kuntī, wɔn anhu sɛ Kṛṣṇa ne Awurade no. Ɛne nipa kakraa a na ɛka ho. Enti bere a Kṛṣṇa wɔ asase yi so no, obi faa No sɛ nipa hunu bi. Avajā..., avajānanti māṁ mūḍhā mānuṣīṁ tanum āśritam. Esiane ɔdɔ a ɔwɔ ma adasamma nti, ɔbaa asase yi so. Nanso,esiane sɛ wonni ani no nti w'anhu no. Enti, Kuntī se, alakṣyam, "Yentumi mfa yɛn ani yi enhu wo, Wo yɛ antaḥ bahiḥ, sarva-bhutanam." Ɛnnyɛ sɛ antaḥ bahiḥ ma asomafo nko - obiara. Kṛṣṇa te koma biara mu, īśvaraḥ sarva-bhūtānāṁ hṛd-deśe. hṛd-deśe, Kṛṣṇa te koma yi mu. Enti, yoga ɔdadwene no botae ne sɛ wobɛhwehwɛ Kṛṣṇa wɔ koma no mu. Eyi ne ɔdadwene no. Enti bere biara Kṛṣṇa gyinabea tra ewiase adwene so. Sɛ yenya saa ntease yi ma Kṛṣṇa som no de a, na yɛgyae bɔne yɛ a, Esiane nɛ woyɛ bɔne a wonhu Kṛṣṇa ana wonte n'ase no nti ɛnnyɛ yie. Na māṁ duṣkṛtino mūḍhāḥ prapadyante narādhamāḥ. Wɔn a wɔyɛ duṣkṛtinaḥ... Kṛti ase kyerɛ sɛ, ɛfata; nanaso duṣkṛti, ade a ɛfata no yɛde toto bɔneyɛ ho. Enti, yɛn adesrɛ ne sɛ... Ɛnnyɛ adesrɛ, yɛn mmara no ne sɛ onipa begyae bɔne yɛ. Nneɛma anan a ɛma yɛyɛ bɔne ne nna edi aware anim,nam di, asanom ɛne kyakyatow. Enti yetu yɛn asuafo no fo..., yɛbra wɔn fi ho anyɛ saa a wɔbɛhwe ase. Efisɛ ɔbɔnefo ntumi nte Nyankopɔn ase. Ɔkwan bi so, ɛsɛ sɛ yedi mmara ne som pa so, ebio, ɛsɛsɛ yegyae bɔne yɛ. Saa na Kṛṣṇa beyi ne ho adi akyerɛ yɛn, na wone Kṛṣṇa bedi nkitaho. Kṛṣṇa adaworoma.Kuntī ne Kṛṣṇa kasa sɛ ne wɔfase. saa ara, wo betumi ne Kṛṣṇa akasa se wo ba, ana wo kunu, wodɔfo, w'adamfo anaa wo wura, sɛ wopɛ no biara. Enti, ɛyɛ me anigye bebree sɛ m'abehu Chicago asɔre dan yi. Moabɔ mo ho mmɔden, na mo Asa yi nso yɛfɛ yiye. Mehyɛ mo nkuran sɛ mo bɛkɔ so asom Kṛṣṇa. Eyi bɛma mo bra asi mo yiye. Me da mo ase paa.

Asuafo: Jaya! Hari bol! Nkunimdi yɛ Awurade de!