AK/Prabhupada 0069 - Mere nwu



Conversation Pieces -- May 27, 1977, Vrndavana

Kīrtanānanda: Yɛn ani ntumi nnye wɔ bere a wonte apɔw.

Prabhupāda: Mete apɔw bere biara.

Kīrtanānanda: Dɛn nti na wonfa wonfe mma yɛn?

Prabhupāda: Sɛ mihu sɛ nneɛma rekɔ so fɛfɛɛfɛ a, na m'ani agye. Dɛn ne ɔhaw wɔ honam dua yi ho? Honam dua yɛ honam dua. Ɛsono yɛn na ɛsono honam dua yi.

Kīrtanānanda: Ɛnnyɛ Purudāsa na ɔde ne mfe sesaa ne papa mfe no?

Prabhupāda: Hm?

Rāmeśvara: Yayāti. Ɔhene Yayāti na ɔde ne mfe dii bata no

Kīrtanānanda: ɔde ne ba nfe. Wo bɛtumi ayɛ saa ara.

Prabhupāda: (serew). Hena?

Rāmeśvara: Ɔhene Yayāti.

Prabhupāda: Ah. Yayāti. Daabi, adɛn? Mo yɛ me honam. Enti monkɔso ntena ase. Nsonsonoe biara enni mu. Ɛte sɛ nea mereyɛ adwuma, enti me Sɔfo pɔn (Guru Mahārāja) wɔ hɔ, Bhaktisiddhānta Sarasvatī. Ɔhonam mu de onni hɔ, nanso ade biara mu no ɔwɔ hɔ. Ɛyɛ me sɛ m'akyorɔ saa asɛm yi.

Tamāla Kṛṣṇa: Yiw, ɛwɔ Bhāgavatam no mu sɛ, nea ɔne no te no, ɔbɛtena ase afebɔɔ. Nea ɔkae ne nsɛm no ɔtena ase afebɔɔ."

Prabhupāda: Enti, menwu. Kīrtir yasya sa jīvati: "Nea w'ayɛ ade titiriw no, ɔtena ase afebɔɔ." Onwu. Mprenpren abrabɔ yi nso saa ara.... Eyi yɛ honam afa de, karma-phala. Sɛnea yɛn nnwuma te no ɛsɛ sɛ wo gye honam dua foforo. Nanso, ɔsomfo de biribi saa enni hɔ ma no. Berebiara ogye honam dua a ɔde bɛsom Kṛṣṇa. Enti karma-phala enni hɔ ma no.