AK/Prabhupada 0073 - Vaikuntha kyerɛ sɛ baabi a ayɛmhyehye enni hɔ



Lecture on BG 10.2-3 -- New York, January 1, 1967

Ɛnnyɛ sɛ saa kuw yi mu ɛsɛ sɛ woyɛ eyi. Wobetumi asua saa som yi, na wode abɔ bra wɔ wo fie. Wobetumi anoa nnuan yi bi wɔ wo fie, fa bɔ afɔre ma Kṛṣṇa. Ɛnnyɛ den. Dabiara yɛyɛ nnuan ahorow de bɔ afɔre ma Kṛṣṇa na y'abɔ mpae no,

namo brahmaṇya-devāya
go-brāhmaṇa-hitāya ca
jagad-dhitāya kṛṣṇāya
govindāya namo namaḥ
(Viṣṇu Purāṇa 1.19.65)

Eno ara nen. Ɛnnyɛ den. Obiara betumi aye aduan de abɔ afɔre ama kṛṣṇā na w'adi, wobetumi ne wo nnamfo ana w'abusua atena ase na moabo mpae wɔ Kṛṣṇa nfoni no anim.

Hare Kṛṣṇa Hare Kṛṣṇa Kṛṣṇa Kṛṣṇa Hare Hare
Hare Rāma Hare Rāma Rāma Rāma Hare Hare

Na mommɔ bra pa. Monhwɛ aba a ɛbɛsow. Sɛ ofie biara, onipa biara de to ne ho so sɔ ɔbɛte Kṛṣṇa som yi ase a, ɛbɛ yɛ... Ewiase nyinaa bɛdan Vaikuṇṭha. Vaikuṇṭha kyerɛ sɛ baabi a ɔdadwene enni hɔ. Vaikuṇṭha.Vai kyerɛ sɛ enni hɔ, ɛna kuṇṭha kyerɛ sɛ ɔdadwene. Ɔdadwene ahyɛ asase yi so ma. Sadā samudvigna-dhiyām asad-grahāt (SB 7.5.5). Esiane sɛ y'afa ɔhonam abrabɔ a ɛwɔ awiei yi ato yɛn ho so, enti berebiara dadwene ahyɛ yɛn ma. Nea ɛbɔ ewiase abrabɔ yi anim yɛ ɔsoro ahenman, saa honhom bea yi wɔfrɛ no Vaikuṇṭha. Vaikuṇṭha kyerɛ sɛ dadwene enni hɔ. Yɛ pɛ sɛ yegyaa yɛn ho fi dadwene mu. Obiara rebɔ ne ho mmɔden sɛ obeyi ne ho afi dadwene mu nanso, onnim ɔkwan a ɔbɛfa so afiri dadwene yi mu. Asanom entumi nnyi wo dadwene. Ɛyɛ aduru. Ɛyɛ ɔdadaafo. Bere tiaa bi wo werɛbefi wo dadwene no nanso, nsa no tetew w'ani so a dadwene koro yi ara daso wɔhɔ. Enti eyi remmoa wo. Sɛ w'asi wobo sɛ wopɛ fawohodi afi dadwene ho a, na wobɔ bra a anigye ne nimdeɛ ahyɛ no ma de a, mekamfo ɔkwan yi de ama wo Ɔkwan no ni. Ɛsɛ sɛ wote Kṛṣṇa ase. W'akyerɛ mu pefee wɔ ha sɛ na me viduḥ sura-gaṇāḥ (BG 10.2). Obiara ntumi nte ase. Nanso ɔkwan bi wɔ hɔ. Sevonmukhe hi jihvādau svayam eva sphuraty adaḥ (Brs. 1.2.234). Eyi ne ɔkwan no. Śrīmad-Bhāgavatam akyerɛ saa ɔkwan yi baabi bebree wɔ akwan ahorow so. Baabi wɔ hɔ a w'akyerɛ mu se

jñāne prayāsam udapāsya namanta eva
jīvanti san-mukharitāṁ bhavadīya-vārtām
sthāne sthitāḥ śruti-gatāṁ tanu-vāṅ-manobhir
ye prāyaśo 'jita jito 'py asi tais tri-lokyām
(SB 10.14.3

Nkyerase yi yɛ anigye. W'akyerɛ mu se ajita, obiara nnim. Awurade din biako de Ajita. Ajita kyerɛ sɛ obi biara ntumi nni neso nkunim. Obi biara ntumi mmɛn no. Enti Ne din de Ajita. Enti, wɔbedi Ajita so nkunim. Ajita jito 'py asi. Yennim Awurade na yɛntumi nni Awurade so nkunim, Nanso, W'adi ne so nkunim. Dɛn? Sthāne sthitāḥ.