AK/Prabhupada 0084 - Som Krishna



Lecture on BG 2.22 -- Hyderabad, November 26, 1972

Enti yɛn asɛm ara ne sɛ mobɛhwehwɛ nimdeɛ afi Kṛṣṇa nkyɛn. Ade nyinaa so tumfo no. Yegye kyerɛw kronkron śāstra, to mu, efisɛ nfomso biara enni ho. Nfomso enni ho. Bere a metu mpase wɔ nantwi dan no ho no, nantwi no agyanan dodow no ara wɔ hɔ Enti mekyerɛɛ m'asuafo no sɛ, Sɛ aboa anaa nipa agyanan na ano aboa wɔ ha a, anka obiara remma ha. Obiara remma ha. Nanso nantwi agyanan wɔ ha bebree, Na mpo yɛde anigye pase wɔ ha Ɛna Vedas kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, "Nantwi agyanan ho tew." Eyi ne kyerɛw kronkron śāstra no. Wobegye akyinnye sɛ, "Ɛyɛ dɛn na ɛho tew? ɛyɛ aboa agyanan." Nanso, Veda kyerɛw,...esiane sɛ nfomso ehhi ho no nti, sɛ ɛba akyinnyegye mpo a, yɛrentumi nsi so dua sɛ aboa agyanan ho tew, Nanso, ɛho tew. Eyi nti, Vedic nimdeɛ no yɛ kronn. Na sɛ yesua nimdeɛ fi Veda kyerɛw mu a yɛrensɛe bere wɔ mpɛnsɛn pɛnsɛm ho mu. Yɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ nhwehwɛ mu. Nanso biribiara wɔ Veda kyerɛw no mu. Dɛn nti na wosɛe wo bere?

Vedic nimdeɛ no ɛyɛ Awurade, ade nyinaa wura n'anum asɛm. Eyi ne Vedic nimdeɛ no. Apauruṣeya. Ɛnnyɛ nipa hunu bi tesɛ me na ɔkae. Enti, sɛ yegye Vedic nimdeɛ yi tu mu a, sɛ yegye tu mu a, ɛyɛ asɛm a Kṛṣṇa, anaa ne nsianan mu na aka yi de... Esiane sɛ Ne nsianan mu renka asɛm a Kṛṣṇa anka. Enti, ɔye ne nsianan mu. Kṛṣṇa asomfo yɛ ne nsiananmu fo. Esiane sɛ Kṛṣṇa ne somfo renka nsɛm hunu biara enti, gye sɛ asɛm a ɛfa Kṛṣṇa ho. Eyi ne soronko a ɛwɔ mu. Nipa hunu, ana asesafo de wɔka nsɛm a ɛnfa Kṛṣṇa ho. Kṛṣṇa se, man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī māṁ namaskuru (BG 18.65), Nanso ewiase abenfo asesaafo bɛka se, "Daabi. yɛnkasa mfa Kṛṣṇa ho. Yɛbɛka asɛm foforo. Eyi fi he? Kṛṣṇa aka se, man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī māṁ namaskuru (BG 18.65). Enti adɛn na wonni so?Adɛn nti na woka asɛm foforo: "ɛyɛ asɛm a ɛfa Kṛṣṇa ho? Mo be hu...Mempɛ sɛ mɛbɔ din. Ewiase nimdeɛfo asesaafo abu so. Wɔma saa nkyerɛmu yi. Enti ɛwɔmu sɛ Bhagavad-gītā yɛ nhoma a ɛbɔ India nimdeɛ ho dawuru Nanso nipa dodow no ara na wɔdadaa wɔn. Esiane sɛ asesaafo nimdeɛfo yi Esiane wɔ wɔdan asɛm no nti.

Yɛbɔ Bhagavad-gītā, Sɛnea esi te ho dawuru. Kṛṣṇa se, sarva-dharmān parityajya mām ekaṁ śaraṇaṁ vraja (BG 18.66). Ye se, yɛbɔ saa asɛm yi ho dawuru:n"Monsom Kṛṣṇa." Yɛ Kṛṣṇa okyidifo. Fa nidi ma No. Ɛsɛsɛ wode nidi ma obiara. Wonnyɛ owura. Ɛsɛsɛ wɛ dɛfɛdɛfɛ obi ansa na wanya ɔkwan asom. Sɛ mpo wowɔ dibea a edi mu a, ɛsɛsɛ wo dɛfɛdɛfɛ. Sɛ mpo wobɛyɛ ɔman panyin a, ɛsɛsɛ wo dɛfɛdɛfɛ wo manfo: "Mesrɛ mo sɛ montow aba mma me." Mesrɛ mo, mɛyɛ moapɛde nyinaa ama mo." Enti ɛsɛsɛ wodɛfɛdɛfɛ. Eyi yɛ nokware. Ebia wo ye nipa kunini bi. Nanso ɛsɛsɛ wɔ dɛfɛdɛfɛ obi Ɛsɛsɛ wosom owura bi. Dɛn nti na wonsom Kṛṣṇa ade nyinaa so tumfo no? Dɛn ne mo haw? Daabi, mɛsom awuranom mpem mpem nanso merensom Kṛṣṇa. Eyi ne yɛn adwene. "Megye akyerɛkyerɛfo mpem mpem at mu nanso, Kṛṣṇa de daabi. Eyi ne me tirimu pɔw. Enti ɛbɛyɛ dɛn na w'ani agye? Kṛṣṇa nkutoo na ɔma anigye.

bhoktāraṁ yajña-tapasāṁ
sarva-loka-maheśvaram
suhṛdaṁ sarva-bhūtānāṁ
jñātvā māṁ śāntim ṛcchati
(BG 5.29)

Eyi ne śānti ɔkwan kyerɛ no. Kṛṣṇa se monnye nto mu sɛ " Me na mo na mede mo megye m'ani.. Wonni anigye. Ɛnfa ho sɛ aho woyɛ ɔman panyin ana ɔkyerɛkyerɛfo; enfaho tebea a wowɔ mu Nanso w'ani rennye. Kṛṣṇa nkutoo na ɔma anigye. Ɛsɛsɛ mote ase. Ɔte sɛ mo.. M'aba, mereba, sɛ mebɛbua krataa a m'anya fi Andhra mmoa kuw no nkyɛn. Sɛ Kṛṣṇa ani ansɔ wɔn a dɛn na saa mmoa kuw yi bɛyɛ? Sɛ mobɛ gyigye ntoboa nkutoo? Daabi, ɛrennyɛ yie. Afei nsu retɔ. Afei mobenya ɛso mfaso. Nanso, Kṛṣṇa na ɔma nso tɔ, ɛnnyɛ nimdeɛ a wowɔ wɔ ntoboa gyigye ho.