AK/Prabhupada 0086 - Why There are Dissimilarities



Sri Isopanisad, Mantra 9-10 -- Los Angeles, May 14, 1970

Adɛn nti na nipa su gu ahorow? ɛyɛ bɔnwoma, ahɔre ne mframa na wɔde anwene wɔn nyinara, dɛn nti na wɔn nsɛ? Enti wonni saa nimdeɛ yi. Adɛn nti na nipa gu ahorow? wɔwo obi sɛ osikani; obi foforo nso , efi bere a wɔwoo no onnyaa n'ano aduan mpɛn abien dakoro mpo da ɔyɛ adwuma den de adɛn nti na saa nyiyimu yi? adɛn nti na obiako anya adom mmoroso ? na obiako nso de ohia aguare no saa? Enti, karma mmara no yɛ adwuma, ankorɛankorɛ biara.

Enti eyi yɛ nimdeɛ. Īśopaniṣad nhoma no kyerɛ yɛn sɛ anyad evāhur vidyayā anyad āhur avidyayā. Nipa a wonni nimdeɛ no yɛ wɔ ɔkwan a wɔfa so tu mpɔn wɔ wɔn nimdeɛ mu na nimdeɛfo nso wɔ ɔkwan a wɔnam so nya wɔn nimdeɛ Nipa bi mpɛ yɛn Kṛṣṇa som yi. Ɛyɛ wɔn nwowa Gargamuni ka kyerɛɛ me nnɛra anwumere sɛ nipa bisa no se, "hefa na monya sika bebree sɛɛ? Mototɔ mfiri dodow ne adan akɛse Na mohwɛ asɔremma boro aduosia dabiara, anigye so. Ɔkwan bɛn so na mofa yɛ saa? Nti ɛyɛ wɔn nwowa. Yɛn nso ɛyɛ yɛn nwowa sɛ saa asesaafo yi wɔyɛ adwuma den a mfaso a ɛwɔ so ara ne sɛ wɔbɛhyɛ wɔn afuru ma enti Bhagavad-gītā se, yā niśā sarva-bhūtānāṁ tasyāṁ jāgrati saṁyamī. Yehu sɛ saa nnipa yi reda wɔn nso wosusuw sɛ yɛsɛe yɛsn bere. Nsɛm abien yi bɔ abra. Adɛn? Esiane sɛ afanu nyinaa wo kwan soronko a wɔfa so di wɔn dwuma Afei, ɛsɛsɛ animdefo si nkongua na wɔkyrɛ nea ɔkwan a ɛyɛ nokware.

Saa nsɛm yi, Vedic kyerɛw kronkron no akyerɛ mu pefee. Kyerɛw foforo bio wɔ hɔ tesɛ Īśopaniṣad yi, saara, Garga Upaniṣad nso wɔhɔ Eyi yɛ nkitaho soronko bi a ɛkɔɔ so wɔ okunu ne ɔyere nimdee fo ntam bi ntam Okunu no rekyerɛ ɔyere no ade Etad viditvā yaḥ prayāti sa eva brāhmaṇa gargi. Etad aviditvā yaḥ prayāti sa eva kṛpanā. eyi yɛ nimdeɛ papa, obiara a.... sɛnea w'awo obiara saa ara na obiara nso bewu. akyinnye biara enni asɛm yi ho. Yebewu, wɔn nso saa ara, wobewu Wobetumi aka se "moredwene awo,owu, onyini kyɛ ne yare ho So moresua Kṛṣṇa som yi ho nimdeɛ nti anaa? saa abɔde nhyehyɛe ana yi wobenya fawohodi afiri mu Daabi. Eyi nnyɛ nokware. Nokware no ne sɛ, Garga Upaniṣad se etad viditvā yaḥ prayāti. Nea ohu nea ɔyɛ ansa w'awu no, sa eva brāhmaṇa, ɔyɛ brāhmaṇa. Brāhmaṇa...ɛde saa ahoma kronkron yi ama wo. Adɛn? Sɛ wobɛte abrabɔ mu ahintasɛm ase. Eyi ne brāhmaṇa. Vijānataḥ.Y'akan wɔ nkyekyɛmu yi mu, Vijānataḥ. Nea onim neɛma sɛnea esi te ansa ne wu no, ɔne brāhmaṇa no.