AK/Prabhupada 0104 - Stop the Cycle of Birth and Death



Lecture on BG 9.1 -- Melbourne, April 19, 1976

Puṣṭa Kṛṣṇa: Ɛyɛ dɛn na aboa ne sunsum tumi wura onipa dua mu?

Prabhupāda: Ɛte sɛ owifo a ɔda afiase. Ɛyɛ dɛn na onya ne fawohodi? Se bere a wɔde maa no afi ase no so a, na w'anya ne fawohodi sɛ owia ade bio a, ɔbɛsan akɔ afiase Enti nipa dua yi botae ne sɛ obenya ntease sɛnea mekyerɛmu yi, dɛn ne nipa abrabɔ mu botae titiriw? Mempɛ sɛ mewu; nanso mewu Mempɛ sɛ mɛbɔ akokorowa, nanso mɛbɔ akokorowa Janma-mṛtyu-jarā-vyādhi-duḥkha-doṣānudarśanam (BG 13.9). Eyi nti....ɛtese owifo ni mfantoho a medemaa wo no. sɛ onya ne fawohodi a, nɛ ɛyɛ n'adwene sɛ "adɛn nti na mekɔdaa afi ase abosom asia? ɛyɛ ɔhaw kɛse," na w'ayɛ onipa ankasa Saa ara, onipa betumi adwene akɔ akiri Sɛ ɔdwene sɛ "dɛn nti na mewɔ saa amanee yi mu a?' Ɛsɛ obiara sɛ ogye tu mu sɛ ɔwɔ amanee mu ɔpɛ sɛ n'ani begye, nanso onnya anigye Enti ɔkwan bɛn so na mɛfa anya saa anigye no? Saa akwangya yi wɔ onipa nsa mu Na sɛ ɛyɛ abɔde adom na menya nipa dua a, na sɛ y'ɛamfa anni dwuma pa, na yɛtow saa nhyira yi gu bɔ yɛn bra tesɛ nnyinamoa ne akraman anaa mmoa bi a ɛsɛ yɛn sɛ yɛfa aboa honamdua bio, na saa tebea no nso twam a edi mmere tenten fisɛ ɔkra no fa honam dua ahorow bebree mu Enti sɛ mmere yi nyinaa twam a wobenya nipa honam dua bio Ɛtesɛ mfantoho a medii kan demaa wo no. Sɛ owifo di ne mmere wɔ afi ase wie a, onya ne fawohodi Na odi bɔne bio a ɔbɛsan akɔ afi ase Enti awo ne owu ntoatoaso wɔ hɔ Sɛ yɛbɔ bra pa bere a yɛte honam dua yi mu a, saa awo ne owu ntoatoaso yi ɛto betwa Na sɛ y'amfa honam dua yi ammɔ bra pa a, yɛbɛ san akɔ awo ne owu tebea yi mu bio