AK/Prabhupada 0107 - Don't Accept Again Any Material Body



Lecture on BG 4.17 -- Bombay, April 6, 1974

Sɛ ɛyɛ osikani honam dua anaa ohiani honam dua no ɛnfa ho Obiara bɛfa ewiase haw ne amanee mu Sɛ atridii bɔne yare ba a ɛnka ohia ni nnyaw osikani "wo yɛ osikani enti mɛma wobrɛ ayɛ ketewa," Daabi. Sɛ atiridi bɛne ba a sɛ woyɛ ohiani anaa sɛ osikani, wobɛ brɛ Sɛ wowɔ wona yam a wobɛfa amane koro yi ara mu Ɛnfa ho sɛ woda ɔhenmaa yafunu mu ana ohianiwaa bi yafunu mu. Saa ahokyere tebea yi...Nanso wonnim. Janma-mṛtyu-jarā. Awo mu ateetee bebree. Ahoyeraw bebree wɔ awo, owu ne onyini mu Osikani o.

ohia ni o, sɛ yenyin kyɛ a yɛbɛbrɛ wɔ kwan horow bebree so Saa ara, janma-mṛtyu-jarā-vyādhi (BG 13.9). Jarā, jarā ɛne vyādhi ɛne mṛtyu. Enti yɛnnwene ɔhaw ne abɛbrɛsɛɛ a honam dua yi de ma yɛn no ho Kyerɛw kronkron Śāstra se, ɛmma honam dua mu bio." Na sādhu manye: "Ennye sɛ wo nya honam dua yi ntoatoa so." Na sādhu manye yata ātmanaḥ. Ātmanaḥ,ɔkra no hyɛ honam dua yi mu Yata ātmano 'yam asann api. Mɛtena honam dua yi mu bere tiawa bi. Kleśada āsa dehaḥ. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yetwa atetee a honam dua foforo de bɛma yɛn a ɛne ɛsɛ sɛ yehu karma ne vikarma. Eyi ne Kṛṣṇa afutusɛm Karmaṇo hy api boddhavyaṁ boddhavyaṁ ca vikarmaṇaḥ. Akarmaṇaś ca boddhavyam. Akarmaṇa ase kyerɛ sɛ nsonsoanso biara enni hɔ Nsonsoanso. Karma, sɛ woyɛ adwuma pa a, wobenya nsonsoanso pa wobenya honam dua pa, adesua pa, abusua pa, ahode pa Eyi nso ye. Yehu no sɛ adepa.

Yɛpɛ sɛ yɛkɔ ɔsoro ahenman mu Nanso yennim sɛ ɔsoro hɔ mpo no, janma-mṛtyu-jarā-vyādhi wɔ hɔ Enti Kṛṣṇa nkamfo sɛ wobɛkɔ ɔsoro ahenman mu. Ose, ā-brahma-bhuvanāl lokāḥ punar āvartino 'rjuna (BG 8.16). Sɛ mpo wokɔ Brahmaloka a, awo ntoatoaso ne... Yad gatvā na nivartante tad dhāma paramaṁ mama (BG 15.6). Yad gatvā na nivartante. Nanso yennim sɛ dhāma bi wɔ hɔ.. Sɛ ɔkwan bi so yetumi kɔ saa dhāma no mu a an afei na nivartante, yad gatvā na nivartante tad dhāma paramaṁ mama. Ɔfa foforo bi nso w'aka se tyaktvā dehaṁ punar janma naiti mām eti (BG 4.9).

Enti nkurɔfo nnim sɛ Kṛṣṇa ana Awurade, Ɔwɔ ne trabea a obiara betumi akɔ kɔ. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akɔ hɔ?

yānti deva-vratā devān
pitṟn yānti pitṛ-vratāḥ
bhūtāni yānti bhūtejyā
yānti mad-yājino 'pi mām
(BG 9.25)

"Obiara a ɔde neho bɛbɔ afɔre ama Me som, M'adwuma, atuhoakyɛ som no, ɔba Me nkyɛn." Baabi foforo nso w'aka se, bhaktyā mām abhijānāti yāvān yaś cāsmi (BG 18.55).

Enti yɛn botae ara ne sɛ yɛbɛte Kṛṣṇa ase.Yajñārthe karma. Eyi ne akarma no. Aha w'akyerɛ mu se, akarmaṇa, akarmaṇaḥ api boddhavyam, akarmaṇaś ca boddhavyam. Akarma ase kyerɛ sɛ nsonsoanso biara enni mu. Aha, sɛ yɛyɛ ade a ɛma yɛn honam dua atenka pa a, nsonsoanso no ne sɛ... Ɛte sɛ ɔsraa no a ɔrekum obi. Wɔbɔ n'aba so. ɔsraa ni koro yi ara, sɛ ɔba fie, na okum obi a wɔtwe n'aso. Adɛn? Obetumi akyerɛmu se, "Me wura, bere a mekɔɔ ako no mekum nnipa bebree nyaa abɔsobɔde. Adɛn na afei de wopɛsɛ wosɛn me mene?" "Efisɛ w'ayɛ ade a woara wo honam dua pɛ. Nea edi kan a woyɛe no woyɛɛ no aban tumi so." Enti, karma biara, woyɛma Kṛṣṇa anigye a, ɛyɛ akarma, nsonsoanso biara enni mu. Nanso, birbiara a woyɛ ma woara wo homdua ho anigye no wobenya so akatua, papa ana bɔne. Enti, Kṛṣṇa akyerɛ mu sɛ,

karmaṇo hy api boddhavyaṁ
boddhavyaṁ ca vikarmaṇaḥ
akarmaṇaś ca boddhavyaṁ
gahanā karmaṇo gatiḥ
(BG 4.17)

Ɛyɛ den yiyɛ sɛ wobɛnya ntease wɔ nea ɛsɛsɛ woyɛ ho. Eyi nti ɛsɛ sɛ yenya akwankyerɛ fi Kṛṣṇa, ne śāstra, ɛne guru nkyɛn. Eyi bɛma yɛn bra adi mu. Meda mo ase paa. Hare Kṛṣṇa