AK/Prabhupada 0127 - A Great Institution Was Lost by Whimsical Ways



Lecture on SB 1.2.11 -- Vrndavana, October 22, 1972

Enti...asɛm a m'ɔkyerɛkyerɛfo panyin taa ka ara ne sɛ "nnyɛ w'adwene sɛ wobehu Kṛṣṇa; yɛ ade a ɛbɛma Kṛṣṇa ahu wo. "Eyi na ehia. Sɛ wotumi twe Kṛṣṇa adwene si wo so a,Kṛṣṇa yat kāruṇya-katākṣa-vaibhavavatām, katākṣa-vaibhavavatām... Prabodhānanda Sarasvatī sɛ wonnwuma tumi twe Kṛṣṇa, adwene de si wo so a wo bra asi wo yie. Amonomu hɔ ara. Bhaktyā mām abhijānāti (BG 18.55). Som Kṛṣṇa. Som, som Kṛṣṇa sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo aka no Esiane sɛ, ɔkyerɛkyerɛfo no yɛ Kṛṣṇa nsiananmu. Yɛrentumi nkɔ Kṛṣṇa nkyɛn gye sɛ yɛnam ɔkyerɛkyerɛfo no so. Yasya prasādād bhagavat-prasādaḥ. Sɛ wowɔ ɔkyerɛkyerɛfo mapa, Kṛṣṇa nsiananmu a, ɛnnyɛ den. Obi biara betumi ayɛ Kṛṣṇa nsiananmu Dɛn? Sɛ wo bɔ Kṛṣṇa asɛm no ho dawuro sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ a wonfa wo de nka ho a. Ɛno ara nen.

Sɛnea Caitanya Mahāprabhu aka no, āmāra ājñāya guru hañā (CC Madhya 7.128), "Me ma wo tumi sɛ wo bɛ yɛ ɔkyerɛkyerɛfo." Enti sɛ wodi Caitanya Mahāprabhu, Kṛṣṇa asɛm yi so a wobɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Āmāra ājñāya guru hañā. Nanso, yɛnpɛ sɛ yɛbedi asɔfo adikanfo, ācārya fo no asɛm so. Yɛpɛ sɛ yɛfa yɛn ara yɛn kwan so. Yɛwɔ osuahu fa kuw kɛse a ɛnam kwan bɔne so nti agu. W'anni wɔn akyerɛkyerɛfo nsɛm so, wɔbɔɔ wɔn tirim yɛɛ nea wɔpɛ na ade mu no nyinaa sɛe. Enti, Viśvanātha Cakravartī Ṭhākura atu yɛn fo sɛ yɛbedi ɔkyerɛkyerɛfo asɛm no so. Vyavasāyātmikā buddhir ekeha kuru-nandana (BG 2.41). Sɛ wodi ɔkyerɛkyerɛfo no asɛm so a, na w'annwene ɔhaw a ɛde bɛbrɛ wo a, wo bedi nkunim.

yasya deve parā bhaktir
yathā deve tathā gurau
tasyaite kathitā hy arthāḥ
prakāśante mahātmanaḥ
(ŚU 6.23)

Adikanfo akukudam no nyinaa asi saa asɛm yi so dua. Ɛsɛ yɛn sɛ yedi yɛn akyerɛkyerɛfo, Kṛṣṇa nsiananmu nsɛm so korakora. Eyi na yɛbedi nkunim. Eyi na ɛbɛma yate Kṛṣṇa ase wɔ nokware mu. Vadanti tat tattva-vidas tattvam (SB 1.2.11). Ɛsɛ sɛ yɛtie tattva-vit anum asɛm, ɛnnyɛ nhoma mu abenfo ana amanyɔfo. Daabi. Nea onim nokware no, ɔno na tie fi no nkyɛn. Sɛ wodi saa nsɛm yi so a, wobɛte biribiara ase.

Me da mo ase pa paa pa.