AK/Prabhupada 0129 - Depend on Krishna - There Will be no Scarcity



Lecture on SB 7.6.1 -- Vrndavana, December 2, 1975

Kṛṣṇa se, man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī māṁ namaskuru (BG 9.34). Eyi yɛ asɛm a yɛbɔ ho adanse. Asɔrefi ha yi yɛkyerɛ obiara, " Kṛṣṇa ni." Dwene Kṛṣṇa ho daa. Trontron Kṛṣṇa." Ɛsɛ wo sɛ wo dwene. "Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa," eyi kyerɛ sɛ w'odwene Kṛṣṇa ho. Sɛ wote edin Kṛṣṇa pɛ, man-manā. Na hena na ɔbɛyɛ sa? Mad-bhakta. Sɛ w'annyɛ Kṛṣṇa somfo a, wontumi nsɛe wo bere, "Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa." Eyuu kyerɛ sɛ sɛ wo to bɔ Kṛṣṇa mpae yi a wo bɛyɛy Kṛṣṇa ne somfo. Man-manā bhava mad-bhakto mad-yājī.

Afei, Kṛṣṇa som yi... Da mu no nyinaa wo de asi hɛ ama Kṛṣṇa ne maṅgala-āratika, sɛ wode bɛ tronton Kṛṣṇa din, Wobɛ noa aduan ama Kṛṣṇa, wobɛ kyekyɛ aduan a wɔde abɔ afɔre ama Kṛṣṇa. Akwan bebree. Enti asuafo a ɛwɔ ewiase nkorabata 102 no nyinara resom Kṛṣṇa Eyi ne yɛn botae, dabiara, yenni dwuma biara bio Wɛnnyɛ adwuma biara nanso yedi sika rupee no mpem aduonu anum. Rupee sika no mpem aduonu anum ɔbosom biara, nanso Kṛṣṇa de ma yen. Teṣāṁ nityābhiyuktānāṁ yoga-kṣemaṁ vahāmy aham (BG 9.22). Sɛ wode woho bɔ Kṛṣṇa som yi, na wode woho nyinaa to Kṛṣṇa so a, biribiara rennhia wo. Mede sika rupee aduanan na efii Kṛṣṇa som yi ase. Mprenpren yɛnya aboro rupee mpem mpem. So odwumayɛfo bi wɔ wiase yi my a ɔde sika a ano so rupee aduanan befi adwuma ase na mfe du ntam w'anya rupee ɔpepepem aduanan ana? Ebi nsii da. Nanso nipa mpem du, wodidi dabiara. Enti eyi ne Kṛṣṇa som no. Yoga-kṣemaṁ vahāmy aham (BG 9.22). Sɛ wodɔm Kṛṣṇasom yi a, fa wo ho to no so na fa nokwaredi som Kṛṣṇa de nea ehia nyinaa bɛba. Biribiara. Yedi eyi ho adanse. Mprenpren yi wɔ Bombay asase bo yɛ rupee ɔpepepem Nanso bere a metɔ asase yi no na sika a mewɔ yɛ mpem abieɛsa ana anan Nanso na mewɔ gyedi sɛ "metua ka no. Kṛṣṇa de bɛma me." Na sika nni hɔ. Eyi yɛ abakɔsɛm tenten. mempɛ sɛ mɛka ho asɛm. Nanso medi adanse sɛ, wode wowerɛ hyɛ Kṛṣṇa mu a, biribiara renhia wo. Nea ehia wo biara, wonsa bɛka. Teṣāṁ nityābhiyuktānām. Enti fa wo ho to Kṛṣṇa so berebiara. Nea ehia biara wo nsa bɛka.