AK/Prabhupada 0134 - Thou shall not kill, and You are Killing



Morning Walk -- October 4, 1975, Mauritius

Prabhupāda: Akristofo asɔfo bisa me sɛ "adɛn nti na kristosom rekɔ fam? Dɛn na y'ayɛ? Enti mebisaa wɔn se, "dɛn na moayɛ?" (serew)

Cyavana: Yiw.

Prabhupāda: Moabu Kristo mmarasɛm no so efi mfitiase no, 'Nni awu', nanso awu na moadi adi adi. Ent ɛdɛn na mo nnyɛe?"

Osuani 1: Wo se nipa wɛ mmoa nyinaa so time. Ɛsɛ wɔn sɛ...

Prabhupāda: Enti, ɛsɛ sɛ mo kum wɔn. Adwene papa bi "Agya wɔ ne mmɔfra so tumi ent onkum wɔn na ɔnnwe wɔn nam." Enti asesaa fo a wɔboapa yɛ sɛnea wɔyɛ asɔre mpanyimfo.

Puṣṭa Kṛṣṇa: Prabhupāda, so berebiara yɛredi awu, yɛ home na yedi akɔ ne aba na yɛyɛ nneɛma ahorow bebree mu nyinara no, Na kyerɛw no se, "Nni awu," enti saa na ɛte dea so Awurade ama yɛn mmara a yedi so a ɛnnyɛ yie?

Prabhupāda: Daabi. Ɛnsɛ sɛ woboapa ɛyɛ. Nanso wofom yɛ a, wɔde bɛkyɛ wo. (home so)...na punar baddhyate. Āhlādinī-śakti, ɛyɛ anigye tumi. Enti, anigye tumi no ɛmma Kṛṣṇa yawdi biara. Nanso ɛyɛ yaw. Ɛma ateasefo nso di yaw. Saa sika kɔkɔɔ ɔsram yi (bea bi a wɔtɔn nsa?), obiara ba sɛ ɔbegye n'ani, nanso nneyɛe bɔne refa no nommum. Enti ɛnnyɛ anigye. ɛbɛma no yaw. Enti ɛtoatoa so. Enti mpa mu agoru, sɛ etial mmara mpo a, ne nsunsuanso no yɛ yaw di. Ɛsɛ sɛ wohyɛ mmɔfra no so. Ɛsɛ sɛ wo wo mma. Ɛyɛ yas. Ɛsɛ sɛ wotua awo ho ka wɔ ayaresabea, afei, sukuu ho ka ne dokita ka - eyi nyinaa ma ahokyere ne yawdi papa. Enti saa honam akɔnɔ yi, yawdi nkutoo na edi akyi. Tāpa-karī. Saa anigye tumi yi kakra wɔ obi biara su mu. na sɛ wodi ho dwuma pɛ a, yawdi na eid so. Saa ara na saa anigye su yi bi nso wɔ ɔsoro ahenman mu, Kṛṣṇa ne ne gopīfo nnamfo yi wɔsaw a yawdi biara enni mu. Ɛyɛ anigye nkutoo. (homeso)...onipa di aduan a ɛyɛdɛ a, yawdi nkutoo. Sɛ ɔyarefo di a...

Cyavana: Yare no mu bɛyɛ den.

Prabhupāda: Yare no mu bɛyɛ den. Enti saa bere a yɛwɔ mu yi ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, ɛnnyɛ sɛ yegye to mu - na y'apow. Na ayɛ fɛ.