AK/Prabhupada 0137 - What is the Aim of Life? What is God?



Lecture on BG 7.4 -- Nairobi, October 31, 1975

Harikeśa: Nkyerɛase -Dɔte, nsu, mframa, ewim,nyansa, nimdeɛ ne atoro tebea sɛ woka nneɛma ahorow awotwe yi bo mu a na ɛyɛ me wiase tumi"

Prabhupāda:

bhūmir āpo 'nalo vayuḥ
khaṁ mano buddhir eva ca
ahaṅkāra itīyaṁ me
bhinnā prakṛtir aṣṭadhā
(BG 7.4)

Kṛṣṇa reda ne ho adi. Awurade rekyerɛ Awurade ase. Eyi ne nimdeɛ mapa no. Enti wontumi mmɔ wo tirim nkasa mfa Awurade ho, ɛrennyɛ yie. Awurade nni awiei. Worentumi nte n'ase. Mfitiase no Kṛṣṇa, kae se, asaṁśayaṁ samagraṁ māṁ yathā jñāsyasi tac chṛṇu (BG 7.1). Samagram. Samagra ase kyerɛ sɛ biribiara...

Ana, samagra kyerɛ ade a edi mu. Enti, biribiara a wosua ho nimdeɛ ma ɛyɛ yie no ɛka bo mu yɛ biako. Awurade ne biribiara a w'aka abo mu. Enit W'afiti ase a Ɔrekyerɛ nea ɔyɛ. Nea edi kan, esiane sɛ yenni nimdeɛ biara a ɛfa Awurade ho nti - nanso yehu asase kakraa, nsu kakraa, po, ne wim, na afei ogya. Ewiase ha nneɛma bebree. Ewiase nneɛma, nyansa nso...nyansa nso yɛ ewiase ade. N afei atoro tebea. Obibiara redwene sɛ "Me yɛ osimasi. Me yɛ...." Kartāham iti manyate. Ahaṅkāra-vimūḍhātmā. Eyi yɛ atoro tebea. Tebea yi yɛ atoro tebea. Nokware tebea nso wɔ hɔ. Saa tebea kronkron no ne ahaṁ brahmāsmi, Na atoro tebea ne: "Meyɛ India ni," "Meyɛ Amerika ni," "Mefi Afrika abibirim, "Meyɛ ɔsɔfo," "meyɛ ɔsraa ni," "Meyɛ eyi." Eyi yɛ tebea torofo, ahaṅkāra. Enti saa bere yi.... Ɛnnya mprenpren, ddaa nyinaa, saa nneɛma yi atwa yɛn ho ahyia. Eyi ne yɛn nkyerɛkyerɛ no mfitiase: Asase tamaa yi efi he? Nsu tamaa yi efi he? Ogya yi fi he bae? Eyi yɛ asɛm a ɔbadwema biara umi bisa. Ewim fi he bae? Ewim nsoroma mpem mpem yi w'ahyehyɛ no dɛn ni? Enti eyi nyinaa ya nsɛm a abadwema bisa. Eyi ne nimdeɛ abrabɔ mfitiase. Enti nipa a wɔdwene kɔ akyiri no, nkakra nkakra, Wobisa nsɛm a ɛbɛma wɔn ntease wɔ Awurade, Kṛṣṇa ho.

Enti, Kṛṣṇa wɔ hɔ, na Kṛṣṇa rema Ne Ho nkyerɛkyerɛ, "Me te sɛ." Yɛrente Kṛṣṇa ase nanso, yɛbɔ yɛn tirim kyerɛ nea Awurade te. Eyi ne yɛn yare no. Kṛṣṇa rema Ne Ho nkyerɛkyerɛ. Awurade reda ne ho adi kyerɛ. Yennye saa asɛm yi nto mu, nanso saa ara na yɛnka se ɛya nokware ana yebegye ato mu se Awurade enni ti ne nan ne nea ɛkekaho. Nneɛma bebree. Eyi ne yɛn yare no. Enti, nkyekyemu a eyi di so no, w'akyerɛ mu,

manuṣyāṇāṁ sahasreṣu
kaścid yatati siddhaye
yatatām api siddhānāṁ
kaścin māṁ vetti tattvataḥ
(BG 7.3)

Sɛ wopaw nipa mpem mpem a w'ani abere sɛ wɔbɛte Awurade ase a, "Dɛn ne abrabɔ ho botae? Dɛn ne Awurade? Ayɔnkofa bɛn na ɛda me ne Awurade ntɛm..." Obiara ani nnye eyi ho. Ɛte sɛ... Sa eva go-kharaḥ (SB 10.84.13). Nea obiara ani gye ho ne honam dua yi ho nsɛm tesɛ nnyinamoa ne nkraman. Eyi ne asɛm no,Ɛnnyɛ mprenpren nko, daa, eyi yɛ ewiase yare. Nanso obi, manuṣyāṇāṁ sahasreṣu, woyi nipa mpem mpem a, emu biako bɔ mmɔden sɛ ɔbɛte ase na w'abɔ bra pa a ɛma ne bra si yie Awurade mu.

Na saa pɛrepɛre yɛ yi, Pɛrepɛre yɛ kyerɛ sɛ wobɛte woara wo tebea ase. sɛ wonnyɛ nipa dua yi; na woyɛ sunsum, Brahman. Eyi ne nimdeɛ papa, brahma-jñāna.