AK/Prabhupada 0140 - One Path is Pious; One Path is Nonpious



Lecture on SB 6.1.45 -- Laguna Beach, July 26, 1975

Eyi yɛ Kṛṣṇa som.Yɛre kyere nipadɔm sɛ, mo re brɛ awo ntoatoa sofa mu Mprenpren yi, nipa nnim sɛ nkwa yi akyi, nkwa foforo bi wɔ hɔ. Wɔasua ade atra Wɔte sɛ nnyinamoa ne nkraman, wonnim sɛ nkwa bi wɔ hɔ, nkwa yi akyi. W'aka wɔ ha sɛ: yena yāvān yathādharmo dharmo veha samīhitaḥ. Iha, iha ase kyerɛ sɛ "yɛn mprenpren nkwa yi," Sa eva tat-phalaṁ bhuṅkte tathā tāvat amutra vai. Amutra ase kyerɛ sɛ "nkwa a edi nkwa yi akyi." Nti yɛde nkwa yi re siesie yɛn ho ama nkwa a edi eyi akyi... Yatha adharmaḥ, yathā dharmaḥ. Nneɛma abien: Sɛ wobɛyɛ papa and bɔne. ɛnnyɛ akwan abiɛsa. Biako yɛ trenee; biako nso yɛ bɔne. Enti w'aka abien no abo mu wɔ ha. Yena yāvān yathādharmaḥ, dharmaḥ. Dharma kyerɛ sɛ nea w'ahyehyɛ ato hɔ. Dharma nkyerɛ sɛ "gyedi bi" sɛnea nhoma bi kyerɛ no. Gyedi bi nnyɛ papa. Eyi nnyɛ Dharma. Dharma kyerɛ sɛ nea wote ankasa. Eyi ne dharma. M'aka no mpɛn pii sɛ... ɛte sɛ nsu. Nsu tebea ya ne dharma. Sɛ nsu dwo na ɛyɛ den a, ɛbɛsan ayɛ nsu bio esiane sɛ ne dharma ne sɛ ɛyɛ nsu. Wo di ice to hɔ a ɛbɛ nan adan nsu. Eyi kyerɛ sɛ ɛnnyɛ nso no tebea sɛ ɛbɛyɛ den. wɔdan nsu na ɛyɛ den nanso nsu ne su ne sɛ ɛnnyɛ den.

Enti tebea a yɛwɔ mu mprenpren yi, y'aso ayɛ den. Yɛnte biribiara a ɛfa Awurade ho." Nanso yɛn tebea ne Awurade asomfo. Esiane sɛ yɛhwehwɛ agya no... Agya mu agya ne Kṛṣṇa. Bhoktāraṁ yajña-tapasāṁ sarva-loka maheśvaram (BG 5.29). Kṛṣṇa se, "Meyɛ abɔde nyinaa wura. Me na ɛsɛ Me sɛ Megye M'ani." Ɔne owura no. Caitanya-caritāmṛta nso akyerɛ sɛ He is the master. Caitanya-caritāmṛta also said, ekala īśvara kṛṣṇa. Īśvara kyerɛ sɛ owura ana nea ɔtea ade. Ekala īśvara kṛṣṇa āra saba bhṛtya: Kṛṣṇa nkutoo ne owura. Abɔde nketewa ne akɛse nyinaa yɛ Ne nkoa. Enti wobe hu sɛ: Kṛṣṇa nsom obiara. Nea ɔyɛ ara ne sɛ ogye N'ani. Bhoktāraṁ yajña-tapasāṁ sarva-loka... Ɛnte sɛ yɛn a yɛbrɛ yɛ adwuma den ansa na y'agye y'ani. Kṛṣṇa nnyɛ adwuma da. Na tasya kāryaṁ kāranaṁ ca vidyate. Nanso, Ogye N'ani. Oyi ne Kṛṣṇa. Na tasya...Eyi yɛ Vedic nkyerɛkyerɛ. Na tasya kāryaṁ kāranaṁ ca vidyate: Awurade, Kṛṣṇa, nni asode biara. Enti wobehu sɛ, bere biara Kṛṣṇa ne gopī fo ana N'ayɔnkofo resaw Sɛ ɔbrɛ a, Ɔda wɔ asu Yamunā so na ne nnamfo no aba Ne nkyɛn. Obi huw ne ho na obi foforo nso retwetwe no. Enti ɔne owura no. Baabiara a ɔbɛkɔ no, Ɔyɛ Owura. Ekala īśvara kṛṣṇa. Īśvaraḥ paramaḥ kṛṣṇaḥ (Bs. 5.1). Ade nyinaa wura ne Kṛṣṇa. "Enti hena ne agya no?" Onni agya biara. Ɔno ara ne Krishna Aha, yɛyɛ adwuma kuw bi so hwɛfo, Amerika man panyin nanso, mennyɛ ade nyinaa wura. Bere biara a nipa dɔm pɛ no, wobeyi me abɔ fam. Yɛnte eyi ase sɛ, yesi yɛn ho ade nyinaa wura. nanso oobi hwɛ yɛn so. Enti ɔno ne owura no Aha yehu obi a ɔyɛ owura nanso, obi di no so. Enti, Kṛṣṇa ase kyerɛ sɛ nea odi ade nyinaa so, na obi biara enni no so Eyi ne Kṛṣṇa; Eyi ne Awurade. Eyi ne ntease a efi mpɛnsɛnpɛnsɛm mu Awurade kyerɛ sɛ, nea ɛhwɛ biribiara so, na obi biara nnhwɛ ne so.