AK/Prabhupada 0151 - We Have to Learn From the Acaryas



Lecture on SB 7.6.1 -- Madras, January 2, 1976

Enti yɛyɛ nhyehyɛe ahorow bebree nanso ɛnnyɛ adwuma. Nnɛra anadwo me kyerɛkyerɛɛ mu, Sɛ yɛyɛ nhyehyɛe bebree sɛnea yɛn ani begye Nanso ɛnnyɛ adwuma. Ɛnnya yie. Eyi yɛ māyā nhyehyɛe. Daivī hy eṣā guṇa-mayī mama māyā duratyayā. Wontumi nnyɛ ho hwee. Enti yɛbɛyɛ dɛn anya ano aduru? Mām eva ye prapadyante māyām etāṁ taranti te (BG 7.14). Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kṛṣṇa a, yɛbɛkɔ yɛn tebea ankasa mu. Ɛne sɛ, Kṛṣṇa som kyerɛ sɛsɛ yɛde nneɛma ahorow bebree bɛhyɛ yɛn adwene mu de... Ne nyinaa yɛ adwene bɔne. Papa no ne sɛ.. yɛ te ase nanso yɛn asetena no nnyɛ papa Enti ɛssɛ sɛ yɛtena asetena pa. Asetena pa ne bhakti, atuhoakyɛ Wɔ Nārada Pañcarātra no mu no Rūpa Gosvāmī akyerɛ bhakti ase. Rūpa Gosvāmī se,

anyābhilāṣitā-śūnyaṁ
jñāna-karmādy-anāvṛtam
ānukūlyena kṛṣṇānu-
śīlanaṁ bhaktir uttamā
(Brs. 1.1.11)

Eyi ya bhakti mapa, biribiara enni akyi. Anyābhilā... Esiane sɛ ewiase ha, yɛhyɛ ewiase tebea mu nti Prakṛteḥ kriyamāṇāni guṇaiḥ karmāṇi sarvaśaḥ, ahaṅkāra-vimūḍhātmā kartā... (BG 3.27). Yɛhyɛ prakṛti, ewiase mmara ase. Esiane sɛ y'agyimi nti, yɛn werɛ afi yɛn tebea, enti ahaṅkāra, atoro ahaṅkāra. Eyi yɛ ahaṅkāra torofo: "Meyɛ India ni," "Mefi Ameerika," "Meyɛ brāhmaṇa," " Meyɛ kṣatriya." eyi yɛ ahaṅkāra torofo. Enti Nārada Pañcarātra se sarvopādhi-vinirmuktaṁ (CC Madhya 19.170). Enti ɛsɛ onipa biara sɛ oyi ne ho fi saa tebea torofo yi ho, "Meyɛ India ni," "Meyɛ Amerika ni," "Meyɛ sɛ." "Me yɛ..." Sarvopādhi vinirmuktaṁ tat-paratvena nirmalam. Sɛ ofi atoro tebea mu kɛ tebea kronkron mu a, nirmalam, sɛ "Meyɛ Kṛṣṇane fa bi." Ahaṁ brahmāsmi.

Eyi ne ahaṁ brahmāsmi no. Kṛṣṇa yɛ Para-brahman. W'akyerɛ ase wɔ Śrīmad-Bhagavad-gītā mu. Arjuna... Paraṁ brahma paraṁ dhāma pavitraṁ paramaṁ bhavān puruṣaṁ śāśvatam ādyam (BG 10.12). Arjuna hui na ɔkae sɛ, "Nimdefo nyinaa adi Wo ho adanse." Prahlāda Mahārāja ka saa nimdefo yi ho. Makyerɛ wɔn a woyɛ nimdefo no. Brahmā, Śiva ne Kapila wɔn nyinaa ya nimdefo Kumāra, Kumārafo baanan no wɔyɛ nimdefo na, Manu nso ya nimdefo. Saa ara na Prahlāda Mahārāja yɛ nimdefo Janaka Mahārāja nso yɛ nimdefo. Nimdefo du abien no. Enti Arjuna adi adanse sɛ "Wo na woka, W'ankasa sɛ wone Awurade kokroko no," mattaḥ parataraṁ nānyat (BG 7.7), "Nkɔmɔ a y'adi wɔ Bhagavad-gītā ho no enti, Menso megye to mu sɛ Wo yɛ Para-brahman. Ɛnnyɛ ɛno nko, animdefo no nyinaa agye Wo ato mu." Yɛn bere so nso, Rāmānujācārya, Madhvācārya, ne ācāryafo no nyinaa nso agye ato mu sɛ woyɛ Kṛṣṇa. Śaṅkarācārya mpo, w'agye Kṛṣṇa ato mu. Sa bhagavān svayaṁ kṛṣṇaḥ. Enti ācāryafo no nyinaa agye Kṛṣṇa ato mu sɛ ɔne Awurade no.

Enti ɛsɛ sɛ yesua fi ācāryafo no nkyɛn, ɛnnyɛ ācārya atorofo no. Daabi. Ɛnnyɛ yie. Ɛte sɛ yɛn... Mmere bi wɔ hɔ a asɛndibea bua asɛm a yegye to mu esiane sɛ wɔwɔ tumi. Yentumi mmɔ yɛn tirim mbua asɛm. Saa ara ācāryopāsanaṁ. Bhagavad-gītā asi so dua. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ ācāryafo no nan so. Ācāryavān puruṣo veda: "Nea w'afa adikanfo so agye ācāryafo no ato mu no ɔno ne nimdefo. Enti ācāryafo no nyinaa gye to mu sɛ Kṛṣṇa ne Awurade no. Nārada agye ato mu, Vyāsadeva gye to mu, Arjuna a otie Kṛṣṇa ano asɛm wɔ Bhagavad-gītā mu no nso agye ato mu. Brahmā nso gye to mu. Nnɛra obi bisae sɛ " So Kṛṣṇa din no wɔhɔ ansa Dvāpara-yuga bere ana?" Daabi, na ɛwɔ hɔ. W'abɔ Kṛṣṇa wɔ śāstra mu. Saa ara na Arharva Veda ne nea ɔkeka ho mu nso w'abɔ Kṛṣṇa din. Brahma-saṁhitā mu nso- Lord Brahmā, na ɔkyerɛw Brahma-saṁhitā - Ɛhɔ nso w'akyerɛkyerɛ mu . īśvaraḥ paramaḥ kṛṣṇaḥ sac-cid-ānanda-vigrahaḥ (Bs. 5.1), anādir ādiḥ. Anādir ādir govindaḥ sarva-kāraṇa-kāraṇam (Bs. 5.1). Na Kṛṣṇa nso se, mattaḥ parataraṁ nānyat kiñcid asti dhanañjaya (BG 7.7). Ahaṁ sarvasya prabhavo (BG 10.8). Sarvasya ase kyerɛ sɛ devatāfo nyinaa, abɔde nyinaa biribiara, Na Vedānta se, janmādy asya yataḥ (SB 1.1.1). Enti, Kṛṣṇa ne Awurade no, īśvaraḥ paramam, Brahma na ose. Ɔno na ɔda Veda nimdeɛ no adi na, Kṛṣṇa nso asi so dua vedaiś ca sarvair aham eva vedyam (BG 15.15). Eyi ne botae titiriw no.