AK/Prabhupada 0204 - Merenya Ɔkyerɛkyerɛfo n’adɔe



Morning Walk -- July 21, 1975, San Francisco

Prabhupāda: Ɛsɛ sɛ mo ne afaanu no nyinaa ka bomu Guru-kṛṣṇa-kṛpāya pāya bhakti-latā-bīja (CC Madhya 19.151). Ɛsɛsɛ ɔkyerɛkyerɛfo no kṛpā ɛne Kṛṣṇa nso ne kṛpā nyinaa ka bomu Ɛno na mobenya

Jayādvaita: Yɛn nyinaa anidaso ne sɛ yɛbenya saa guru-kṛpā yi.

Prabhupāda: Hena?

Jayādvaita: Yɛ pɛ, yɛn nyinaa.

Prabhupāda: Yiw. Yasya prasādād bhagavat-prasādaḥ. Sɛ wonya ɔkyerɛkyerɛfo kṛpā a, Krishna kṛpā bɛyɛ wo mfaso

Nārāyaṇa: Śrīla Prabhupāda, aso wo sɔ ɔkyerɛkyerɛfo ani nkutoo a na wo benya Guru-kṛpā yi bi ana?

Prabhupāda: Annyɛ sa a wo bɛyɛdɛn anya?

Nārāyaṇa: Mesrɛ sɛ, si so bio wo se dɛn?

Prabhupāda: Annyɛ saa a ɔkwan bɛn so na ɛbɛ fa aba?

Nārāyaṇa: Enti asuafo a wonnya nhu wo na wɔne wo nni nkitaho no….

Prabhupāda: Bere a ɔrekasa no osii so dua se vāṇī ne vapuḥ. Sɛ mpo w’anhu no na wofa n’asɛm no a, vāṇī.

Nārāyaṇa: Śrīla Prabhupāda so ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ahu sɛ w’ani asɔ wɔn nnwuma?

Prabhupāda: Sɛ wo de nokware di ɔkyerɛkyerɛfo asɛm so a, eyi kyerɛ sɛ n’ani sɔ wo nnwuma. Sɛ w’anni ne nsɛm no so a ɛbɛyɛ dɛn na n’ani asɔ wo?

Sudāmā: Ɛnnyɛ ɛno nko, mpo sɛ w’adɔe no abɔ apete baabiara enti, w’akyerɛ yɛn sɛ yedi w'asɛm no so a yebehu mfaso no.

Prabhupāda: Yiw.

Jayādvaita: Na mpo sɛ yɛwɔ gyedi wɔ ɔkyerɛkyerɛfo no asɛm no mu a, yɛbe nya mfaso no.

Prabhupāda: Yiw M’ɔkyerɛkyerɛfo wui afe 1936 mu, ɛna, mefii kuw yi ase wɔ afe 1965 mu, mfe aduasa akyi. Enti? Merenya m’ɔkyerɛkyerɛfo n’adɔe Eyi yɛ vāṇī. Sɛ mpo ɔkyerɛkyerɛfo enni hɔ no sɛ wo di ne vāṇī no so a, mmoa bɛba. So eyi kyerɛ sɛ wodi ɔkyerɛkyerɛfo n’asɛm no so a mpaepaemu remma da ana?

Prabhupāda: Daabi Cakhu-dān dilo jei... Dɛn na ɛtoa so?

Sudāmā: Cakhu-dān dilo jei, janme janme prabhu sei.

Prabhupāda: Janme janme prabhu sei. Enti mpaepaemu no wɔ he? Nea w’abue w’ani no, ɔno ne wura afebɔɔ.

Paramahaṁsa: So w’ani rennyina w’ɔkyerɛkyerɛfo dabiara da ana?

Prabhupāda: Asɛm yi ɛnsɛwo sɛ wo be bisa