AK/Prabhupada 0063 - Ɛsɛ sɛ me wedare wɔ Mrdanga akyene bɔ mu: Difference between revisions

(Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Akan Pages with Videos Category:Prabhupada 0063 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1975 Category:AK-Quotes - Arri...")
 
(Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
 
Line 7: Line 7:
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN NAVIGATION BAR -- DO NOT EDIT OR REMOVE -->
{{1080 videos navigation - All Languages|Akan|AK/Prabhupada 0062 - Hu Krishna dɔnhwerew aduonu anan|0062|AK/Prabhupada 0064 - Siddhi ase kyerɛ sɛ nkwa mu nkunimdi|0064}}
<!-- END NAVIGATION BAR -->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<div class="center">
<div class="center">
Line 15: Line 18:


<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
{{youtube_right|DYG3BLh3hqE|I Should be a Great Mṛdaṅga Player - Prabhupāda 0063}}
{{youtube_right|vfZczGauR8Q|I Should be a Great Mṛdaṅga Player - Prabhupāda 0063}}
<!-- END VIDEO LINK -->
<!-- END VIDEO LINK -->


<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<mp3player>http://vaniquotes.org/w/images/750303AR.DAL_clip.mp3</mp3player>  
<mp3player>https://s3.amazonaws.com/vanipedia/clip/750303AR.DAL_clip.mp3</mp3player>  
<!-- END AUDIO LINK -->
<!-- END AUDIO LINK -->



Latest revision as of 15:43, 20 October 2018



Arrival Lecture -- Dallas, March 3, 1975

Ɛyɛ me anigyepii sɛ m'aba ha. Adesua ne Kṛṣṇa som. Eyi ne adesua. Sɛ yɛte ase sɛ "Kṛṣṇa yɛ ade nyinaa agya. Ɔso, ɔkrɔn, na yɛn de yesua. Enti ɛyɛ y'asɛde sɛ yɛbɛ som Kṛṣṇa." Sɛ yɛte saa nsɛmfua abien yi ase a, yɛn bra besi yie. Sɛ yesua sɛnea wɔsom Kṛṣṇa, na yɛsɔ N'ani, y'asiesie no fɛfɛ, de nnuan ahorow abɔ afɔre ma no, yɛde ademude ahorow ne nhwiren siesie no, na yɛbrɛ yɛn ho ase kotow no, sɛ yɛbɔ Ne din, na yɛdwene ne ho a, yenni adesua biara mpo a, yɛn bra besi yie ewiase yi mu. Eyi ne Kṛṣṇa som no. Enhia sukuu dan mu A-B-D adesua. Nea ehia ara ne adwene sakra. Enti sɛ wɔkyerɛ mmɔfra yi fi wɔn mmɔfra bere mu a... Y'awofo tetew yɛn fi yɛn mmɔfra bere mu saara. Ahotewfo bebree bɛsraa m'agya wɔ ne fi. Na m'agya yɛ Vaiṣṇava ana Nyame suro ni. Esiane sɛ ɔyɛ Vaiṣṇava no nti, ɔpɛe sɛ me nso mɛyɛ Vaiṣṇava. Enti, berebiara a ɔhotefo bi bɛba fie no, ɔbɛsrɛ no sɛ "Onyira be ba no na onnyin mmɛsom Rādhārāṇī." Eyi ara ne ne mpaebɔ. W'ansrɛ biribiara anfi Awurade hɔ. Na ɔma wɔkyerɛɛ me sɛnea wɔbɔ mṛdaṅga. Me maame ani annye adesua yi ho. Akyerɛkyerɛfo baanu na ɛkyerɛɛ m'ade - obiako kyerɛɛ me A-B-D, na obiako no nso kyerɛɛ me mṛdaṅga bɔ. Enti bere a tikyani biako re kyerɛ me mṛdaṅga no na obiako no retwɛn. Asɛm yi hyɛɛ me maame abufu sɛ "Dɛn nkwaseasɛm ni? Wokyerɛ mṛdaṅga.? mṛdaṅga de ɔde bɛyɛ dɛn?" Nanso m'agya de na osusuw sɛ daakye mɛbɔ mṛdaṅga. (serew) Enti, me da me papa ase paa. na mede me nhoma a ne din de Kṛṣṇa no asi hɔ ama no. Na ɔpɛ. Ɔpɛe sɛ medi Bhāgavata, Śrīmad-Bhāgavatam ho adanse akyerɛ, na mebɔ mṛdaṅga san som Rādhārāṇī. Enti awofo nyinaa nnwene saa; annyɛ saa de a obiara enni ho kwan sɛ ɔyɛ agya ana ɛna. Saa na śāstra kyerɛ yɛn. W'aka saa asɛm yi wɔ Śrīmad-Bhāgavatam, Kanto a ɛtɔ so anum no mu. pitā na sa syāj jananī na sa syād gurur na sa syāt sva-jano na sa syāt. asɛm yi awiei ne sɛ, na mocayed yaḥ samupeta-mṛtyum. Nea ontumi nnye n'asuafo mfi asiane mu no enfi owu asiane ho no, onni ho kwan sɛ ɔbɛyɛ guru (Nyamesɛm ho tikya). Saa ara obiara a ontumi nnyɛ saa no ɛnsɛsɛ ɔyɛ agya ana ɛna. adamfo o, obusua ni o, agya o, daabi..., sɛ ontumi nnye obi a ɔhyɛ n'ase mfi abotusɛm mua a.

Enti saa adesua yi ho hia wɔ wiase mu. Na asɛntia ne sɛ onipa betumi akwati saa awo, owu, onyin ne yare ntontan yi.