AK/Prabhupada 0116 - Don't Waste your Valuable Life: Difference between revisions

(Created page with "<!-- BEGIN CATEGORY LIST --> Category:1080 Akan Pages with Videos Category:Prabhupada 0116 - in all Languages Category:AK-Quotes - 1969 Category:AK-Quotes - Lect...")
 
(Vanibot #0023: VideoLocalizer - changed YouTube player to show hard-coded subtitles version)
 
Line 7: Line 7:
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
[[Category:AK-Quotes - in USA]]
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- END CATEGORY LIST -->
<!-- BEGIN NAVIGATION BAR -- DO NOT EDIT OR REMOVE -->
{{1080 videos navigation - All Languages|Akan|AK/Prabhupada 0115 - My Business is Only to Convey the Message of Krishna|0115|AK/Prabhupada 0117 - Free Hotel and Free Sleeping Accommodation|0117}}
<!-- END NAVIGATION BAR -->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<!-- BEGIN ORIGINAL VANIQUOTES PAGE LINK-->
<div class="center">
<div class="center">
Line 15: Line 18:


<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
<!-- BEGIN VIDEO LINK -->
{{youtube_right|lKXrLj-ABlg|Don't Waste Your Valuable Life - Prabhupāda 0116}}
{{youtube_right|MLwB2q6FISc|Don't Waste Your Valuable Life - Prabhupāda 0116}}
<!-- END VIDEO LINK -->
<!-- END VIDEO LINK -->


<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<!-- BEGIN AUDIO LINK -->
<mp3player>http://vaniquotes.org/w/images/690512LE.COL_clip.mp3</mp3player>
<mp3player>https://s3.amazonaws.com/vanipedia/clip/690512LE.COL_clip.mp3</mp3player>
<!-- END AUDIO LINK -->
<!-- END AUDIO LINK -->



Latest revision as of 16:10, 20 October 2018



Lecture with Allen Ginsberg at Ohio State University -- Columbus, May 12, 1969

Ɔkra wɔhɔ, na honam dua nyini gyina ɔkra no so na ɔkra no fi honam dua biako mu na w'akɔ honam dua foforo mu. Wɔfrɛ eyi se ntoatoaso Saa ntoatoa so nhyehyɛe yi kɔ so wɔ abɔde ahorow 8,400,000 mu. nsu mu mmoa, nnomaa, wuramu mmoa, nnua ne nea ɛkeka ho. Afei y'anya honam dua a, ɛsɛ sɛ yɛse di dwuma pa. Eyi ne Kṛṣṇa kuw yi botae. Yɛkyerɛ nipa kwan pa, "nsɛe honam dua yi," Sɛ wo sɛe no a wodi woho awu." Eyi ne yɛn botae. Nni wo ho awu. Fa Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ yi.

Ɛnnyɛ den. Ɛho enhia sɛ wobɛ fa kwan tenten bi tesɛ yoga ana botirimka akwan Eyi remmoa saa bere yi. Ɛne sɛ... Memmɔ metirim nka, mede m'akyerɛkyerɛfo akukudam tumi na ɛrekasa. Wose, kalau nāsty eva nāsty eva nāsty eva gatir anyathā. Sɛ wo pɛ sɛ wo sɔ hwɛ a, wopɛ sɛ wohu nea wo daakye bra a, Wopɛ sɛ wohu Awurade, sɛ wopɛ sɛ woho nkitahodi a ɛwɔ wo ne Awurade ntam a, nneɛma yi nyinaa bɛda adi ama wo - eyi yɛ nimdeɛ kwan- sɛ wobɛ bɔ mpae yi. Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa, Kṛṣṇa Kṛṣṇa, Hare Hare/ Hare Rāma, Hare Rāma, Rāma Rāma, Hare Hare. Ɛyɛ adwuma. Yennye sika. Yɛrendadaa wo sɛ " mɛma wo mpae bi wɔ kokoa mu na m'agye wonsam sika dɔla aduonum." Daabi. Ɛwɔ hɔ ma obiara. Fa. Eyi ne yɛn adesrɛde. Yɛsrɛ wo, "nsɛe wo bra. Bɔ saa mpae yi. Bɔ mpae yi baabiara a wopɛ." mmara biara enni hɔ a ɛsɛ sɛ wodi so. Bere biara ne baabiara a wopɛ, tebea biara a wowɔ mu.... Ɛtesɛ nea bere miniti aduasa a atwa mu no na yɛre bɔ mpae no. Tebea biara a wowɔ mu, wonya atenka pa. Saa ara toa so. Bɔ saa mpae yi. Yɛde kyɛ wo kwa. Nanso, sɛ wopɛ sɛ wo de woara w'adwene te Hare Kṛṣṇa mpae yi ase de a, anaa wode wo nimdeɛ, wo nsusuwi de a, yɛwɔ nhoma ahorow bebree Mfa no sɛ yɛre saw kɛkɛ. Daabi, yɛwɔ abakɔsɛm. Enti bɔ mmɔden na te Kṛṣṇa kuw yi ase. Saa nsɛmpa yi na mede aba mo man mu ha. efisɛ mo gye to mu a, sɛ mobɛtumi ate Kṛṣṇa nkyerɛkyerɛ yi ase a, nkurow a atwa mo ho ahyia no bedi mo anamɔn akyi na wiase bɛsakra. Eyi yɛ nokwaresɛm