AK/Prabhupada 0117 - Free Hotel and Free Sleeping Accommodation



Lecture on SB 7.9.24 -- Mayapur, March 2, 1976

Asɛm no ne sɛ wobɛyɛ ɔsomfo na woyɛ akoa. Eyi ne nipa dɔm botae Ɛsɛ ɔbea biara sɛ ɔbɛsom ne kuni sɛ akoa, na ɔbarima biara nso nnyɛ akoa mpɛn ɔha ma Kṛṣṇa. Eyi yɛ India amamɛrɛ, ɛnnyɛ sɛ "okunu ne ɔyere yɛ pɛ." Eyi ne ade a ɛrekɔso wɔ Enyiresi aburokyiri ne Amerika man mu, "pɛ yɛ". Eyi nnyɛ anibuei. Veda anibuei ne amamɛrɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okuni yɛ akoapa nokwafo ma Kṛṣṇa, na ɔyere nso yɛ akoa nokwafo ma ne kunu.

Enti w'aka wɔ ha se, "upanaya māṁ nija-bhṛtya-pārśvam (SB 7.9.24). Eyi ne nkabom mapa no. Bere a Nārada Muni rekyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea yɛ wɔn ade no... Mprenpren yi yɛre susuw sɛnea yɛn kasa firi yi. Wobɛte. Sɛ biribiara enni hɔ sɛ obi bɛyɛ owura. Ɛho nni mfaso. Wontumi nnyɛ owura. Ahaṅkāra-vimūḍhātmā kartāham iti manyate (BG 3.27). Wontumi nnyɛ owura. Jīvera svarūpa haya nitya kṛṣṇa dāsa (CC Madhya 20.108-109). Sɛ woyɛ ɔbarima ana ɔbea, obiara yɛ Kṛṣṇa akoa. Eyi ne ɔkwan a ɛsɛsɛ wɔfaso tetew yɛn, sɛnea yɛbɛyɛ akoa pa, ɛnnyɛ sɛ akoa nko na mmom nkoa mu akoa. Eyi ne paramparā akoa. Me kyerɛkyerɛfo panyin yɛ n'ɔkyerɛkyerɛfo akoa, na me nso meyɛ m'ɔkyerɛkyerɛfo akoa. Saa ara, yɛn nsusuwii ne "akoa mu akoa." Ɛnnyɛ sɛ yɛbɛ yɛ... Eyi yɛ ewiase yare (CC Madhya 13.80).

kṛṣṇa bhuliya jīva bhoga vāñchā kāre
pāsate māyā tāre jāpatīyā dhāre

Sɛ yɛ fa ahantan su a -"Afei mɛyɛ owura." Me di nkurɔfo so. Mennyɛ obiara akoa" - eyi yɛ māyā.

Efi Brahmā so kosi aboa tatea so, eyi ne obiara yare. Prahlāda Mahārāja ate saa ahantan su a ɛma nipa dwene sɛ ɔyɛ owura no ase. Ose, "Menim saa adwene torofo yi. Mesrɛ sɛ fa me...." Nija-bhṛtya-pārśvam. Nija-bhṛtya-pārśvam ase kyerɛ sɛ obi a ɔresua adwuma no. Nea ɔresua adwuma no wɔde no ma nea onim adwuma no. Nkakra nkakra, akoa no sua sɛnea woyɛ nneɛma. Enti, ose, nija-bhṛtya-pārśvam. "Ɛnnyɛ sɛ mprenpren yi ara m'ahu adwuma no ani so, na mmom ma me..." Yɛn kuw yi botae ni. Sɛ obi ba ha a, adan ne nnabea a ɛda hɔ kwa no, na ne mmae sɛ ɔbɛdɔm kuw yi no yɛ kwa. Ɛsɛ sɛ osua sɛnea wɔsom. Nija-bhṛtya-pārśvam. Wɔn a wɔsom no, wɔ.... Ɛsɛ sɛ osua sɛnea wɔsom dɔnhwerew aduonu-anan; ne ne dɔm a ɔdɔm kuw yi ho aba mfaso. Nanso yɛdwene sɛ " Eyi yɛ kuw a wodɔm a wobenya nda bea a wontua ka a, wommɔ akɔnhama, na w'ayɛ nea wopɛ, "eyi bɛsɛe kuw no. Hwɛ yie. GBC fo nyinaa nhwɛ yie sɛ nipa nnya sa adwene yi mfa kuw yi ho. Ɛsɛ sɛ obiara nya dɔ a ɔde bɛsom, na w'asua sɛnea wɔsom. Nija-bhṛtya-pārśvam, Eyi bɛma abrabɔ ayɛ nkumimdi. Meda mo ase paa.