AK/Prabhupada 0016 - Mepɛ sɛ meyɛ adwuma



Lecture on BG 7.1 -- San Francisco, March 17, 1968

Enti ɛsɛ onipa biara sɛ ɔbɛpɛ ɔkwan bi afaso ne Kṛṣṇa adi nkitaho Kṛṣṇa wɔ baabiara Kṛṣṇa som kuw no ni. Eyi ne Kṛṣṇa som no. ɛsɛ sɛ onipa biara pɛ ɔkwan bi so nya mfaso wɔ Kṛṣṇa mu. Sɛ ɔyɛ dua anasɛ dade.... ɛmfa ho. Kṛṣṇa wɔ babiara. ɛsɛ mo sɛ mosua akwan horow a mo de biribirara bɛsom Kṛṣṇa. Yɛnam yoga nkyerɛkyerɛ so bɛkyerɛ mu. Mobe sua. Enti Kṛṣṇa som yi nso ye yoga, yoga kronkron no, yoga mu okunini. Obi biara, yoga ni biara a ogye akyinnye no ɔmmra. na yebesi so dua sɛ eyi ne A-1 yoga mu okunini no. Eyi yɛ A-1, ɛnyɛ den koraa. ɛho enhia sɛ wobɛ teɛ w'apɔw mu. Fa no sɛ wohonam ayɛ merɛw anaase w'abre, nanso Kṛṣṇa som mu, wonte brɛ. Yen akyidifo yi nyinaa, wɔde anigye yɛ adwuma den. Kṛṣṇa som. "Swamiji, ɛden na mennyɛ? Dɛn na metumi mayɛ? Wɔre yɛ adwuma papaapa. Fɛfɛ. Fɛfɛ koraa. Wɔnte brɛ. Eyi ne Kṛṣṇa som no. Wiase yi mu, sɛ woyɛ adwuma beretiaa bi a na w'abre. ɛsɛ sɛ wo home. Nokware sɛm ne sɛ, memmrɛ, nea mekyerɛ ne sɛ, menka mfa ntu meho. Meyɛ akokorowa m'adi mfe aduosɔn abien. Oh, me yaree kakra ma me san Kɔɔ India. M'asan maba bio. Mepɛ sɛ meyɛ adwuma. Me adwuma mayɛ. Anka saa bere yi m'aba ahome gye afi saa nnwuma yi ho nanso ɛnte saa. Nea m'ahoɔden betumi biara no, mepɛ sɛ meyɛ adwuma. Mepɛ ..... awia ne anadwofa. Anadwo, me de dictaphone afiri yi ye adwuma. Enti, sɛ m'annyɛ adwuma a na mewere ahow. Kṛṣṇa som no ni. ɛnnye anihaw fo kuw. Daabi Yɛwɔ ennwuma bebree di. Ebi re pɛnsɛmpɛnsɛm nkrataa mu, ebi nso retɔn nkrataa. Pɛ ɔkwan bi so bɔ Kṛṣṇa som yi ho dawuro. Mobetumi ayɛ.