AK/Prabhupada 0017 - Sunsum ne honam mu ahoɔden



Lecture on Sri Isopanisad, Mantra 1 -- Los Angeles, May 2, 1970

Enti ahoɔden ahorow abien na edi ehim wɔ yɛn wiase yi mu: sunsum mu ahoɔden ɛne wiase ahoɔden. Nneama ahorow awotwe na ɛka bom yɛ ewiase ahoɔden no. Bhūmir āpo 'nalo vāyuḥ: (BG 7.4) dɔte, nsu, ogya, mframa, ewim, nyansa, nimdeɛ ɛne pɛsɛmenkomenya. Eyi nyinaa yɛ ewiase de. Saa ara, nea ɛyɛ hare ana hataa ne nea ɛyɛ duru. Nsu yɛ hare sen dɔte, ogya yɛ hare sen nsu, ɛna mframa yɛ hare sen ogya, na ewim ye hare sen mframa. Saa ara nimdeɛ yɛ hare sen ewim, ana nyansa yɛ hare sen ewim. Nyansa, wo nim, mewo mfantoho yi. Nyansa ho hare. Sima pɛ w'adu akyirikyiri. Enti ɛreyɛ hare no na n'ahoɔden ano reyɛ den. Saa ara, sɛ wokɔ sunsum fam nso a, hahaahare, emu na biribiara efi, oh, ɛwɔ ahoɔden yiye. Eyi ne sunsum mu ahoɔden no. W'akyerɛ mu wɔ Bhagavad-gītā mu. Dɛn ne sunsum mu ahoɔden yi? Saa sunsum mu ahoɔden no ɛne ɔkra yi. Apareyam itas tu viddhi me prakṛtiṁ parā (BG 7.5). Kṛṣṇa se. "Eyinom nyinaa yɛ wiase ahoɔden. Eyi akyi, sunsum mu ahoɔden wɔ hɔ. Apareyam. Aparā ase kyerɛ sɛ nea enni mu. Apareyam. Wiase ahoɔden a w'akyerɛ mu yi nyinaa, enni mu. Eyi akyi, me dɔfo Arjuna, sunsum mu ahoɔden no wɔ hɔ." ɛno ne nea ewɔhe?Jīva-bhūta mahā-bāho: "ɔkra ateasefo yi." Eyi nso yɛ ahoɔden. Yɛn akra ateasefo yi nso, yɛyɛ ahoɔden, sunsum mu ahoɔden, edi mu mapa. Edimu dɛn? Efisɛ..yayedaṁ dhāryate jagat (BG 7.5). Ahoɔden a edi mu no, ebunkam nea enni mu no so. Ewiase ha nneɛma enni ahoɔden. Ewim hyɛn kakraa, afiri fɛfɛ, etu nam wim, wode ewiase nneɛma na ayɛ. Nanso sɛ sunsum mu ahoɔden, a ɛyɛ ɔhyɛnkafo no nni hɔ a, ɛtɔ sin. Mfaso biara nni hyɛn no so. Wim hyɛn no begyina wim hyɛn gyinabea hɔ mfe bebree; ɛrentu da gye sɛ ɔkra tease fo ketewaa yi, ɔhyɛnkafo no de nensa aka. Enti, dɛn nti na ɛyɛ den sɛ obi bɛte Nyankopon ase? Enti,saa afiri kakraa yi... Mfiri akɛse bebree, sɛ ɔkra teasefo amfa ne nsa anka a ɛrentu, ɔkra teasefo. ɛyɛ dɛn na wosusuw sɛ ewiase ahoɔden yi reyɛ adwuma a obiara nnandan no? ɛye den na wo ka saa asɛm yi? ɛnnyɛ adwuma. Enti nipa kuw a wɔn adwene mu nnɔ, wɔrentumi nte ase sɛnea sunsum mu ahoɔde ebunkam fa wiase ahoɔden so.