AK/Prabhupada 0022 - Ɔkɔm ɛnde Krishna



Lecture on SB 1.8.18 -- Chicago, July 4, 1974

Kṛṣṇa se "M'asomfo, de ɔdɔ som me," yo me bhaktyā prayacchati. ɔkɔm ɛnde Kṛṣṇa. Kṛṣṇa amma wonkyɛn se ɔkɔm de no na ma no aduan ma onni. Daabi. ɔkɔm nde no. Onhia hwee emfi obiara nkyɛn. ɔwɔne biribiara. ɔsoro ahenman mu hɔ nso a ɔwɔ asom fo. lakṣmī-sahasra-śata-sambhrama-sevyamānam, asikafo mpem mpem na wɔsom no. Nanso Kṛṣṇa tirimu dwo, efisɛ sɛ, wo dɔ Kṛṣṇa yiye a, ɔwɔ ha, obegye wo patraṁ puṣpam. Sɛ mpo wo yɛ woyɛ ahiafo mu ohiani a, ogye nea wode bema no biara. ahaban kakra, nsu kakra, ɛne nhwiren kakra. Wiase yi mu babiara, obiara betumi ahwehwɛ Kṛṣṇa de n'afore ama no. Kṛṣṇa, menni hwee mede ma wo, meyɛ ohia ni. Mesrɛ wo gye m'afore yi" Kṛṣṇa begye. Kṛṣṇa se, tad aham aśnāmi, "me di". Enti, nea ehia ne bhakti, ɔdɔ.

Nea w'aka wɔ ha ne alakṣyam. Kṛṣṇa nnyi ne ho adi basabasa, worentumi nhu Awurade, nanso, ne tiri mu dwo enti w'aba w'anim, ama w'tumi ahu no Ewiase ha, yentumi mfa y'ani nkesua yi nhu Kṛṣṇa, Yɛyɛ Kṛṣṇa ne ne fa bi. yeye Kṛṣṇa ne fa b.i Nyame abode nyinara, nanso yenhu yɛnho yɛnho. Wo rentumi nhu me, menhu wo. "Daabi, me hu wo". Den na wo hu? Wo hu me honam dua. Afei, sɛ ɔkra no fi honam dua yi mu a, dɛ nti na wosu se "m'agya ko"? Aden na agya ko? Agya na ɔda ha yi. Enti ɛden na w'ahu? W'ahu w'agya ne honam dua a awu, ɛnnye w'agya. Enti sɛ wontumi nhu Kṛṣṇa ne fa a ɛyɛ, ɔkra no a, ɛbɛyɛ dɛn na w'ahu Kṛṣṇa? Enti, śāstra akyerɛ mu se, ataḥ śrī-kṛṣṇa-nāmādi na bhaved grāhyam indriyaiḥ (CC Madhya 17.136). Saa yɛn ani yi, ɔrentumi nhu Kṛṣṇa mpo na w'ate ne din, nāmādi. Nāma ase kyerɛ sɛ edin. Nāma kyerɛ sɛ edin, tebea, su, nneyɛe Eyi nyinaa yɛn honam dua yi rentumi nte ase. Nanso sɛ ɛhotew a, sevonukhe hi jihvādau, se wɔfa atuhoakyɛ som so tew ho a, Wobehu Kṛṣṇa dabiara, baabiara. Nanso onipa hunu bi de, alakṣyam: ɔrenhu. Kṛṣṇa wo baabiara, Onyame wo baabiara, aṇḍāntara-stha-paramāṇu-cayāntara-stham. Enti, alakṣyam sarva-bhūtānām. Kṛṣṇa wo abɔnten, osan nso te yɛn nipadua yi mu, nanso yenhu no gyesɛ yenya ani a wode behu Kṛṣṇa.

Enti saa Kṛṣṇa som yi botae biako ne sɛ yɛ bebue nipa annie w'ani na wahu Kṛṣṇa. na sɛ wobetumi ahu Krishna a antah bahih, wo bra besi wo yie. Enti śāstra akyerɛ mu antar bahir.

antar bahir yadi haris tapasā tataḥ kiṁ
nāntar bahir yadi haris tapasā tataḥ kim

Obiara rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ɔhotewfo, nanso, ahotew yi kyerɛ sɛ sɛ obi tumi hu Kṛṣṇa nekoma mu ne abɔnten a. Eyi na eye.