AK/Prabhupada 0035 - Krishna na ɔhwɛ honam dua yi so



Lecture on BG 2.1-11 -- Johannesburg, October 17, 1975

Kṛṣṇa adan ne ho guru ana okyerekyerefo dibea na ofii ase maa akwan kyerɛ. Tam uvāca hṛṣīkeśaḥ. Hṛṣīkeśa..., Kṛṣṇa din baako nso ne Hṛṣīkeśa. Hṛṣīkeśa ase kyerɛ hṛṣīka īśa. Hṛṣīka kyerɛ atenka, na īśa, ase kyerɛ sɛ owura. Enti Kṛṣṇa ne yɛn atenka agya, obiara n'atenka W'akyerɛ ey mu wɔ eti du abiesa, sɛ kṣetra-jñaṁ cāpi māṁ viddhi sarva-kṣetreṣu bhārata (BG 13.3). Abɔde ahorow abien na ɛte honam dua yi mu Ɔbaako ne m'ankasa ɔkra no; ɛna baako bio nso ne Kṛṣṇa, Paramātmā (ɔte koma mu) Īśvaraḥ sarva-bhūtānāṁ hṛd-deśe arjuna tiṣṭhati (BG 18.61). Enti owura no ne Paramātmā no. W'ama me kwan se menfa nnyɛ m'adwuma, m'atenka yi, ɛnnyɛ me de Ɛnnyɛ me na mebɔɔ me nsa. Kṛṣṇa, anaa Awurade na ɔbɔɔ nsa, ɛna ɔde nsa no ama me se menfa nnidi, ne menfa nnye ade Nanso, nokware no ne sɛ ɛnnyɛ me nsa Annyɛ saa a, sɛ nsa yi bubu gu hɔ a, me se "me nsa" - Merentumi nfa nnyɛ hwee efisɛ owura no agye nsa no ahoɔden no afi me nsam Ete sɛ wote obi dan mu no Se ofie wura etu wo a worentumi nkɔ so ntena hɔ. Saa ara,yɛ wɔ ha yi de sɛ owura no ma kwan a yebetume de honam dua yi aye adwuma Enti Kṛṣṇa'din de Hṛṣīkeśa. Na Kṛṣṇa som yi kyerɛ sɛ y'agye atenka yi afi Kṛṣṇa hɔ. Ɛsɛsɛ yɛ de yɛ Kṛṣṇa n,aduma. Ɛsɛsɛ anka yɛde yɛ Kṛṣṇa n'adwuma nanso, yɛde yɛ ade a ɛbɛma yɛn ani agye Eyi ne tebea a yɛwom. Ɛyɛ awerɛhow. Ɛte se nea wote baabi na wotua dan ka se wɛtua dan ka wie na wosusuw sɛ ɔdan no ye wode a - na asɛm wɔ hɔ. Saara, na Hṛṣīkeśa ase kyerɛ sɛ Owura no ankas ne Kṛṣṇa. Wɔde homan dua yi afɛm me. W'aka eyi wɔ bhagavad-gītā. mu.

īśvaraḥ sarva-bhūtānāṁ
hṛd-deśe 'rjuna tiṣṭhati
bhrāmayan sarva-bhūtāni
yantrārūḍhāni māyayā
(BG 18.61)

Yantra: ɛyɛ afiri. Afiri yi Kṛṣṇa na ɔde ama me. efisɛ mepɛ "Sɛ minya afiri te sɛ ɔhonam dua a, ɛno na m'ani begye Enti Kṛṣṇa yɛ y'apɛde nyinaa de ma yɛn. "sa ara". Na sɛ medwene sɛ, " Sɛ minya afiri a mede bɛtwe mmoa afoforo bi mogya a," "Eye," Kṛṣṇa se, "wode gye ɔsebɔ honam dua yi na fa di wo dwuma." Enti eyi na ɛrekɔso. Enti ne din de Hṛṣīkeśa. Sɛ yennya ntease no sɛ " honam dua yi ɛnnyɛ me de a Kṛṣṇa ne honam dua yi wura. Me pɛe sɛ menya honam dua bi de agye m'ani. Ɔde ama me ama m'ani agye. Enti mede afiri yi bɛyɛ adwuma ama owura no, "eyi ne bhakti (atuhoakyɛ) no. Hṛṣīkeṇa hṛṣīkeśa-sevanaṁ bhaktir ucyate (CC Madhya 19.170). Sɛ saa atenka yi - esiane sɛ Kṛṣṇa ne atenka nyinaa wura - Ɔno ne honam dua yi wura - enti sɛ yɛde honam dua yi yɛ Kṛṣṇa adwuma a, yɛn abrabɔ bedi mu.